Yesaia
45 Asɛm a Yehowa aka akyerɛ Kores, deɛ wasra no,+ deɛ masɔ ne nsa nifa mu+ sɛ mɛbrɛ aman ase+ na masane ahemfo abɔsoɔ n’anim, na mabue apono a ɛbɔ ho mmienu ama no, na wɔanto kuro apono mu no nie: 2 “Me ara mɛdi w’anim+ na mafɛntɛm deɛ ɛhɔ ayɛ sie.+ Mɛbubu kɔbere apono mu na matwitwa dadeɛ adaban mu.+ 3 Mede akoradeɛ+ a ɛwɔ sum mu ne ademudeɛ a ahunta bɛma wo, na ama woahunu sɛ mene Yehowa, Israel Nyankopɔn a wabɔ wo din afrɛ woɔ no.+ 4 M’akoa Yakob ne Israel a mayi no+ nti na mebɔɔ wo din frɛɛ woɔ, na memaa wo edin kɛseɛ, nanso na wonni me.+ 5 Mene Yehowa, na obiara nni hɔ bio.+ Onyankopɔn bi nni hɔ ka me ho.+ Mɛbɔ wo abɔsoɔ, nanso wonni me, 6 na ama nnipa ahunu sɛ ɛfiri awiapueeɛ kɔsi awiatɔeɛ, obiara nni hɔ ka me ho.+ Mene Yehowa, na obiara nni hɔ bio.+ 7 Me na meyɛ hann+ na mebɔ sum,+ meyɛ asomdwoeɛ+ na mebɔ mmusuo.+ Me Yehowa na meyɛ yeinom nyinaa.+
8 “Ɔsoro, momma no nsosɔ,+ momma ɔsoro mununkum nsosɔ tenenee.+ Asase mu mmue na ɛnso nkwagyeɛ na ɛmfifi tenenee+ berɛ korɔ mu. Me Yehowa na mebɔeɛ.”+
9 Deɛ ɔne ne Nwemfoɔ di asie,+ sɛdeɛ kukuo sini bi ne asinasini foforɔ a ɛgu fam di asie, no nnue! Dɔteɛ+ bɛka akyerɛ ne nwemfoɔ sɛ: “Ɛdeɛn na woayɛ yi?” Na w’adwuma bɛka sɛ: “Ɔnni nsa”? 10 Deɛ ɔbisa agya sɛ: “Ɛdeɛn na wowoeɛ?” ne ɔyere sɛ: “Ɛdeɛn na ɛmaa wokyemeeɛ?”+ no nnue.
11 Deɛ Yehowa, Israel Kronkronni+ ne ne Nwemfoɔ+ no seɛ nie: “Mommisa me deɛ ɛbɛba+ me mma soɔ;+ monkyerɛ me deɛ menyɛ+ no me nsa ano adwuma ho. 12 Me ara na meyɛɛ asase+ bɔɔ onipa too soɔ.+ Me ara me nsa na ɛtwee ɔsoro mu,+ na emu asafo nyinaa, me na mefrɛ wɔn de wɔn si wɔn sibea.”+
13 “Me na mama obi so wɔ tenenee mu,+ na mɛtene n’akwan nyinaa.+ Ɔno na ɔbɛkyekyere me kuro,+ na ɔbɛma me nkurɔfoɔ a wɔwɔ nkoasom mu ade wɔn ho.+ Ɔrennye akatua+ anaa adanmudeɛ biara,” asafo Yehowa asɛm nie.
14 Deɛ Yehowa aka nie: “Egypt+ apaafoɔ a wɔntua wɔn ka ne Etiopia adwadifoɔ ne Saba+ mmarima atenten+ bɛba wo nkyɛn, na wɔbɛyɛ wo dea.+ Wɔbɛdi w’akyi, na wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn+ bɛba wo nkyɛn abɛkoto wo.+ Wɔbɛbɔ wo mpaeɛ aka sɛ, ‘Nokwasɛm nie, Onyankopɔn ne wo na ɛwɔ hɔ,+ na obiara nni hɔ bio; Onyankopɔn bi nni hɔ.’”+
15 Ampa, wone Onyankopɔn a wode wo ho ahunta,+ Israel Nyankopɔn, Ɔgyefoɔ no.+ 16 Wɔn nyinaa ani bɛwu na wɔn anim agu ase mpo. Wɔn a wɔyɛ ahoni nyinaa bɛnante animguaseɛ mu.+ 17 Israel deɛ, wɔde daa nkwagyeɛ+ bɛgye no Yehowa mu.+ Mo ani renwu,+ na mo anim rengu ase+ da biara da.
18 Deɛ Yehowa a ɔbɔɔ ɔsoro,+ nokorɛ Nyankopɔn+ a ɔnwenee asase na ɔyɛeɛ+ de tim hɔ,+ deɛ wammɔ no hunu na mmom ɔnwenee sɛ wɔntena soɔ+ no, seɛ nie: “Mene Yehowa, na obiara nni hɔ bio.+ 19 Mankasa ahuntaeɛ mu,+ asase so sum mu; na manka ankyerɛ Yakob asefoɔ sɛ, ‘Monhwehwɛ me kwa.’+ Mene Yehowa a meka asɛntenenee, deɛ ɛtene.+
20 “Mommoa mo ano mmra.+ Mommom ntwe mmɛn, mo a moadwane afiri amanaman mu.+ Wɔn a wɔso honi a wɔde dua asene anaa wɔbɔ onyame a ɔntumi nnye nkwa mpaeɛ no nnim hwee.+ 21 Monkasa, momfa mo asɛm nto dwa.+ Momma wɔntu agyina. Hwan na ɔmaa wɔtee yeinom firi teteete?+ Hwan na ɔkaa ho asɛm firi saa berɛ no?+ Ɛnyɛ me Yehowa? Me na m’akyi no Onyankopɔn foforɔ biara nni hɔ,+ Onyankopɔn teefoɔ ne Agyenkwa;+ obiara nni hɔ sɛ me.+
22 “Mo a mowɔ asase no afanan nyinaa, mommra me nkyɛn na monnya nkwa;+ mene Onyankopɔn, na obiara nni hɔ bio.+ 23 Maka me ho ntam+—na asɛm no apue afiri m’anom wɔ tenenee mu,+ na ɛrensan+—sɛ nkotodwe nyinaa bɛkoto me+ na kɛtrɛma nyinaa aka me ntam+ 24 sɛ, ‘Yehowa mu na tenenee ne ahoɔden ayɛ mã.+ Wɔn a wɔn bo afuo no nyinaa bɛba n’anim, na wɔn ani bɛwu.+ 25 Yehowa mu na Israel asefoɔ+ nyinaa bɛdi bem+ na wɔahoahoa wɔn ho.’”+