Yesaia
2 Wɔn mu biara bɛyɛ sɛ mframa ano hintabea,
Ne ahum ano dwankɔbea,
Asaase a ɛso awo so nsutene,+
Ne asaase wesee so botan kɛseɛ nwunu.
3 Na wɔn a wɔhunu adeɛ no, wɔrenka wɔn ani mfemfam so bio,
Na wɔn a wɔte asɛm no bɛwɛn wɔn aso.
4 Wɔn a wɔn ho pere wɔn no akoma bɛdwendwene nimdeɛ ho,
Na wɔn a wɔworo dodoɔ no kɛtrɛma bɛkasa yɔɔ ama emu ada hɔ.+
5 Wɔremfrɛ ogyimifoɔ sɛ ɔyamyɛfoɔ bio,
Na deɛ ɔnka mmara no, wɔremfrɛ no otitire;
6 Ɛfiri sɛ ogyimifoɔ bɛka agyimisɛm,
Na n’akoma bɛsusu bɔne,+
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛma nkurɔfoɔ atwe wɔn ho afiri Yehowa ho* na wɔaka Ne ho nsɛmmɔne,
Na wama deɛ ɛkɔm de no* yafunu ada mpan,
Na wama nsuo abɔ deɛ sukɔm de no.
7 Na obi a ɔnka mmara deɛ, n’akwan* yɛ bɔne;+
Ɔma nkurɔfoɔ yɛ aniwudeɛ,
Na ɔde atosɛm sɛe mmɔborɔwafoɔ,+
Berɛ a ohiani ka nokorɛ mpo.
9 “Mmaa a mo ho atɔ mo, monsɔre na montie me!
Mma mmaa a hwee mfa mo ho,+ monyɛ aso mma m’asɛm!
10 Akyɛ koraa afe ne nna kakra, mo a hwee mfa mo ho no, mo ho bɛpopo,
Ɛfiri sɛ berɛ a wɔde tete bobe bɛba awieeɛ no, na mommoaa hwee ano.+
11 Mmaa a mo ho atɔ mo, ehu nka mo!
Mo a hwee mfa mo ho, mo ho mpopo!
12 Momfa mo nsa mmobɔ mo koko ntwa adwo,
Mo mfuo fɛfɛɛfɛ ne mo bobe a ɛso aba ho.
13 Ɛfiri sɛ nkasɛɛ ne nwura bɛgye me man asaase afa;
Ɛbɛgye anigyeɛ afie nyinaa
Ne ahurisie kuro no afa.+
Ofel+ ne ɔwɛn aban* adane ɛserɛ daa,
Na serɛ so mfunumu bɛdi hɔ agorɔ,
Na nnwan adidi hɔ,+
15 Kɔsi sɛ wɔbɛhwie honhom afiri soro agu yɛn so,+
Na serɛ no adane turo,
Na wɔabu turo no sɛ kwaeɛ.+
19 Nanso asukɔtweaa bɛsɛe kwaeɛ no,
Na wɔbɛbrɛ kuro no ase korakora.