Hesekiel
18 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Motaa fa abebusɛm yi ka no Israel asase so sɛ, ‘Agyanom di bobe bunu, nanso mma na wɔn sẽ fem.’+ Asɛm yi, mote aseɛ sɛn?
3 “Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie, ‘Sɛ mete aseɛ yi, morentumi mmu bɛ yi bio wɔ Israel. 4 Hwɛ, akra nyinaa wɔ me.+ Sɛdeɛ agya kra+ wɔ me no, saa ara na ɔba kra wɔ me.+ Ɔkra a ɔyɛ bɔne no,+ ɔno ara na ɔbɛwuo.+
5 “‘Sɛ ɔteneneeni di asɛntenenee na ɔyɛ deɛ ɛtene;+ 6 sɛ wanni abosonnuane+ wɔ bepɔ so,+ wamma n’ani so anhwɛ Israel fie abosom fĩ,+ wangu ne yɔnko yere ho fĩ,+ na wankɔ ɔbaa a ne ho agu fĩ ho;+ 7 sɛ wantan obiara ani+ na ɔde ohiani awowadeɛ san ma no,+ na ɔmmɔ obiara apoo nhwim ne nsam nneɛma,+ na ɔde n’aduane ma deɛ ɛkɔm de no+ na ɔfira deɛ ne ho da soɔ ntoma;+ 8 sɛ wamfa biribiara amma annye nsiho+ anaa apempensika,+ na ɔyi ne nsa firi nsisie ho,+ na ɔbu onipa ne ne yɔnko ntam atɛmpa;+ 9 sɛ ɔnante m’ahyɛdeɛ mu,+ na ɔdi m’atemmusɛm so na ɔdi nokorɛ+ a, na ɔyɛ ɔteneneeni.+ Ɔbɛtena nkwa mu,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.
10 “‘Sɛ obi ba dane ɔdwotwafoɔ+ hwie mogya gu+ na ɔyɛ yeinom nyinaa bi 11 (nanso ɔno deɛ, wanyɛ yeinom biara bi); sɛ ɔdi abosonnuane wɔ bepɔ so+ na ɔgu ne yɔnko yere ho fĩ;+ 12 sɛ ɔtan ɔbrɛfoɔ ne ohiani ani+ na ɔbɔ nkurɔfoɔ apoo hwim wɔn nsam nneɛma,+ ɔmfa ahiafoɔ awowadeɛ mma wɔn+ na ɔma n’ani so hwɛ abosom fĩ+ a, na wayɛ akyiwadeɛ.+ 13 Sɛ ɔbɔ bosea gye apempensika+ ne nsiho+ a, ɔrennya nkwa. Ɛsiane sɛ wayɛ akyiwadeɛ yi nyinaa bie nti,+ kum na wɔbɛku no. Ɔno ara ne mogya bɛbua ne tiri so.+
14 “‘Obi nso wɔ ba a ɔhunuu bɔne a ne papa yɛeɛ nyinaa, nanso wanyɛ bi.+ 15 Wanni abosonnuane wɔ bepɔ so, wamma n’ani so anhwɛ Israel fie abosom fĩ,+ na wangu ne yɔnko yere ho fĩ;+ 16 wantan obiara ani+ na wannye ohiani awowadeɛ,+ wammɔ obiara apoo,+ ɔde n’aduane ama deɛ ɛkɔm de no,+ na wafira deɛ ne ho da soɔ ntoma;+ 17 sɛ wanha ɔbrɛfoɔ na wannye apempensika+ anaa nsiho+ biara, na ɔdi m’atemmusɛm so+ na ɔnante m’ahyɛdeɛ mu+ a, ɔrenwu ne papa bɔne mu.+ Nkwa na ɔbɛnya.+ 18 Ne papa deɛ, ɛsiane sɛ ɔyɛ osisifoɔ+ na ɔbɔɔ ne nua apoo hwim ne nneɛma+ na deɛ ɛnyɛ nko ara na ɔyɛɛ wɔ ne man mu nti,+ ɔbɛwu ne bɔne mu.+
19 “‘Afei mobɛbisa sɛ: “Adɛn nti na ɔba no ansoa agya no bɔne no bie?”+ Ɔba no deɛ, ɔdii asɛntenenee yɛɛ deɛ ɛtene,+ na ɔdii m’ahyɛdeɛ nyinaa so, na ɔda so di so.+ Enti nkwa na ɔbɛnya.+ 20 Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ara na ɔbɛwuo.+ Ɔba rensoa agya bɔne, na agya rensoa ɔba bɔne.+ Ɔteneneeni tenenee bɛba ɔno ara ne so,+ na ɔbɔnefoɔ nso bɔne bɛba ɔno ara ne so.+
21 “‘Sɛ ɔbɔnefoɔ dane firi ne bɔne a wayɛ nyinaa ho+ bɛdi m’ahyɛdeɛ nyinaa so, na ɔdi asɛntenenee yɛ deɛ ɛtene a,+ nkwa na ɔbɛnya; ɔrenwu.+ 22 Bɔne a wayɛ biara nni hɔ a wɔbɛkae.+ Adetenenee a wayɛ nti, ɔbɛnya nkwa.’+
23 “‘Ɔbɔnefoɔ wuo na m’ani gye ho anaa?+ Ɛnyɛ deɛ mepɛ ne sɛ ɔbɛdane afiri n’akwan ho na wanya nkwa?’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.
24 “‘Sɛ ɔteneneeni dane firi ne tenenee ho kɔdi amumuyɔsɛm,+ na ɔyɛ akyiwadeɛ a ɔbɔnefoɔ yɛ no nyinaa bi+ na ɔda so te ase a, wɔrenkae adetenenee a wayɛ no biara.+ N’amumuyɔ ne ne bɔne nti, ɔbɛwu.+
25 “‘Na mobɛka sɛ: “Yehowa akwan ntene.”+ O Israel fie, monyɛ aso ntie. Enti m’akwan ntene ampa?+ Ɛnyɛ mo mmom na mo akwan ntene?+
26 “‘Sɛ ɔteneneeni dane firi ne tenenee ho kɔdi amumuyɔsɛm+ na ɔwu wɔ mu a, n’amumuyɔ nti na wawuo.+
27 “‘Nanso sɛ ɔbɔnefoɔ dane firi ne kwammɔne so bɛdi asɛntenenee na ɔyɛ deɛ ɛtene a,+ ɔbɛgye ne kra nkwa.+ 28 Sɛ ɔhunu+ abɔnefosɛm a wadie na ɔgyae ne nyinaa a,+ nkwa na ɔbɛnya; ɔrenwu.+
29 “‘Afei Israel fie bɛka sɛ: “Yehowa akwan ntene.”+ O Israel fie, enti m’akwan ntene ampa?+ Ɛnyɛ mo mmom na mo akwan ntene?’+
30 “‘Enti Israel fie, mɛbu mo atɛn sɛdeɛ obiara akwan teɛ,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.+ ‘Ne saa nti monsan na monnane mfiri mo akwammɔne nyinaa so,+ na mommma biribiara nnto mo suntidua nnkɔ bɔne mu.+ 31 Monto mo mmaratosɛm a mode too mmara+ no nyinaa mfiri mo so ngu na monnya akoma+ foforɔ ne honhom foforɔ.+ Adɛn koraa nti na morebɛwuwuo yi,+ Israel fie?’
32 “‘M’ani nnye ho sɛ obi bɛwuo.+ Enti monsan na monnya nkwa,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”