Numeri
24 Berɛ a Balaam hunuu sɛ Yehowa pɛ sɛ ɔhyira Israelfoɔ no, wankɔbisa biribiara antia wɔn bio+ sɛdeɛ na ɔyɛ kane no,+ mmom ɔde n’ani kyerɛɛ serɛ so. 2 Balaam maa n’ani soɔ no, ɔhunuu sɛ Israelfoɔ aboaboa wɔn ho ano mmusua mmusua+ tete wɔn ntomadan mu, na Onyankopɔn honhom baa ne so.+ 3 Afei ɔkaa no anwensɛm+ mu sɛ:
“Beor ba Balaam asɛm nie,
Ɔbarima a ɔsi pi a n’ani gu soɔ,+
4 Deɛ ɔtee Onyankopɔn anom asɛm+ no asɛm nie,
Deɛ ɔnyaa adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no ho anisoadehunu+
Berɛ a ɔrehwe aseɛ a n’ani abue no:+
5 O Yakob, hwɛ sɛdeɛ wo tenabea yɛ fɛ fa; O Israel, hwɛ sɛdeɛ wo ntomadan yɛ ahomeka fa!+
9 Ɔbutuu fam, na ɔdaa hɔ sɛ gyata;
Ɔte sɛ gyata, na hwan na ɔbɛpɛ ne ho asɛm akɔnyane no?+
Wɔbɛhyira wɔn a wɔhyira woɔ,+
Na wɔbɛdome wɔn a wɔdome woɔ.”+
10 Afei Balak bo fuu Balaam na ɔbɔɔ ne nsam+ ka kyerɛɛ Balaam sɛ: “Mefrɛɛ wo sɛ bɛbɔ m’atamfo dua+ ma me, nanso wode nhyira adware wɔn mprɛnsa. 11 Yɛ ntɛm kɔ deɛ wofiri baeɛ. Mekaa sɛ mɛhyɛ wo animuonyam,+ nanso Yehowa asi wo kwan, enti woannya animuonyam no.”
12 Balaam nso bisaa Balak sɛ: “Manka ankyerɛ abɔfoɔ a wosomaa wɔn no sɛ, 13 ‘Sɛ Balak de ne fie a dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ahyɛ mu mã ma me mpo a, merentumi mmu Yehowa asɛm so nyɛ biribiara. Papa oo, bɔne oo, mentumi mfa me pɛ nyɛ biribiara. Na deɛ Yehowa bɛka no na mɛka’?+ 14 Me deɛ, merekɔ me man mu. Afei bra na menkyerɛ wo+ deɛ nkurɔfoɔ yi de bɛyɛ wo man wɔ nna no awieeɛ.”+ 15 Na ɔkaa no anwensɛm+ mu sɛ:
“Beor ba Balaam asɛm nie,
Ɔbarima a ɔsi pi a n’ani gu soɔ asɛm nie,+
16 Deɛ wate Onyankopɔn anom asɛm nie,+
Onipa a ɔwɔ Ɔsorosoroni no ho nimdeɛ—
Deɛ ɔnyaa adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no ho anisoadehunu,+
Berɛ a ɔrehwe aseɛ a n’ani gu soɔ+ no, asɛm nie:
17 Mɛhu no,+ nanso ɛnyɛ seesei;
Mede m’ani bɛhu no, nanso ɛnyɛ ha.
Nsoromma+ bi bɛpue afiri Yakob mu,
Na ahempoma bi bɛsɔre Israel mu.+
Ɔbɛbubu Moab ti+
Na ɛko mma nyinaa, ɔbɛsɛe wɔn tikoraa.
20 Berɛ a ɔhunuu Amalek no, ɔtoaa n’anwensɛm no so kaa sɛ:+
“Amanaman no mu deɛ ɔdi kan ne Amalek,+
Nanso n’awieeɛ bɛyɛ ɔsɛeɛ.”+
21 Na ɔhunuu Kenifoɔ+ no, ɔtoaa n’anwensɛm no so sɛ:
“Wo tenabea gyina hɔ pintinn, na wo fie wɔ botan mu.
22 Nanso obi bɛba abɛhye Kain*+ dwerɛbee.
Ɛbɛkyɛ akɔsi da bɛn bio na Asiria abɛsoa wo akɔ nkoasom mu?”+
24 Ahyɛn bɛfiri Kitim+ mpoano aba,
Na wɔbɛdi Asiria ani,+
Na wɔbɛdi Eber ani yie.
Nanso ɔno nso ne sɛeɛ bɛba.”
25 Afei Balaam sɔreeɛ, na ɔsan kɔeɛ,+ na Balak nso faa ne kwan.