Dawid dwom.
א [Aleph]
37 Mma wo bo mmfu ɛsiane nnebɔneyɛfoɔ nti,
Na mma w’ani mmmere amumuyɛfoɔ.+
2 Wɔbɛkusa ntɛm sɛ serɛ,+
Na wɔbɛtwintwam sɛ wura mono.
ב [Beth]
3 Fa wo ho to Yehowa so na yɛ papa;+
Tena asaase so na di nokorɛ.+
4 Di ahurisie wɔ Yehowa mu,
Na ɔbɛma wo deɛ w’akoma pɛ.
ג [Gimel]
5 Fa wo kwan hyɛ Yehowa nsa,+
Na fa wo ho to ne so, na ɔbɛsɔ wo mu.+
6 Ɔbɛma wo tenenee ada adi sɛ adekyeeɛ hann,
Na w’atɛntenenee ada adi sɛ awia ketee.
ד [Daleth]
7 Yɛ komm hwɛ Yehowa;+
To wo bo ase twɛn no.
Sɛ obi bɔ pɔ bɔne na ɔtumi yɛ ho adwuma a,
Mma no nnha wo.+
ה [He]
8 Mma abufuo nnhyɛ wo so, na mma abufuhyeɛ kwan;+
Mma nneɛma nnha wo na woankɔyɛ bɔne,
9 Ɛfiri sɛ wɔbɛyi nnebɔneyɛfoɔ hɔ,+
Na wɔn a wɔtwɛn Yehowa no, wɔn na asaase no bɛyɛ wɔn dea.+
ו [Waw]
10 Aka kakraa bi na nnebɔneyɛfoɔ nni hɔ bio;+
Wobɛhwehwɛ wɔn tenabea,
Nanso worenhu wɔn.+
11 Ahobrɛasefoɔ na asaase no bɛyɛ wɔn dea,+
Na wɔbɛgye wɔn ani wɔ asomdwoeɛ bebree mu.+
ז [Zayin]
12 Ɔdebɔneyɛfoɔ fa ɔteneneeni ho adwemmɔne,+
Na ɔde abufuo twɛre ne se gu ne so.
13 Nanso Yehowa bɛsere no,
Ɛfiri sɛ Ɔnim sɛ n’awieeɛ bɛba.+
ח [Heth]
14 Nnebɔneyɛfoɔ twe wɔn sekan, na wɔkuntunu wɔn agyan mu
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛma mmɔborɔwa ne ohiani ahwe ase,
Na wɔakum wɔn a wɔn kwan tene.
15 Wɔn ankasa sekan na ɛbɛwɔ wɔn akoma mu;+
Wɔn agyan bɛbubu.
ט [Teth]
16 Nneɛma kakra a ɔteneneeni wɔ no,
Ɛyɛ sene adedodoɔ a nnebɔneyɛfoɔ pii wɔ,+
17 Ɛfiri sɛ nnebɔneyɛfoɔ nsam bɛgo,
Na ateneneefoɔ deɛ, Yehowa bɛboa wɔn.
י [Yod]
18 Ɔhaw a wɔn a wɔn ho nni asɛm fa mu no, Yehowa nim,
Na wɔn agyapadeɛ bɛtena hɔ daa.+
19 Ahohia ba a, wɔn ani renwu,
Na ɛkɔm berɛ mu nso, wɔbɛmee.
כ [Kaph]
20 Nnebɔneyɛfoɔ deɛ, wɔbɛyera,+
Sɛdeɛ wura frɔmfrɔm hye no, saa ara na Yehowa atamfo ase bɛhye;
Wɔbɛyera te sɛ wisie.
ל [Lamed]
21 Ɔdebɔneyɛfoɔ fɛm adeɛ a, ɔntua;
Ɔteneneeni deɛ, ne yam yɛ na ɔkyɛ adeɛ.+
22 Wɔn a Onyankopɔn hyira wɔn no, wɔn na asaase no bɛyɛ wɔn dea,
Na wɔn a ɔdome wɔn no deɛ, wɔbɛsɛe.+
מ [Mem]
23 Sɛ ɔbarima kwan sɔ Yehowa ani a,+
Ɔkyerɛ no sɛdeɛ ɔbɛtutu n’anammɔn.+
24 Sɛ ɔhwe ase mpo a, ɔrenka hɔ,+
Ɛfiri sɛ Yehowa bɛsɔ ne nsa ama ne so.+
נ [Nun]
25 Ná meyɛ abɔfra, na afei mabɔ akɔkoraa,
Nanso menhuu sɛ Onyankopɔn apo ɔteneneeni+
Anaasɛ n’asefoɔ srɛsrɛ aduane.+
26 Ɔyi ne yam de adeɛ fɛm nkurɔfoɔ daa,+
Na nhyira da hɔ retwɛn ne mma.
ס [Samekh]
27 Firi bɔne ho na yɛ papa,+
Na wobɛtena ase daa.
28 Ɛfiri sɛ Yehowa dɔ atɛntenenee,
Na ɔrennya n’anokwafoɔ.+
ע [Ayin]
Ɔbɛhwɛ wɔn so daa;+
Na nnebɔneyɛfoɔ asefoɔ deɛ, wɔbɛsɛe.+
29 Ateneneefoɔ na asaase no bɛyɛ wɔn dea,+
Na wɔbɛtena so daa.+
פ [Pe]
30 Ɔteneneeni de n’ano ka nsɛm a ɛma nkurɔfoɔ hunu nyansa,
Na ne kɛtrɛma ka nsɛm a ɛtene.+
31 Ne Nyankopɔn mmara wɔ n’akoma mu;+
Sɛ ɔtutu n’anammɔn a, ɔrensunti.+
צ [Tsade]
32 Ɔdebɔneyɛfoɔ ani sa ɔteneneeni;
Ɔrehwehwɛ no aku no.
33 Nanso Yehowa rennya ɔteneneeni nhyɛ ne nsa,+
Na sɛ ɔrebu atɛn a, ɔremmu ɔteneneeni fɔ.+
ק [Qoph]
34 Twɛn Yehowa, na fa ne kwan so;
Ɔbɛma wo so na ɔde asaase no ama wo.
Sɛ wɔyi nnebɔneyɛfoɔ hɔ a,+ wobɛhunu.+
ר [Resh]
35 Mahu ɔdebɔneyɛfoɔ a ne tirim yɛ sum;
Ɔtrɛtrɛ yɛɛ frɔmm sɛ dua a anya baabi pa asi.+
36 Nanso mpofirim ara ɔtwaam kɔe, na na ɔnni hɔ bio;+
Mehwehwɛɛ no ara nso manhu no.+
ש [Shin]
37 Hwɛ onipa a asɛm biara nni ne ho,
Na hwɛ deɛ ɔtene;+
Saa onipa no awieeɛ bɛyɛ asomdwoeɛ.+
38 Mmaratofoɔ deɛ, wɔbɛsɛe wɔn nyinaa,
Na anidasoɔ biara nni hɔ mma nnebɔneyɛfoɔ.+
ת [Taw]
39 Ateneneefoɔ nkwagyeɛ firi Yehowa;+
Ɔno ne wɔn ahohia berɛ mu dwankɔbea.+
40 Yehowa bɛboa wɔn na wagye wɔn.+
Ɔbɛyi wɔn afiri nnebɔneyɛfoɔ nsam, na wagye wɔn,
Ɛfiri sɛ wɔde no ayɛ wɔn dwankɔbea.+