135 Monyi Yah ayɛ!
Monyi Yehowa din ayɛ;
Yehowa nkoa, monyi no ayɛ,+
2 Mo a mogyina Yehowa fie,
Yɛn Nyankopɔn fie adihɔ no.+
3 Monyi Yah ayɛ, ɛfiri sɛ Yehowa yɛ.+
Monto ayeyi nnwom mma ne din, na ɛyɛ dɛ.
4 Ɛfiri sɛ Yah ayi Yakob ayɛ ne dea;
Ɔde Israel ayɛ n’agyapadeɛ titire.+
5 Menim sɛ Yehowa yɛ kɛseɛ;
Yɛn Awurade yɛ kɛseɛ kyɛn anyame nyinaa.+
6 Deɛ ɛsɔ Yehowa ani biara no, ɔyɛ+
Wɔ ɔsoro ne asaase so, ɛpo ne ebunu nyinaa mu.
7 Ɔma mununkum firi asaase anoano foro kɔ soro;
Ɔyɛ anyinam ka nsuo ho,
Na ɔde mframa firi n’adekora adan mu ba.+
8 Nnipa ne mmoa nyinaa,
Ɔkunkum wɔn mmakan wɔ Egypt.+
9 O Egypt, ɔsomaa nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ baa wo mu;+
Ɛbaa Farao ne ne nkoa nyinaa so.+
10 Ɔsɛee aman bebree,+
Na ɔkunkum ahemfo a wɔyɛ den+
11 Te sɛ Amorifoɔ hene Sihon+
Ne Basan hene Og,+
Na ɔsɛee Kaanan ahennie nyinaa.
12 Ɔde wɔn asaase maa ne nkurɔfoɔ sɛ agyapadeɛ;
Ɔde maa Israel sɛ agyapadeɛ.+
13 O Yehowa, wo din wɔ hɔ daa.
O Yehowa, wo din bɛtrɛ afiri awoɔ ntoatoasoɔ so akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.+
14 Ɛfiri sɛ Yehowa bɛtwitwa agye ne nkurɔfoɔ,+
Na ɔbɛhu ne nkoa mmɔbɔ.+
15 Amanaman no ahoni yɛ dwetɛ ne sika kɔkɔɔ,
Onipa nsa ano adwuma.+
16 Wɔwɔ ano, nanso wɔnkasa;+
Wɔwɔ ani, nanso wɔnhunu adeɛ;
17 Wɔwɔ aso, nanso wɔnte asɛm.
Wɔwɔ hwene nanso wɔnhome.+
18 Nnipa a wɔyɛ saa ahoni no, wɔbɛyɛ sɛ ahoni no ara,+
Na obiara a ɔde ne ho to ahoni no so no, ɔno nso bɛyɛ sɛ ahoni no ara.+
19 O Israel fie, monyi Yehowa ayɛ.
O Aaron fie, monyi Yehowa ayɛ.
20 O Lewi fie, monyi Yehowa ayɛ.+
Mo a mosuro Yehowa, monyi Yehowa ayɛ.
21 Yehowa a ɔte Yerusalem no,+
Ma wɔmfiri Sion nyi no ayɛ.+
Monyi Yah ayɛ!+