Yosua
6 Yeriko deɛ, Israelfoɔ no nti, na wɔato kuro no mu abram ano; obi nkɔ, na obi mma.+
2 Na Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Hwɛ, mede Yeriko ne ne hene ne ne nnɔmmarima ahyɛ wo nsa.+ 3 Enti mmarima akofoɔ no nyinaa mmɔ nsra mfa kuro no ho nyinaa prɛko. Monyɛ saa nnansia. 4 Asɔfoɔ nson mfa nnwan mmɛn nson nni Adaka no anim. Na da a ɛtɔ so nson no mommɔ nsra mfa kuro no ho nyinaa mprɛ nson, na asɔfoɔ no nhyɛne mmɛn no.+ 5 Sɛ wɔhyɛne abɛn* no na mote abɛn no nnyegyeeɛ a, asafo no nyinaa nteam dendeenden;+ na kuro no fasuo nyinaa bɛdwiri agu.+ Ɛba saa a, obiara nkɔ n’anim tēē.”
6 Enti Nun ba Yosua frɛɛ asɔfoɔ+ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momfa apam adaka+ no, na asɔfoɔ nson mfa nnwan mmɛn nson nni Yehowa adaka+ no anim.” 7 Afei ɔka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Monsene nkɔbɔ nsra mfa kuro no ho, na asraafoɔ+ no nni Yehowa adaka no anim.” 8 Enti ɔman no yɛɛ deɛ Yosua ka kyerɛɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ; na asɔfoɔ nson a wɔkurakura nnwan mmɛn nson wɔ Yehowa anim no bɛdii animu hyɛnee mmɛn no, na Yehowa apam adaka no dii wɔn akyi. 9 Ná asraafoɔ no di asɔfoɔ a wɔrehyɛne mmɛn no anim, na wɔn a wɔbɔ kyidɔm+ no nso di Adaka no akyi berɛ a asɔfoɔ no gu so rehyɛne mmɛn no.
10 Ná Yosua aka akyerɛ ɔman+ no dada sɛ: “Monnteam na mommma obi nnte mo nne, na mommmue mo ano nnka biribiara kɔsi sɛ mɛka akyerɛ mo sɛ, ‘Monteam!’ ansa na moateam.”+ 11 Na ɔmaa wɔde Yehowa adaka no twaa kuro no ho hyiaa prɛko, na wɔsan kɔɔ wɔn asoɛeɛ kɔda maa adeɛ kyeeɛ.
12 Afei Yosua sɔree anɔpahema,+ na asɔfoɔ no faa Yehowa adaka+ no. 13 Ɛnna asɔfoɔ nson a wɔkurakura nnwan mmɛn nson no hyɛnee mmɛn no dii Yehowa adaka no anim, na asraafoɔ no nso dii wɔn anim. Afei wɔn a wɔbɔ kyidɔm no dii Yehowa adaka no akyi berɛ a asɔfoɔ no gu so rehyɛne mmɛn no.+ 14 Da a ɛtɔ so mmienu no nso wɔbɔɔ nsra faa kuro no ho nyinaa prɛko, na wɔsan kɔɔ wɔn asoɛeɛ. Wɔyɛɛ saa ara nnansia.+
15 Na da a ɛtɔ so nson no, anɔpahema a animu rebaebae no ara na wɔsɔreeɛ, na wɔkɔfaa kuro no ho saa ara mprɛ nson. Saa da no nko ara na wɔbɔɔ nsra faa kuro no ho nyinaa mprɛ nson.+ 16 Ɛduruu deɛ ɛtɔ so nson soɔ no, asɔfoɔ no hyɛnee mmɛn no na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Monteam,+ na Yehowa de kuro no ama mo.+ 17 Kuro no yɛ abusudeɛ a ɛsɛ sɛ mosɛe no;+ ɛno ne biribiara a ɛwɔ mu yɛ Yehowa dea. Odwamanfoɔ Rahab+ ne obiara a ɔka ne ho wɔ ne fie nko ara na wɔbɛka, ɛfiri sɛ ɔde nnipa a yɛsomaa wɔn no sieeɛ.+ 18 Mo nso, montwe mo ho mfiri abusudeɛ biara ho,+ na mo kɔn annɔ,+ na moamfa abusudeɛ no bi,+ na Israel nsraban no annane abusudeɛ na ankɔfa ɔhaw biara amma so.+ 19 Na dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ne nneɛma a wɔde kɔbere ne dadeɛ ayɛ nyinaa yɛ Yehowa akronkronneɛ.+ Ɛsɛ sɛ ne nyinaa kɔ Yehowa adekorabea.”+
20 Afei wɔhyɛnee mmɛn+ no, na nkurɔfoɔ no teaam. Berɛ a ɔman no tee abɛn no a wɔteaam dendeenden no, ɔfasuo no dwiri guu fam.+ Afei obiara de n’ani kyerɛɛ kuro no mu na wɔfaa kuro no. 21 Wɔde nkrantɛ faa kuro no mu sɛee biribiara a ɛwɔ hɔ, mmarima ne mmaa, mmeranteɛ ne nkɔkoraa, anantwie ne nnwan ne mfunumu.+
22 Ɛnna Yosua ka kyerɛɛ mmarima mmienu a wɔkɔhwɛɛ asase no sɛ: “Monkɔ ɔbaa dwamanfoɔ no fie nkɔfa ɔne wɔn a wɔka ne ho nyinaa mmra, sɛdeɛ mokaa no ntam no.”+ 23 Enti mmarima a wɔkɔhwɛɛ kuro no kɔfaa Rahab ne ne papa ne ne maame ne ne nua mmarima ne wɔn a wɔwɔ ne nkyɛn nyinaa, n’abusuafoɔ nyinaa, baeɛ.+ Na wɔmaa wɔtenaa Israelfoɔ nsraban no akyi.
24 Afei wɔde gya hyee kuro no ne emu nneɛma nyinaa.+ Dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ne nneɛma a wɔde kɔbere ne dadeɛ ayɛ nko ara na wɔde kɔɔ Yehowa fie adekorabea.+ 25 Na Yosua koraa odwamanfoɔ Rahab ne ne papa fiefoɔ ne wɔn a wɔwɔ ne nkyɛn nyinaa so,+ na ɔtenaa Israelfoɔ mu bɛsi nnɛ,+ ɛfiri sɛ ɔde nnipa a Yosua somaa wɔn maa wɔkɔhwɛɛ Yeriko no sieeɛ.+
26 Afei Yosua kaa ntam saa berɛ no sɛ: “Nnome nka obiara a ɔbɛkyekyere Yeriko kuro yi wɔ Yehowa anim. Sɛ ɔto kuro no fapem a, ɔde ne ba panin bɛtwa so, na ɔsisi n’apono a, ɔde ne ba kumaa bɛtwa so.”+
27 Enti Yehowa gyinaa Yosua akyi,+ na ne din trɛɛ asase nyinaa so.+