2 Ahemfo
9 Na odiyifoɔ Elisa frɛɛ adiyifoɔ asefoɔ+ no baako ka kyerɛɛ no sɛ: “Kyekyere w’asene+ na fa ngotoa+ yi kura wo nsam, na kɔ Ramot-Gilead.+ 2 Sɛ woduru hɔ a, hwehwɛ Nimsi ba Yehosafat ba Yehu+ wɔ hɔ; kɔ ne nkyɛn na ma no nsɔre mfiri ne nuanom mu, na fa no kɔ pia mu pia mu+ hɔ. 3 Afei fa toa no na hwie ngo no gu n’atifi,+ na ka sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Meresra+ wo asi wo Israel so hene.”’+ Ɛno akyi no, bue pono no na dwane, ntwɛn.”
4 Ɛnna ɔsomfoɔ no, kyerɛ sɛ, odiyifoɔ no somfoɔ no, siim kɔɔ Ramot-Gilead. 5 Berɛ a ɔkɔɔ hɔ no, hwɛ, na asahene no atenatena ase. Na ɔkaa sɛ: “Ɔsahene, mewɔ asɛm bi ka kyerɛ wo.”+ Na Yehu bisaa no sɛ: “Yɛn mu hwan?” Ɛnna ɔkaa sɛ: “Ɔsahene, ɛyɛ wo ara.” 6 Enti ɔsɔre kɔɔ fie hɔ na ɔhwiee ngo no guu n’atifi, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn aka nie, ‘Meresra wo asi wo Yehowa man+ Israel so hene.+ 7 Na twitwa wo wura Ahab fiefoɔ gu, na mɛma Yesebel+ atua me nkoa adiyifoɔ no ne Yehowa nkoa nyinaa mogya ho ka.+ 8 Na Ahab fie nyinaa ase bɛtɔre; mɛtwa Ahab+ fie barima+ biara atwene, Israel nipahunu a ɔnni ɔboafoɔ mpo.+ 9 Na mɛyɛ Ahab fie sɛ Nebat ba Yeroboam fie+ ne Ahiya ba Baasa fie.+ 10 Na Yesebel nso, nkraman na ɛbɛdi ne nam+ wɔ Yesreel asase no soɔ, na ɔrennya obiara nsie no.’” Ɔkaa saa no, ɔbuee pono no dwaneeɛ.+
11 Ɛnna Yehu kɔɔ ne wura nkoa no nkyɛn, na wɔbisaa no sɛ: “Biribiara yɛ bɔkɔɔ anaa?+ Ɛdeɛn nti na bɔdamfoɔ+ yi baa wo nkyɛn?” Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo ara monim barima yi ne ne nsɛnkeka.” 12 Nanso wɔkaa sɛ: “Woboa! Ka mu nokorɛ kyerɛ yɛn.” Ɛnna ɔkaa sɛ: “Sei ne sei na ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Meresra wo asi wo Israel so hene.”’”+ 13 Ɛhɔ ara na wɔn nyinaa de ahoɔherɛ yiyii wɔn ntoma+ sesɛɛ fam, atwedeɛ no ara soɔ, na wɔhyɛnee abɛn+ kaa sɛ: “Yehu abɛyɛ hene!”+ 14 Na Nimsi+ ba Yehosafat ba Yehu+ bɔɔ Yehoram ho pɔ.+
Saa berɛ no, na Yehoram rewɛn wɔ Ramot-Gilead,+ ɔne Israel nyinaa, Siria hene Hasael+ nti. 15 Akyire yi Ɔhene Yehoram+ san n’akyi kɔsaa ne ho yareɛ wɔ Yesreel+ ɛfiri sɛ berɛ a ɔne Siria hene Hasael kɔkoeɛ no, Siriafoɔ piraa no.+
Ɛnna Yehu kaa sɛ: “Sɛ mo ne me yɛ adwene+ a, ɛnneɛ mommma obiara nnnwane mmfiri kuro no mu nnkɔbɔ amanneɛ wɔ Yesreel.” 16 Na Yehu tenaa teaseɛnam mu siim kɔɔ Yesreel, ɛfiri sɛ na Yehoram da hɔ na Yuda hene Ahasia+ nso kɔ hɔ sɛ ɔrekɔhwɛ Yehoram. 17 Ná ɔwɛmfoɔ+ gyina Yesreel+ aban+ no so, na ɔhunuu sɛ Yehu ne ne dɔm reba ahoɔden so. Ɛhɔ ara na ɔkaa sɛ: “Mehunu nnipadɔm bi sɛ wɔreba ahoɔden so.” Ɛnna Yehoram kaa sɛ: “Soma ɔpɔnkɔsotefoɔ ma no nkɔhyia wɔn na ɔmmisa sɛ, ‘Asomdwoeɛ mu anaa?’”+ 18 Enti obi a ɔte pɔnkɔ soɔ kɔhyiaa no na ɔkaa sɛ: “Deɛ ɔhene aka nie, ‘Asomdwoeɛ mu anaa?’” Ɛnna Yehu kaa sɛ: “Wonim deɛ wɔfrɛ no ‘asomdwoeɛ’?+ Dane wo ho bɛdi m’akyi!”
Ɛnna ɔwɛmfoɔ+ no kɔbɔɔ amanneɛ sɛ: “Ɔbɔfoɔ no kɔduruu wɔn nkyɛn nanso wansan amma.” 19 Enti ɔsomaa ɔpɔnkɔsotefoɔ a ɔtɔ so mmienu, na ɔduruu wɔn nkyɛn no, ɔkaa sɛ: “Deɛ ɔhene aka nie, ‘Asomdwoeɛ mu anaa?’” Ɛnna Yehu kaa sɛ: “Wonim deɛ wɔfrɛ no ‘asomdwoeɛ’?+ Dane wo ho bɛdi m’akyi!”
20 Ɛnna ɔwɛmfoɔ no kɔbɔɔ amanneɛ sɛ: “Ɔkɔduruu wɔn nkyɛn nanso wansan amma. Na teaseɛnam no kã te sɛ Nimsi+ banana Yehu+ deɛ; ɔka no sɛdeɛ wabɔ dam.”+ 21 Ɛnna Yehoram kaa sɛ: “Siesie teaseɛnam no!”+ Enti ɔsiesiee ne ko teaseɛnam no maa no, na Israel hene Yehoram ne Yuda hene Ahasia+ tenatenaa wɔn ko nteaseɛnam mu. Wɔsiim sɛ wɔrekɔhyia Yehu, na wɔkɔtoo no Yesreelni Nabot+ asase no so.
22 Ɛbaa sɛ berɛ a Yehoram hunuu Yehu no, ntɛm ara na ɔkaa sɛ: “Yehu, asomdwoeɛ mu anaa?” Ɛnna ɔno nso kaa sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na asomdwoeɛ+ atumi aba berɛ a wo maame Yesebel+ adwamammɔ ne n’asumansɛm+ bebrebe no da so wɔ hɔ yi?” 23 Ntɛm ara na Yehoram danee ne ho sɛ ɔredwane, na ɔka kyerɛɛ Ahasia sɛ: “Ahasia, wanya yɛn!”+ 24 Ɛhɔ ara na Yehu twee agyan+ to wɔɔ Yehoram abasa ntam maa agyan no hwiree n’akomam, na ɔtwa hwee ne teaseɛnam no mu.+ 25 Afei ɔka kyerɛɛ ne boafoɔ+ Bidkar sɛ: “Ma no so to no twene Yesreelni Nabot asase no so;+ kae sɛ na me ne wo nyinaa ka teaseɛnam di ne papa Ahab akyi berɛ a Yehowa kaa atemmusɛm+ yi tiaa no sɛ: 26 ‘“Ampa, mehunuu Nabot mogya+ ne ne mma mogya+ nnora,” Yehowa asɛm nie, “mɛtua wo ka+ asase yi so,” Yehowa asɛm nie.’ Enti ma no so to no twene asase no so sɛdeɛ Yehowa aka no.”+
27 Yuda hene Ahasia+ hunuiɛ no, ɔdwane faa turo fie+ kwan no so. (Akyire yi Yehu tĩĩ no, na ɔkaa sɛ: “Ɔka ho! Mommɔ ɔno nso!” Enti wɔbɔɔ no piraa no berɛ a ɔte teaseɛnam mu rekɔ Gur a ɛbɛn Yibleam+ no. Ɔtoaa so ara kɔduruu Megido,+ na ɔwuu hɔ.+ 28 Na ne nkoa de no too teaseɛnam mu de no kɔɔ Yerusalem, na wɔsiee no ne damena mu kaa n’agyanom ho wɔ Dawid Kuro+ mu. 29 Ahab ba Yehoram afe a ɛtɔ so dubaako+ mu na Ahasia+ bɛdii Yuda so hene.)
30 Na Yehu bɛduruu Yesreel,+ na Yesebel+ nso teeɛ. Ɔde adubire kekaa+ n’ani akyi, na ɔsiesiee ne tiri ho fɛfɛɛfɛ,+ na ɔhwɛɛ fam, mpomma+ mu. 31 Yehu kɔɔ mu kɔduruu ɛpono no ano. Na ɔbaa no bisaa no sɛ: “Simri+ a ɔkum ne wura no, ɛsii no yie anaa?” 32 Ɛnna ɔno nso maa n’ani so hwɛɛ mpomma no mu, na ɔbisaa sɛ: “Hwan na ɔwɔ m’afã, hwan?”+ Ɛhɔ ara na ahemfie mpanimfoɔ+ mmienu anaa mmiɛnsa firi hɔ hwɛɛ no wɔ fam hɔ. 33 Na ɔkaa sɛ: “Monto no nhwe fam!”+ Na wɔtoo no hwee fam, na ne mogya no bi bɔ petee ɔfasuo ne apɔnkɔ no ho, na ɔtwi+ faa ne so. 34 Afei ɔkɔɔ mu kɔdidiiɛ na ɔnomeeɛ, na ɔkaa sɛ: “Monkɔfa ɔbaa a wɔadome+ no no na monsie no ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔhene babaa.”+ 35 Berɛ a wɔkɔɔ sɛ wɔrekɔsie no no, wɔanhu ne ho hwee sɛ ne tikoraa ne ne nan ase ne ne nsayam.+ 36 Berɛ a wɔsan bɛbɔɔ no amanneɛ no, ɔkaa sɛ: “Yehowa asɛm a ɔnam n’akoa Tisbini Elia so kaeɛ+ no na aba mu sɛ, ‘Nkraman na ɛbɛdi Yesebel nam wɔ Yesreel asase no soɔ.+ 37 Na Yesebel funu bɛyɛ sumina,+ Yesreel asase no so na obi anka sɛ: “Yesebel nie.”’”+