Dwom
Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ. Dawid dwom. Ayeyi dwom.
2 Sɛdeɛ mframa bɔ wisie kɔ no, pamo wɔn saa ara;
Sɛdeɛ egya nane ɛwoɔkyɛm no,
Ma nnebɔneyɛfoɔ nyera mfiri Onyankopɔn anim saa ara.+
4 Monto dwom mma Onyankopɔn, monto ayeyi nnwom* mma ne din;+
Monto dwom mma deɛ ɔnam asaase pradadaa so* no.
Ne din ne Yah!*+ Monni ahurisie wɔ n’anim.
6 Onyankopɔn ma deɛ ɔnni boafoɔ nya fie tena mu;+
Wɔn a wɔda afiase mpo, ɔma wɔnya wɔn ho tete, na ɛsi wɔn yie.+
Wɔn a wɔasene wɔn kɔn* deɛ, asaase wesee so na wɔbɛtena.+
12 Ahemfo a wɔda asafodɔm ano deɛ, dwane+ ara na wɔbɛdwane.
Ɔbaa a ɔte fie mpo, wɔde nneɛma firi ɛko mu ba a, ɔnya bi.+
13 Ɛwom sɛ na moda abɔnten reto gya* deɛ,
Nanso aburuburo a dwetɛ dura ne ntaban ho,
Na sika kɔkɔɔ amapa dura ne ntakra ho na mode bɛba.
Yehowa deɛ, ɛhɔ na ɔbɛtena daa.+
17 Ɛko nteaseɛnam a Onyankopɔn wɔ no yɛ ɔpedu ne mpempem huhaa.+
Yehowa firi Sinai aba kronkronbea hɔ.+
Wode nkoa kɔeɛ;
Wode nnipa kɔyɛɛ akyɛdeɛ;+
O Yah Nyankopɔn, asoɔdenfoɔ+ mpo ka ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛtena wɔn mu.
19 Yehowa a ɔsoa yɛn adesoa ma yɛn da biara+ no, ɔno na ayeyie nka no.
Ɔno ne yɛn nkwagyeɛ Nyankopɔn ankasa. (Sela)
20 Nokorɛ Nyankopɔn no ne yɛn nkwagyeɛ Nyankopɔn;+
Awurade Tumfoɔ Yehowa na ɔgye onipa firi owuo mu.+
21 Ampa ara, Onyankopɔn bɛyam n’atamfo ti pasaa;
22 Yehowa aka sɛ: “Basan na mede wɔn bɛfiri aba;+
Mede wɔn bɛfiri ɛpo bunu mu aba,
23 Na ama mogya afɔ wo nan ho,+
Na wo nkraman kɛtrɛma nso atafere atamfo mogya.”
24 O Onyankopɔn, wɔhu santen a wo nkurɔfoɔ ato;
Me Nyankopɔn, me Hene, ɛyɛ santen a ɛkɔ kronkronbea hɔ.+
27 Benyamin+ a ɔsua koraa no di nkurɔfoɔ so;
Yuda adehyeɛ ne wɔn dɔm a wɔteam nso saa ara;
Sebulon adehyeɛ ne Naftali adehyeɛ nso ka ho.
28 Wo Nyankopɔn aka sɛ wobɛnya ahoɔden.
O Onyankopɔn a woadi ama yɛn, kyerɛ wo tumi.+
30 Mmoa a wɔnenam demmire* mu,
Anantwinini+ kuo ne anantwie mma no, ka wɔn anim,
Kɔsi sɛ nkurɔfoɔ de dwetɛ bɛba abɛbɔ wɔn mu ase.
Nnipa a wɔn ani gye ɛko ho no, wabɔ wɔn ahwete.
33 Monto mma deɛ ɔte ɔsoro mu soro+ firi teteete no.
Hwɛ! Ɔbobom, ɔde nne a emu yɛ duru bobom.
34 Monnye ntom sɛ Onyankopɔn wɔ ahoɔden.+
Ɔdi tumi kɛseɛ wɔ Israel so,
Na n’ahoɔden wɔ wiem.*
35 Onyankopɔn wɔ ne tenabea kronkron kɛseɛ no mu; ne* ho yɛ hu.+
Ɔno ne Israel Nyankopɔn,
Na ɔno na ɔma ɔman no ahoɔden ne tumi.+
Ayeyie nka Onyankopɔn.