-
Deuteronomium 1:34-38Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
34 “Yehowa tee deɛ mokaeɛ nyinaa. Enti ne bo fuiɛ na ɔkaa ntam sɛ,+ 35 ‘Awoɔ ntoatoasoɔ bɔne yi mu barima baako mpo renhu asaase pa a mekaa mo agyanom ntam sɛ mede bɛma wɔn no,+ 36 gye Yefune ba Kaleb. Ɔno na ɔbɛhunu, na mede asaase a ɔkɔɔ so no bɛma ɔne ne mma, ɛfiri sɛ ɔde n’akoma nyinaa* adi Yehowa akyi.+ 37 (Mo nti, Yehowa bo fuu me mpo, na ɔkaa sɛ, “Wo nso worenkɔ hɔ bi.+ 38 Nun ba Yosua a ɔgyina w’anim yi+ na ɔbɛkɔ asaase no so.+ Hyɛ no den,*+ ɛfiri sɛ ɔno na ɔbɛma Israelfoɔ afa asaase no.”)
-