Yesaia
66 Deɛ Yehowa aka nie: “Ɔsoro yɛ m’adwa,+ na asase yɛ me nan ntiasoɔ.+ Efie bɛn na mobɛtumi asi ama me,+ na homebea bɛn na mode bɛma me?”+
2 Yehowa asɛm nie: “Nneɛma yi nyinaa, me nsa na ɛyɛeɛ, na saa na ɛyɛeɛ a ne nyinaa baeɛ.+ Na deɛ mɛhwɛ no ne obi a ɔwɔ ahohia mu a ne honhom abotoɔ,+ na ne ho popo wɔ m’asɛm ho.+
3 “Deɛ ɔkum nantwie no te sɛ deɛ ɔkum onipa.+ Deɛ ɔde odwan bɔ afɔdeɛ no te sɛ deɛ ɔbu kraman kɔn mu.+ Deɛ ɔde ayɛyɛdeɛ ba no te sɛ deɛ ɔde prako mogya ba!+ Deɛ ɔhye nkaeɛ aduhwam+ no te sɛ deɛ ɔkankyeɛ.+ Wɔafa wɔn ara akwan, na wɔn kra ani sɔ wɔn akyiwadeɛ.+ 4 Na me nso mɛfa akwan hodoɔ so atan wɔn ani,+ na nneɛma a wɔsuro na mede bɛba wɔn soɔ,+ ɛfiri sɛ mefrɛeɛ, na obiara annye so, mekasaeɛ, nanso obiara antie.+ Na wɔkɔɔ so yɛɛ adebɔne wɔ m’ani so, na deɛ m’ani nnye ho na wɔyiiɛ.”+
5 Montie Yehowa asɛm, mo a n’asɛm nti mo ho popoɔ:+ “Mo nuanom a wɔtan mo,+ na me din nti wɔpo mo+ no ka sɛ, ‘Animuonyam nka Yehowa!’+ Na mo nti n’ani bɛgye,+ nanso wɔn deɛ, wɔn ani bɛwu.”+
6 Gyegyeegye bi wɔ kuro no mu, na dede bi wɔ asɔrefie hɔ!+ Ɛyɛ Yehowa na ɔde akatua a ɛsɛ rema n’atamfo.+
7 Na ɔnnya ntee awoko yea no, na wawo dada.+ Awoɔ nnya nkaa no no, na wawo ɔbabarima.+ 8 Hwan na wate asɛm yi bi pɛn?+ Hwan na wahunu biribi a ɛte sei pɛn?+ Wɔbɛtumi akyem awo* asase+ da koro?+ Anaasɛ wɔbɛtumi awo ɔman+ prɛko pɛ?+ Nanso awoɔ kaa Sion pɛ na ɔwoo ne mma.
9 “Mɛbue awotwaa ano a meremma wɔnwoɔ?”+ Yehowa na aka. “Anaa merema awoɔ aka obi na masi ano kwan?” Wo Nyankopɔn na aka.
10 Mo a modɔ Yerusalem nyinaa,+ mo ne no nni ahurisie+ na mo ani nnye. Mo a modi ne ho awerɛhoɔ nyinaa,+ mo ne no nni ahurisie, 11 ɛfiri sɛ mobɛnom n’awerɛkyekyerɛ nufoɔ amee, na mobɛfe n’animuonyam nufoɔ ano ama mo akoma atɔ mo yam.+ 12 Na deɛ Yehowa aka nie: “Mɛma no anya asomdwoeɛ te sɛ asubɔnten+ na amanaman animuonyam ayɛ sɛ nsuo a ayire,+ na mobɛnom te sɛ nufoɔ.+ Wɔbɛturu mo wɔn nkyɛnmu na wɔagyegye mo wɔn nan so.+ 13 Sɛdeɛ ɔbarima bi maame kyekyere ne werɛ no, saa ara na me nso mɛkɔ so akyekyere mo werɛ,+ na Yerusalem nti mo werɛ bɛkyekyere.+ 14 Mobɛhunu, na mo akoma ani agye,+ na mo nnompe+ ayɛ frɔmfrɔm te sɛ serɛ mono.+ Na Yehowa nkoa bɛhunu ne nsa,+ na n’atamfo deɛ, wɔbɛnya n’afobuo.”+
15 “Na Yehowa no ara bɛba sɛ egya+ na ne nteaseɛnam aba sɛ ahum,+ na ɔde anibereɛ bɛtua wɔn ka n’abufuo mu, na ɔde gyaframa aka wɔn anim.+ 16 Na Yehowa no ara bɛbu atɛn te sɛ gyaframa, na ɔde nkrantɛ+ akunkum ɔhonam nyinaa, na wɔn a Yehowa bɛku wɔn no bɛdɔɔso.+ 17 Wɔn a wɔte wɔn ho na wɔdwira wɔn ho kɔ nturo+ mu, na wɔkɔgyina deɛ ɛwɔ mfimfini akyi, na wɔwe prakonam+ ne akyiwadeɛ ne akura+ mpo no, wɔn nyinaa awieeɛ bɛba,” Yehowa na aka. 18 “Menim wɔn nnwuma+ ne wɔn adwene,+ na mɛba abɛboaboa amanaman ne kasa hodoɔ nyinaa ano,+ na wɔbɛba abɛhunu m’animuonyam.”+
19 “Na mede sɛnkyerɛnne bi bɛsi wɔn mu,+ na mɛsoma wɔn a wɔnyaa wɔn tiri didii mu no bi akɔ amanaman no mu;+ wɔbɛkɔ Tarsis,+ Pul ne Lud,+ wɔn a wɔkuntunu agyan no, ne Tubal ne Yawan,+ nsuano aman a ɛwɔ akyirikyiri,+ wɔn a wɔntee me ho asɛm na wɔnhunuu m’animuonyam+ no nkyɛn. Na wɔbɛka m’animuonyam wɔ amanaman mu.+ 20 Wɔde mo nuanom nyinaa bɛfiri amanaman mu+ abrɛ Yehowa sɛ ayɛyɛdeɛ,+ na wɔbɛtenatena apɔnkɔ so, nteaseɛnam mu, mfunumupɔnkɔ ne yoma+ a wɔn ho yɛ hare so aba Yerusalem, me bepɔ kronkron no so,+ sɛdeɛ Israelfoɔ de ayɛyɛdeɛ gu ɛsɛn a emu teɛ mu ba Yehowa fie no,”+ Yehowa na aka.
21 “Na mɛyi wɔn mu bi ayɛ wɔn asɔfoɔ ne Lewifoɔ,” Yehowa na aka.
22 “Na sɛdeɛ ɔsoro foforɔ+ ne asase foforɔ+ a mereyɛ no gyina m’anim no,+ saa ara na mo asefoɔ+ ne mo din bɛgyina,”+ Yehowa asɛm nie.
23 “Na ɛbɛba sɛ bosome foforɔ biara ne homeda biara, ɔhonam nyinaa bɛba abɛbu nkotodwe m’anim,”+ Yehowa na aka. 24 “Na wɔbɛkɔ akɔhwɛ nnipa a wɔtõõ me mmara no afunu,+ na wɔn mu mmoaa renwu, na wɔn gya nso rennum da,+ na wɔbɛyɛ abofonodeɛ ama honam nyinaa.”+