Marko Twerɛtohɔ
1 Onyankopɔn Ba Yesu Kristo ho asɛmpa no mfitiaseɛ: 2 Sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ odiyifoɔ Yesaia nwoma mu no: “(Hwɛ! meresoma me somafoɔ adi w’anim, na ɔno na ɔbɛsiesie kwan mu.)*+ 3 Obi reteam wɔ serɛ so sɛ: ‘Monsiesie Yehowa* kwan! Momma akwan a ɛda n’anim no nyɛ tee.’”+ 4 Ná Osuboni Yohane wɔ serɛ so reka kyerɛ nkurɔfoɔ sɛ, wɔmmɔ asu mfa nkyerɛ sɛ wɔasakra wɔn adwene wɔ wɔn bɔne ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔde wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn.+ 5 Na Yudea mpɔtamu hɔfoɔ nyinaa ne wɔn a wɔtete Yerusalem nyinaa kɔɔ ne nkyɛn, na wɔpaee mu kaa wɔn bɔne, na ɔbɔɔ wɔn asu wɔ Asubɔnten Yordan mu.*+ 6 Ná Yohane hyɛ ataadeɛ a wɔde yoma nwi ayɛ, na na ɔde aboa nwoma abɔsoɔ abɔ n’asene.+ Aduane a na ɔdi yɛ mmɛbɛ ne ɛwoɔ.*+ 7 Asɛm a na ɔreka ne sɛ: “Obi di m’akyi reba a ɔwɔ tumi sene me, na ne mpaboa ahoma mpo, memfata sɛ mɛkoto asane.+ 8 Mede nsuo na ɛbɔɔ mo asu, na ɔno deɛ, honhom kronkron na ɔde bɛbɔ mo asu.”+
9 Saa nna no mu no, Yesu firi Nasaret a ɛwɔ Galilea baeɛ, na Yohane bɔɔ no asu wɔ Yordan mu.+ 10 Berɛ a ɔpue firii nsuo no mu ara pɛ na ɔhuu sɛ ɔsoro abue, na honhom no resiane ba ne so te sɛ aburuburo.+ 11 Na nne bi firi soro baa sɛ: “Woyɛ me Ba a medɔ wo; magye wo atom.”+
12 Ɛhɔ ara na honhom no hyɛɛ no maa no kɔɔ serɛ so. 13 Enti ɔtenaa serɛ so nnafua 40, na Satan sɔɔ no hwɛeɛ.+ Ná ɔne wuram mmoa na ɛwɔ hɔ, na na abɔfoɔ resom no.+
14 Afei berɛ a wɔkyee Yohane no, Yesu kɔɔ Galilea+ kɔkaa asɛmpa a ɛfiri Onyankopɔn hɔ,+ 15 na ɔkaa sɛ: “Berɛ a wɔahyɛ no aduru, na Onyankopɔn Ahennie abɛn. Monsakra mo adwene,+ na monnye asɛmpa no nni.”
16 Berɛ a ɔnam Galilea Po* no ho no, ɔhuu Simon ne ne nua Andrea+ sɛ wɔregu wɔn asau wɔ po no mu,+ ɛfiri sɛ na wɔyɛ mpataayifoɔ.+ 17 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommɛdi m’akyi, na mɛma moayɛ nnipa yifoɔ.”+ 18 Ntɛm ara na wɔgyaa wɔn asau no hɔ, na wɔdii n’akyi.+ 19 Berɛ a ɔkɔɔ n’anim kakra no, ɔhuu Sebedeo ba Yakobo ne ne nua Yohane. Ná wɔwɔ wɔn kodoɔ mu resiesie wɔn asau,+ 20 na ntɛm ara na ɔfrɛɛ wɔn. Enti wɔgyaa wɔn papa Sebedeo ne apaafoɔ no wɔ kodoɔ no mu kɔdii n’akyi. 21 Na wɔkɔɔ Kapernaum.
Homeda duruiɛ ara pɛ na ɔkɔɔ hyiadan mu, na ɔfirii aseɛ kyerɛkyerɛeɛ.+ 22 Na ɛkwan a ɔfaa so kyerɛkyerɛeɛ no yɛɛ wɔn nwanwa, ɛfiri sɛ ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ obi a ɔwɔ tumi, na ɛnyɛ sɛ atwerɛfoɔ no.+ 23 Saa berɛ no ara nso, na ɔbarima bi wɔ wɔn hyiadan no mu a honhom fĩ wɔ ne so, na ɔteaam sɛ: 24 “Nasaretni Yesu,+ deɛn na yɛne wo wɔ yɛ? Wobaa sɛ worebɛsɛe yɛn anaa? Menim nipa korɔ a woyɛ. Wone Ɔkronkronni a ɔfiri Onyankopɔn hɔ no!”+ 25 Ɛnna Yesu kaa n’anim sɛ: “Yɛ komm, na firi ne mu kɔ!” 26 Na honhom fĩ no maa ɔbarima no sensenee, na ɔteaam dendeenden. Afei ɔfirii ne mu kɔeɛ. 27 Na ɛyɛɛ nkurɔfoɔ no nwanwa paa. Na wɔfirii aseɛ kekaa sɛ: “Ɛdeɛn nie? Wei yɛ nkyerɛkyerɛ foforɔ! Ɔde tumi kasa kyerɛ ahonhom fĩ mpo ma wɔtie no.” 28 Na ntɛm ara ne ho asɛm trɛ kɔɔ Galilea mantam nyinaa mu.
29 Ɛnna Yesu ne Yakobo ne Yohane ne Simon ne Andrea firii hyiadan no mu, na wɔkɔɔ Simon ne Andrea fie.+ 30 Saa berɛ no, na Simon asebaa+ da hɔ a ɔyare atiridii, na ntɛm ara na wɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ Yesu. 31 Na ɔkɔɔ ne nkyɛn kɔsɔɔ ne nsa maa ne so, na atiridii no gyaee. Na ɔfirii aseɛ som wɔn.
32 Berɛ a ɛduruu anwummerɛ a awia kɔtɔeɛ no, nkurɔfoɔ firii aseɛ de wɔn a wɔyare ne wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne nyinaa brɛɛ no;+ 33 kuro no mufoɔ nyinaa bɛguu ɛpono no ano. 34 Enti ɔsaa nnipa pii a wɔwɔ nyarewa ahodoɔ yareɛ,+ na ɔtuu ahonhommɔne pii, na wamma ahonhommɔne no ankasa, ɛfiri sɛ na wɔnim sɛ ɔno ne Kristo no.*
35 Na anɔpatutuutu a animu nteteeɛ no, ɔsɔreeɛ, na ɔpue kɔɔ baabi a ate ne ho, na ɔfirii aseɛ bɔɔ mpaeɛ+ wɔ hɔ. 36 Na Simon ne wɔn a wɔka ne ho no kyini hwehwɛɛ no, 37 na wɔhuu no no, wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Obiara rehwehwɛ wo.” 38 Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma yɛnkɔ baabi foforɔ, nkuro a ɛbembɛn ha no mu, na menkɔka asɛm no wɔ hɔ nso, ɛfiri sɛ wei nti na mebaeɛ.”+ 39 Na ɔkɔkaa asɛm no wɔ wɔn hyia adan mu wɔ Galilea nyinaa, na ɔtuu ahonhommɔne.+
40 Kwatani bi nso baa ne nkyɛn bɛbuu nkotodwe paa no kyɛw sɛ: “Sɛ wopɛ a, wobɛtumi asa me yareɛ.”*+ 41 Na ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔtenee ne nsa kaa no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mepɛ! Wo ho ntɔ wo.”*+ 42 Na amonom hɔ ara kwata no tu yerae, na ne ho tɔɔ no.* 43 Afei ɔgyaa no kwan ntɛm ara, na ɔbaraa no kaa sɛ: 44 “Hwɛ na woanka ho asɛm ankyerɛ obiara, na mmom kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ no. Na ɛsiane sɛ wo ho atɔ wo nti,* fa afɔrebɔdeɛ a Mose kyerɛeɛ no+ ma asɔfoɔ no, na ayɛ adanseɛ ama wɔn.”+ 45 Nanso berɛ a ɔbarima no firii hɔ no, ɔfirii aseɛ keka kyerɛɛ nkurɔfoɔ, na ɔtrɛɛ asɛm no mu kɔɔ baabiara. Wei nti, Yesu antumi anyi n’anim ankɔ kuro biara mu, na mmom mmeaeɛ a ate ne ho wɔ nkuro no akyi na ɔtenaeɛ. Nanso nkurɔfoɔ firi mmeammea baa ne nkyɛn.+