Hesekiel
43 Afei ɔde me kɔɔ ɛpono a ɛkyerɛ apueeɛ+ fam no ano. 2 Na mehunuu sɛ Israel Nyankopɔn animuonyam+ firi apueeɛ+ fam reba, na ne nne te sɛ nsuo bebree nne;+ n’animuonyam maa asase hyerɛneeɛ.+ 3 Ná ɛte sɛ anisoadeɛ a mehunuiɛ no,+ deɛ mehunuiɛ berɛ a mebaa sɛ merebɛsɛe kuro no,+ ne deɛ mehunuu no Kebar+ asubɔnten ho a mede m’anim butuu fam no.
4 Na Yehowa animuonyam+ faa ɛpono a animu kyerɛ apueeɛ fam no mu baa Efie hɔ.+ 5 Honhom no maa me so+ baa mfimfini hɔ adihɔ hɔ, na na Yehowa animuonyam ahyɛ Efie hɔ mã.+ 6 Na metee sɛ obi ne me rekasa firi Efie no mu,+ na ɔbarima no bɛgyinaa me nkyɛn.+ 7 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ:
“Onipa ba, ɛha ne m’ahennwa+ sibea ne m’anammɔn gyinabea,+ na mɛtena Israelfoɔ mu akɔsi daa.+ Na Israel fie ne wɔn ahemfo+ remfa wɔn adwamammɔ ne wɔn ahemfo afunu+ ngu me din kronkron no ho fĩ bio.+ 8 Wɔde wɔn pono sii me pono ho na wɔde wɔn aponnwa sii m’aponnwa nkyɛn, na ɔfasuo na na ɛtwa me ne wɔn ntam.+ Wɔde abofonodeɛ a wɔyɛeɛ no guu me din kronkron no ho fĩ,+ enti mede m’abufuo tɔree wɔn ase.+ 9 Afei ma wɔnyi wɔn adwamammɔ+ ne wɔn ahemfo afunu mfiri me nkyɛn nkɔ akyirikyiri,+ na mɛtena wɔn mu akɔsi daa.+
10 “Na wo onipa ba, ka Efie+ no ho asɛm kyerɛ Israel fie na wɔn ani nwu wɔn bɔne ho,+ na wɔnhwɛ dan no nsususoɔ na wɔnsusu no saa. 11 Sɛ deɛ wɔayɛ no ma wɔn ani wu a, fa Efie no nsususoɔ,+ ne ne nhyehyɛeɛ, ne n’akwan a wɔde firi adie, ne n’akwan a wɔde ba mu, ne ne nsususoɔ nyinaa, ne ne sibea ne ɛdan no nsususoɔ nyinaa, ne ɛho mmara nyinaa kyerɛ wɔn, na twerɛ no wɔn anim, na wɔnhunu ne nsususoɔ ne ne sibea nyinaa, na wɔnni so.+ 12 Efie no ho mmara nie: Bepɔ no so ne ɛho asase nyinaa yɛ akronkronneɛ mu adekronkron.+ Hwɛ, Efie no ho mmara nie.
13 “Afɔrebukyia no nsususoɔ wɔ basafa+ mu nie: Basafa biara, nsayam+ baako da so. Aseɛ yɛ basafa baako. Ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa baako. Anoano a atwa ho ahyia no yɛ nsateakwaa nkron. Yei ne afɔrebukyia no ase. 14 Ɛfiri fam kɔsi mfemfamho a ɛwɔ aseɛ no yɛ basafa mmienu, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa baako. Ɛfiri mfemfamho ketewa no so kɔsi mfemfamho kɛseɛ no so yɛ basafa nnan, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa baako. 15 Afɔrebukyia no so baabi a wɔsɔ gya no yɛ basafa nnan, na mmɛn nnan sisi afɔrebukyia no so.+ 16 Na baabi a wɔsɔ gya no ntwemu yɛ basafa dumienu, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ basafa dumienu,+ kyerɛ sɛ ɛyɛ ahinanan.+ 17 Na mfemfamho no ntwemu yɛ basafa dunan, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ basafa dunan, n’afã nnan no nyinaa. Deɛ wɔde atoto ano ahyia no yɛ basafa fã, na aseɛ yɛ basafa baako wɔ ho nyinaa.
“N’atwedeɛ hwɛ apueeɛ fam.”
18 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Da a wɔbɛyɛ afɔrebukyia no ama wɔabɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ+ wɔ soɔ na wɔde mogya+ apete soɔ no, yei ne ɛho ahyɛdeɛ.’
19 “Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie: ‘Fa nantwinini kumaa baako ma Lewifoɔ asɔfoɔ+ a wɔyɛ Sadok+ asefoɔ a wɔba m’anim+ bɛsom me no, na wɔmfa yei mmɔ bɔne ho afɔdeɛ.+ 20 Na fa ne mogya no bi sosɔ mmɛn nnan no ne mfemfamho no ntwea nnan ne deɛ wɔde atoto ano ahyia no so, na dwira ho*+ na pata ma no.+ 21 Afei fa nantwinini kumaa a wɔde bɛbɔɔ bɔne ho afɔdeɛ no na kɔhye no baabi a wɔakyerɛ wɔ Efie hɔ, wɔ kronkronbea no akyi.+ 22 Na da a ɛtɔ so mmienu no, fa ɔpapo a dɛm nni ne ho bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ, na wɔnnwira afɔrebukyia no ho sɛdeɛ wɔde nantwinini kumaa no dwiraa ho no.’
23 “‘Sɛ wodwira ho wie a, wode nantwinini kumaa a dɛm nni ne ho ne odwennini a dɛm nni ne ho bɛba. 24 Wode bɛba Yehowa anim, na asɔfoɔ no de nkyene agugu so+ na wɔde abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ama Yehowa. 25 Wode ɔpapo bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ daa nnanson;+ na wɔde nantwinini kumaa ne odwennini a dɛm nni wɔn ho nso bɛbɔ afɔdeɛ. 26 Wɔbɛpata+ ama afɔrebukyia no nnanson, na wɔbɛte ho ahyira so. 27 Sɛ wɔwie nna no nyinaa mu dwumadie a, da a ɛtɔ so nwɔtwe+ no rekorɔ no, asɔfoɔ no bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ ama mo; na m’ani bɛgye mo ho,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”