Marko Twerɛtohɔ
7 Na Farisifoɔ no ne atwerɛfoɔ bi a wɔfiri Yerusalem baeɛ no baa ne nkyɛn.+ 2 Na wɔhuu sɛ n’asuafoɔ no bi de nsa a ɛho nteɛ, kyerɛ sɛ, nsa a wɔnhohoroeɛ,* didi. 3 (Ɛfiri sɛ Farisifoɔ ne Yudafoɔ no nyinaa deɛ, nananom amammerɛ* a wɔkura mu dendeenden nti, sɛ wɔanhohoro wɔn nsa ammɛsi wɔn abatwɛ a, wɔnnidi. 4 Sɛ wɔfiri dwa so ba a, wɔnnidi gye sɛ wɔde nsuo ate wɔn ho ansa. Ná wɔwɔ amammerɛ foforɔ pii a wɔkura mu dendeenden, te sɛ nkuruwa nketewa ne akɛseɛ ne kɔbere nkyɛnsee a wɔbɔ no asu.)+ 5 Enti Farisifoɔ ne atwerɛfoɔ no bisaa no sɛ: “Adɛn nti na w’asuafoɔ no nni nananom amammerɛ* so, na wɔde nsa a ɛho nteɛ didi?”+ 6 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo, nyaatwomfoɔ, ɛfata sɛ Yesaia hyɛɛ mo ho nkɔm. Ɔtwerɛɛ sɛ, ‘Ɔman yi de wɔn ano na ɛdi me ni, na wɔn akoma deɛ, atwe afiri me ho kɔ akyirikyiri.+ 7 Wɔsom me kwa, ɛfiri sɛ wɔkyerɛkyerɛ nnipa ahyɛdeɛ.’*+ 8 Moagyaa Onyankopɔn mmara mu, ɛnna mokura nnipa amammerɛ+ mu dendeenden.”
9 Bio nso, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mofa nyansakwan so de Onyankopɔn mmara to nkyɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛdi mo amammerɛ so.+ 10 Ɛho nhwɛsoɔ nie, Mose kaa sɛ, ‘Di wo papa ne wo maame ni’;+ afei nso, ‘Deɛ ɔkasa tia* ne papa anaa ne maame no, ma wɔnku no.’+ 11 Nanso mo deɛ moka sɛ, ‘Sɛ obi ka kyerɛ ne papa anaa ne maame sɛ: “Biribiara a mewɔ a mɛtumi de aboa wo no, ɛyɛ korban (kyerɛ sɛ, akyɛdeɛ a mahyira so ama Onyankopɔn)”’ a, 12 momma ɔnyɛ hwee mma ne papa anaa ne maame bio.+ 13 Enti mode mo amammerɛ* a mokyerɛkyerɛ no sɛe Onyankopɔn asɛm.+ Na nneɛma pii a ɛte sɛ wei na moyɛ.”+ 14 Na ɔfrɛɛ nnipadɔm no baa ne nkyɛn bio, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo nyinaa, montie me, na monte aseɛ.+ 15 Biribiara nni hɔ a ɛfiri abɔnten kɔ onipa mu a ɛbɛtumi agu ne ho fĩ; deɛ ɛfiri onipa mu pue no, ɛno na ɛgu ne ho fĩ.”+ 16 *——
17 Afei berɛ a ɔfirii nnipadɔm no nkyɛn kɔɔ fie bi mu no, n’asuafoɔ no firii aseɛ bisaa no mfatoho no ho asɛm.+ 18 Ɛnna ɔbisaa wɔn sɛ: “Mo nso monni nteaseɛ te sɛ wɔn? Monnim sɛ biribiara a ɛfiri abɔnten kɔ onipa mu no ntumi ngu ne ho fĩ anaa? 19 Ɛfiri sɛ ɛnyɛ n’akoma mu na ɛkɔ, na mmom ne yam, na ɛsene firi nipadua no mu kɔgu tiafi mu.” Enti ɔkaa wei de kyerɛɛ sɛ nnuane nyinaa ho te. 20 Bio nso ɔkaa sɛ: “Deɛ ɛfiri onipa mu pue no na ɛgu ne ho fĩ.+ 21 Na onipa mu, n’akoma mu,+ na adwemmɔne firi ba: adwamansɛm,* korɔno, awudisɛm, 22 awaresɛeɛ, adufudepɛ, amumuyɛsɛm, nnaadaasɛm, ahohwibra,* aniberɛ, abususɛm, ahantan, ne nkwaseasɛm. 23 Nneɛma bɔne yi nyinaa firi onipa mu na ɛba, na ɛgu ne ho fĩ.”
24 Afei ɔsɔre firii hɔ, na ɔkɔɔ Tiro ne Sidon mpɔtamu+ hɔ. Ɔkɔɔ fie bi mu wɔ hɔ, na na ɔmpɛ sɛ obiara bɛhunu. Nanso wantumi amfa ne ho ansie. 25 Ankyɛ koraa, ɔbaa bi a honhom fĩ wɔ ne babaa ketewa so tee ne nka, na ɔbɛkotoo ne nan ase.+ 26 Ná ɔbaa no yɛ Greeceni a wɔwoo no wɔ Foinike a ɛwɔ Siria;* na ɔsrɛɛ no ara sɛ ɔntu honhommɔne no mfiri ne babaa no so. 27 Nanso ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ma mmɔfra no mmee ansa, na ɛnyɛ papa sɛ wɔbɛfa mmɔfra paanoo ato ama nkraman mma.”+ 28 Na ɔbaa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Owura, ɛyɛ ampa, nanso nkraman mma a wɔdeda didipono ase no di mmɔfra no paanoo a aporoporo agu fam no bi.” 29 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ woaka yi nti, kɔ; honhommɔne no afiri wo babaa no so.”+ 30 Enti ɔfirii hɔ kɔɔ ne fie, na ɔkɔhuu sɛ abɔfra kumaa no da mpa so a honhommɔne no afiri ne so.+
31 Berɛ a Yesu firi Tiro mpɔtamu hɔ resan aba no, ɔfaa Sidon kɔɔ Galilea Po ho kɔfaa Dekapoli* mpɔtamu.+ 32 Na wɔde ɔbarima bi a n’aso asi a ɔntumi nkasa yie brɛɛ no,+ na wɔpaa no kyɛw sɛ ɔmfa ne nsa ngu ne so. 33 Na ɔde no firii nnipadɔm no mu kɔɔ nkyɛn baabi, na ɔde ne nsateaa hyehyɛɛ ɔbarima no asom. Afei ɔtee ntasuo, na ɔde ne nsa kaa ne kɛtrɛma.+ 34 Na ɔhwɛɛ soro guu ahome kɛse, na ɔkaa sɛ: “Hefata,” kyerɛ sɛ, “Bue.” 35 Ɛnna n’aso bueeɛ,+ na deɛ na ɛmma ɔntumi nkasa yie no nso kɔe, na ɔfirii aseɛ kasaa yie. 36 Na ɔbaraa wɔn sɛ wɔnnka nnkyerɛ obiara;+ nanso ɔrebara wɔn no, afei koraa na na wɔreka no kɛse.+ 37 Nokorɛm no, wɔn ho dwirii wɔn papaapa,+ na wɔkaa sɛ: “Wayɛ nneɛma nyinaa yie. Ɔma asotifoɔ mpo te asɛm, na mum kasa.”+