Yesaia
66 Deɛ Yehowa aka nie:
“Ɔsoro yɛ m’ahennwa, na asaase yɛ me nan ntiasoɔ.+
3 Deɛ ɔkum nantwie no te sɛ deɛ ɔkum onipa.+
Deɛ ɔde odwan bɔ afɔreɛ no te sɛ deɛ ɔbu kraman kɔn mu.+
Deɛ ɔde afɔrebɔdeɛ ba no te sɛ deɛ ɔde prako
mogya ba.+
Deɛ ɔhye ɛhyɛ*+ de yɛ nkaeɛ no te sɛ deɛ ɔkankye de hyira obi.*+
Wɔafa wɔn ankasa akwan,
Na wɔn ani gye akyiwadeɛ ho.*
Ɛfiri sɛ berɛ a mefrɛeɛ no, obiara annye so;
Berɛ a mekasaeɛ no, obiara antie.+
Wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne wɔ m’ani so,
Na deɛ m’ani nnye ho na wɔpaw sɛ wɔbɛyɛ.”+
5 Montie Yehowa asɛm, mo a n’asɛm nti mo ho popo:*
“Mo nuanom a me din nti wɔtan mo na wɔpo mo no kaa sɛ, ‘Animuonyam nka Yehowa!’+
Nanso Ɔbɛba na wama mo ani agye,
Na wɔn mmom na wɔn ani bɛwuo.”+
6 Gyegyeegye bi wɔ kuro no mu, na dede bi wɔ asɔrefie hɔ!
Ɛyɛ Yehowa na ɔretua n’atamfo ka sɛdeɛ ɛsɛ wɔn.
7 Awoɔ nnya nkaa no no, na wawo dada.+
Ɔnnya ntee awoɔ mu yea* no, na wawo ɔbabarima.
8 Hwan na wate asɛm yi bi pɛn?
Hwan na wahunu biribi a ɛte sɛ wei pɛn?
Wɔwo asaase da koro anaa?
Anaa wɔwo ɔman prɛko pɛ?
Nanso awoɔ kaa Sion pɛ na ɔwoo ne mma mmarima.
9 “Mɛma abɔfra abɛduru awodeɛ ano a meremma wɔnwo no anaa?” Yehowa na aka.
“Anaa mɛma awoɔ aka obi na mato n’awodeɛ mu?” Wo Nyankopɔn na aka.
10 Mo a modɔ Yerusalem nyinaa,+ mo ne no nni ahurisie+ na mo ani nnye.
Mo a moredi ne ho awerɛhoɔ nyinaa, mo ne no nni ahurisie kɛseɛ,
11 Ɛfiri sɛ mobɛnom n’awerɛkyekyerɛ nufoɔ amee,
Na mobɛtwe nufoɔ no mii, na moanya anigyeɛ wɔ n’animuonyam mmorosoɔ no mu.
12 Na deɛ Yehowa aka nie:
Mobɛnom nufoɔ, na wɔbɛturu mo wɔ wɔn nkyɛnmu.
Na wɔbɛgyegye mo agorɔ wɔ wɔn nan so.
13 Sɛdeɛ ɔbaa kyekye ne babarima werɛ no,
Saa ara na mɛkɔ so akyekye mo werɛ;+
Na Yerusalem nti, mo werɛ bɛkyekye.+
14 Mobɛhunu wei, na mo akoma ani bɛgye,
Mo nnompe bɛyɛ kama te sɛ ɛserɛ mono.
15 “Na Yehowa bɛba te sɛ egya,+
Na ne nteaseɛnam bɛba te sɛ ahum,+
Na ɔde aniberɛ bɛtua wɔn ka n’abufuo mu,
Na ɔde egya a ɛredɛre aka wɔn anim.+
16 Na Yehowa de egya bɛbu atɛn,
Aane, ɔde ne sekan bɛkunkum ɔhonam nyinaa;*
Na wɔn a Yehowa bɛkunkum wɔn no bɛdɔɔso.
17 “Wɔn a wɔte wɔn ho na wɔdwira wɔn ho kɔ nturo* mu,+ na wɔkɔdi deɛ ɛwɔ mfimfini no akyi, na wɔwe prakonam+ ne nneɛma a ɛyɛ akyiwadeɛ ne nkura+ no, wɔn nyinaa awieeɛ bɛba abom,” Yehowa na aka. 18 “Menim wɔn nnwuma ne wɔn adwene. Enti mereba abɛboaboa amanaman ne kasa hodoɔ nyinaa mu nnipa ano, na wɔbɛba abɛhunu m’animuonyam.”
19 “Na mede sɛnkyerɛnne bi bɛsi wɔn mu, na mɛsoma wɔn a wɔnyaa wɔn tiri didii mu no bi akɔ amanaman no mu; wɔbɛkɔ Tarsis,+ Pul ne Lud,+ wɔn a wɔkuntunu agyan no nkyɛn. Wɔbɛkɔ Tubal ne Yawan;+ wɔbɛkɔ nsupɔ a ɛwɔ akyirikyiri, wɔn a wɔntee me ho asɛm na wɔnhunuu m’animuonyam no nkyɛn. Na wɔbɛka m’animuonyam wɔ amanaman mu.+ 20 Wɔde mo nuanom nyinaa bɛfiri amanaman nyinaa mu abrɛ Yehowa+ sɛ akyɛdeɛ. Wɔbɛtenatena apɔnkɔ so, ɛko nteaseɛnam mu, nteaseɛnam a wɔakuru so mu, ne mfunumupɔnkɔ ne yoma a wɔn ho yɛ hare so, na wɔaba Yerusalem, me bepɔ kronkron no so sɛdeɛ Israelfoɔ de wɔn akyɛdeɛ gu adeɛ* a emu teɛ mu ba Yehowa fie no,” Yehowa na aka.
21 “Na mɛyi wɔn mu bi nso ayɛ wɔn asɔfoɔ ne Lewifoɔ,” Yehowa na aka.
22 “Na sɛdeɛ ɔsoro foforɔ ne asaase foforɔ+ a mereyɛ no bɛkɔ so agyina m’anim no, saa ara na mo asefoɔ* ne mo din bɛkɔ so agyina,” Yehowa na aka.+