15 Obiara* a ɔbɛwe aboa a wawu anaa deɛ aboa bi atete ne mu no,+ ɔyɛ kuromanni oo, ɔhɔhoɔ oo, ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntaadeɛ na ɔde nsuo dware, nanso ne ho rente kɔsi anwummerɛ;+ anwummerɛ na ne ho bɛte.
3 Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu no, sɛ mo asefoɔ mu biara ho gu fĩ na ɔba nneɛma kronkron a Israelfoɔ ate ho ama Yehowa no ho a, wɔnku saa onipa no.*+ Mene Yehowa.
21 “Ɛnsɛ sɛ mowe aboa funu biara.+ Mobɛtumi de ama ɔhɔhoɔ a ɔte mo nkuro* mu ama no awe, anaa mobɛtumi atɔn ama ɔman foforɔ muni. Moyɛ ɔman kronkron ma Yehowa mo Nyankopɔn.
“Ɛnsɛ sɛ wonoa apɔnkye ba nam wɔ ne maame nufosuo mu.+
14 Afei mekaa sɛ: “O Awurade Tumfoɔ Yehowa, wei deɛ ɛyɛ den. Ɛfiri me mmɔfraase bɛsi nnɛ menwee aboa funu anaa aboa a wɔatete ne mu mfa nguu me* ho fĩ da,+ na nam a ɛho nteɛ* biara nso nkaa m’ano da.”+