1 Samuel
6 Na Yehowa adaka+ no dii Filistifoɔ asase so abosome nson. 2 Ɛnna Filistifoɔ no frɛɛ asɔfoɔ ne akɔmfoɔ+ no bisaa wɔn sɛ: “Yɛnyɛ Yehowa adaka no dɛn? Monkyerɛ yɛn dekodeɛ a yɛmfa nka ho nkɔ ne sibea.” 3 Ɛnna wɔkaa sɛ: “Sɛ mode Israel Nyankopɔn adaka no rekɔ a, mommfa nsapan nnkɔ. Momfa asodie afɔdeɛ+ nka ho nkɔma no. Ɛno na wɔbɛsa mo yareɛ, na mobɛhunu deɛ enti a ne nsa mfirii mo soɔ no.” 4 Ɛnna wɔbisaa sɛ: “Asodie afɔdeɛ bɛn na yɛmfa nka ho nkɔma no?” Na wɔkaa sɛ: “Momfa sika kɔkɔɔ nyɛ kooko nnum ne sika mperenkensema nnum, sɛdeɛ Filistifoɔ ahemfo+ no dodoɔ teɛ, ɛfiri sɛ ɔhaw korɔ no ara na ɛwɔ mo nyinaa ne mo ahemfo soɔ. 5 Na monyɛ mo kooko no nsɛsoɔ ne mo mperenkensema+ a wɔresɛe mo asase no nsɛsoɔ, na momfa animuonyam+ mma Israel Nyankopɔn. Ebia ɔbɛma ne nsa ayɛ hare wɔ mo ne mo nyame ne mo asase so.+ 6 Na adɛn nti na moyɛ mo akoma dendeenden sɛdeɛ Egypt ne Farao yɛɛ wɔn akoma dendeenden no?+ Ɛnyɛ berɛ a ɔde ɔhaw baa wɔn so wieeɛ+ no ansa na wɔgyaee wɔn maa wɔkɔɔ wɔn kwan?+ 7 Afei monyɛ teaseɛnam foforɔ,+ na momfa anantwibereɛ mmienu a wɔma nufoɔ a wɔmfaa kɔndua+ biara ntoo wɔn so da, na momfa anantwie no nsesã teaseɛnam no, na monte wɔn mma no mfiri wɔn ho nkɔ fie. 8 Momfa Yehowa adaka no nsi teaseɛnam no so, na momfa sika nneɛma+ a mode rekɔbɔ asodie+ afɔdeɛ ama no no ngu adaka ketewa mu nsi nkyɛn, na monnya no kwan ma no nkɔ. 9 Afei monhwɛ: sɛ ɛfa ne kwan so kɔ n’asase so, Bet-Semes+ a, ɛnneɛ na ɛyɛ ɔno na wayɛ yɛn bɔne kɛseɛ yi; sɛ anyɛ saa a, ɛnneɛ na yɛahunu sɛ ɛnyɛ ne nsa na ɔde aka yɛn; asiane+ bi na asiane yɛn.”
10 Enti nkurɔfoɔ no yɛɛ saa. Wɔfaa anantwibereɛ mmienu a wɔma nufoɔ de wɔn sesãã teaseɛnam no, na wɔtoo wɔn mma no mu wɔ fie. 11 Afei wɔde Yehowa adaka no sii teaseɛnam+ no so, na wɔde adaka ketewa no ne sika mperenkensema ne wɔn kooko nsɛsoɔ no kaa ho. 12 Na anantwie no faa kwan tẽẽ kɔɔ Bet-Semes+ kwan so. Tempɔn korɔ no ara so na wɔfaeɛ, na wɔrekɔ nyinaa na wɔresu. Wɔammane ankɔ nifa anaa benkum. Saa berɛ no nyinaa na Filistifoɔ ahemfo+ no di wɔn akyi; wɔdii wɔn akyi kɔduruu Bet-Semes hyeɛ so. 13 Ná Bet-Semesfoɔ retwa ayuo+ wɔ asasetamaa no so. Berɛ a wɔmemaa wɔn ani so na wɔhunuu Adaka no, wɔdii ahurisie sɛ wɔahunu. 14 Teaseɛnam no duruu Bet-Semesni Yosua afuo mu, na ɛgyinaa hɔ, baabi a ɛboɔ kɛseɛ bi wɔ no. Wɔpaepaee teaseɛnam no nnua no, na wɔde anantwie+ no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa Yehowa.+
15 Ɛnna Lewifoɔ+ no yii Yehowa adaka no sii hɔ, ne adaka ketewa a ɛka ho a sika nneɛma wɔ mu no, na wɔde sii ɛboɔ kɛseɛ no so. Ɛnna Bet-Semesfoɔ+ bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, na wɔbobɔɔ afɔdeɛ maa Yehowa saa da no.
16 Na Filistifoɔ ahemfo+ nnum no hunuiɛ, na wɔsan wɔn akyi kɔɔ Ekron saa da no. 17 Yeinom ne sika kooko a Filistifoɔ no de kɔbɔɔ asodie afɔdeɛ maa Yehowa+ no: Asdod+ deɛ baako, Gasa+ deɛ baako, Askelon+ deɛ baako, Gat+ deɛ baako, Ekron+ deɛ baako. 18 Sɛdeɛ Filistifoɔ ahemfo nnum no nkuro dodoɔ teɛ no, saa na wɔyɛɛ sika mperenkensema no, ɛfiri kuro a wɔabɔ ho ban so kɔsi petee mu akuraa so.
Ɛboɔ kɛseɛ a wɔde Yehowa adaka no sii soɔ no ayɛ adanseɛ wɔ Bet-Semesni Yosua afuo no mu de bɛsi nnɛ. 19 Yehowa adaka a Bet-Semesfoɔ+ hwɛeɛ nti, ɔkunkum wɔn. Ɔkum wɔn mu mmarima aduɔson—nnipa mpem aduonum—na ɔman no dii awerɛhoɔ ɛfiri sɛ Yehowa de okunkɛseɛ kunkum ɔman no mufoɔ.+ 20 Ɛnna Bet-Semesfoɔ no kaa sɛ: “Hwan na ɔbɛtumi agyina Yehowa, Onyankopɔn kronkronni+ yi anim, na hwan nkyɛn na ɔbɛfiri yɛn so akorɔ?”+ 21 Na wɔtuu abɔfoɔ kɔɔ Kiriat-Yearimfoɔ+ nkyɛn sɛ: “Filistifoɔ no de Yehowa adaka no asan aba, na mommra mmɛfa nkɔ mo nkyɛn.”+