Numeri 18:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Ɛfiri sɛ nneɛma mu nkyɛmu du mu baako a Israelfoɔ de yi ntoboa, deɛ wɔde yi ntoboa ma Yehowa no, mede ama Lewifoɔ no sɛ wɔn agyapadeɛ. Ɛno nti na maka akyerɛ wɔn sɛ: ‘Ɛnsɛ sɛ wɔnya agyapadeɛ biara wɔ Israelfoɔ mu’ no.”+ Deuteronomium 10:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Wei nti na wɔamma Lewi kyɛfa anaa agyapadeɛ wɔ ne nuanom mu no. Yehowa ne n’agyapadeɛ sɛdeɛ Yehowa mo Nyankopɔn ka kyerɛɛ no no.+ Deuteronomium 14:27 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 27 Na Lewifoɔ a wɔwɔ mo nkuro mu no, mmu w’ani ngu wɔn so,+ ɛfiri sɛ wɔamma wɔn kyɛfa anaa agyapadeɛ biara wɔ mo mu.+ Yosua 14:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Ná Mose de mmusuakuo mmienu ne fã no agyapadeɛ ama wɔn dada wɔ Yordan agya.*+ Lewifoɔ deɛ, wamma wɔn agyapadeɛ no bi wɔ wɔn mu.+
24 Ɛfiri sɛ nneɛma mu nkyɛmu du mu baako a Israelfoɔ de yi ntoboa, deɛ wɔde yi ntoboa ma Yehowa no, mede ama Lewifoɔ no sɛ wɔn agyapadeɛ. Ɛno nti na maka akyerɛ wɔn sɛ: ‘Ɛnsɛ sɛ wɔnya agyapadeɛ biara wɔ Israelfoɔ mu’ no.”+
9 Wei nti na wɔamma Lewi kyɛfa anaa agyapadeɛ wɔ ne nuanom mu no. Yehowa ne n’agyapadeɛ sɛdeɛ Yehowa mo Nyankopɔn ka kyerɛɛ no no.+
27 Na Lewifoɔ a wɔwɔ mo nkuro mu no, mmu w’ani ngu wɔn so,+ ɛfiri sɛ wɔamma wɔn kyɛfa anaa agyapadeɛ biara wɔ mo mu.+
3 Ná Mose de mmusuakuo mmienu ne fã no agyapadeɛ ama wɔn dada wɔ Yordan agya.*+ Lewifoɔ deɛ, wamma wɔn agyapadeɛ no bi wɔ wɔn mu.+