Dwom
Dawid dwom. Ayeyi dwom.
110 Yehowa ka kyerɛɛ me Wura sɛ:
2 Yehowa bɛtwe w’ahempoma a wode di tumi no mu afiri Sion, na waka sɛ:
“Kɔ w’atamfo mfimfini kɔdi wɔn so.”+
3 Ɛda a wobɛkyerɛ wo tumi no,* wo man bɛtu wɔn ho ama koraa.
Mmeranteɛ a wɔyɛ asafodɔm de ahosiesie kronkron bɛba abɛka wo ho;
Wɔbɛyɛ te sɛ ahomakye bosuo.*
4 Yehowa aka ntam, na ɔrensesa n’adwene.* Waka sɛ:
Ɔbɛbubu asaase kɛseɛ* so panin* no pasaa.
7 Ɔbɛnom* ɛkwan no so asutene mu nsuo.
Ɛno nti ɔbɛma ne ti so.