Daniel
10 Persia hene Kores+ afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, wɔyii asɛm bi adi kyerɛɛ Daniel a wɔtoo ne din Beltesasar+ no. Ná asɛm no yɛ nokorɛ, na na ɛfa ɛko kɛseɛ bi ho.+ Ɔtee asɛm no ase, na ɔnyaa deɛ ɔhunuiɛ no mu nhunumu.+
2 Saa nna no mu no, me, Daniel, ná meredi awerɛhoɔ+ adapɛn mmiɛnsa. 3 Manni aduane pa biara, na nam ne nsã anka m’ano, na mansra koraa kɔsii adapɛn mmiɛnsa no awieeɛ.+ 4 Na bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so aduonu nnan a mewɔ asubɔnten kɛseɛ Hidekel*+ ano no, 5 memaa m’ani so hwɛeɛ, na mehunuu ɔbarima bi a ɔfira nwera+ a Ufas+ sika kɔkɔɔ bɔ n’asene.+ 6 Ná ne nipadua te sɛ sikabereɛboɔ,+ n’anim te sɛ anyinam,+ na n’ani te sɛ gyatɛnee.+ N’abasa ne ne nan te sɛ kɔbere a wɔatwi ho,+ na ne kasa gyegye sɛ nnipadɔm nne. 7 Na me Daniel, me nko ara na mehunuu deɛ mehunuiɛ no. Mmarima a wɔka me ho no deɛ, wɔanhunu adeɛ no.+ Nanso ahopopoɔ kɛseɛ bi kaa wɔn maa wɔdwane kɔhuntaeɛ.
8 Me deɛ, ɛkaa me nko ara, na mehunuu anisoadeɛ kɛseɛ yi. Na ahoɔden biara anka me mu, na m’ahoɔfɛ sɛeeɛ, na mannya ahoɔden biara.+ 9 Metee nne a ɔde kaa nsɛm no. Megu so retie ne nsɛm no, mefaa mu daa hatee+ a m’anim butu fam.+ 10 Na hwɛ! Obi de ne nsa kaa me,+ na ɔpusupusuu me maa mesɔre de me nkotodwe ne me nsa sisii fam. 11 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ:
“Daniel, ɔbarima a wɔpɛ w’asɛm paa,+ te nsɛm a mereka kyerɛ woɔ no ase+ na sɔre gyina deɛ na wogyina no, na wɔasoma me wo nkyɛn.”
Berɛ a ɔkaa asɛm yi kyerɛɛ me no, mesɔreeɛ, na na me ho repopo.
12 Ɔsan ka kyerɛɛ me sɛ: “Nsuro,+ Daniel, ɛfiri sɛ ɛfiri da a wode w’akoma sii hɔ sɛ wobɛte aseɛ,+ a wobrɛɛ wo ho ase wo Nyankopɔn anim no,+ wɔate wo nsɛm no, na wo nsɛm no nti na maba.+ 13 Nanso Persia+ ahemman no safohene+ bɛgyinaa hɔ sii me kwan+ nnafua aduonu baako, na hwɛ! Mikael,+ asafohene atitire no baako+ bɛboaa me, na metenaa hɔ, Persia ahemfo no nkyɛn.+ 14 Maba sɛ merebɛma woahunu deɛ ɛbɛto wo man+ wɔ nna a ɛdi akyire no mu,+ ɛfiri sɛ anisoadehunu+ no fa daakye nna ho.”+
15 Berɛ a ɔne me reka nsɛm yi no, na mede m’anim asi fam,+ na na matɔre mum. 16 Na hwɛ! Obi a ɔte sɛ ɔdasani ba, bɛkaa m’anofafa,+ na mebuee m’ano kasaeɛ,+ na meka kyerɛɛ deɛ ɔgyina m’anim no sɛ: “O me wura,+ deɛ mahunu no ama masensene amono mu, na ahoɔden bi nni me mu.+ 17 Enti ɛbɛyɛ dɛn na me wura akoa atumi ne me wura akasa?+ Na me deɛ, seesei ahoɔden biara nni me mu, na ɛnkaa home bi me mu.”+
18 Deɛ ɔte sɛ ɔdasani ba no de ne nsa kaa me bio, na ɔhyɛɛ me den.+ 19 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Ɔbarima a wɔpɛ w’asɛm paa,+ nsuro.+ Asomdwoeɛ nka wo.+ Yɛ den, yɛ den.”+ Berɛ a ɔne me kasaeɛ no, ɛhɔ ara na menyaa ahoɔden na mekaa sɛ: “Me wura, kasa,+ ɛfiri sɛ woahyɛ me den.”+ 20 Enti ɔsan ka kyerɛɛ me sɛ:
“Wonim deɛ enti a maba wo nkyɛn no? Afei mɛsan ne Persia+ safohene no akɔko. Sɛ merekɔ a, hwɛ! Hela safohene no nso bɛba.+ 21 Nanso mɛka nsɛm a wɔatwerɛ no nokorɛ nwoma no mu akyerɛ wo,+ na obiara nni hɔ a ɔgyina m’akyi yei mu sɛ mo man+ safohene Mikael.+