Marko Twerɛtohɔ
5 Na wɔkɔduruu po no agya wɔ Gerasafoɔ asaase so.+ 2 Berɛ a Yesu si firii kodoɔ no mu ara pɛ na ɔbarima bi a honhom fĩ wɔ ne so firi asieeɛ* bɛhyiaa no. 3 Ná asieeɛ hɔ abɛyɛ ne tenabea, na ɛbɛsi saa berɛ no, na obiara ntumi mfaa nkɔnsɔnkɔnsɔn mpo nkyekyeree no ntoo hɔ. 4 Ná wɔtaa de nkɔnsɔnkɔnsɔn gu ne nsa ne ne nan, nanso na ɔtete nkɔnsɔnkɔnsɔn no mu, na na obiara nni ahoɔden a ɔde bɛdi ne so. 5 Anadwo ne awia biara, ɔteateam wɔ asieeɛ hɔ ne mmepɔ no mu, na na ɔde aboɔ twitwa ne ho. 6 Na berɛ a n’ani bɔɔ Yesu so wɔ akyirikyiri no, ɔtuu mmirika kɔkotoo n’anim.+ 7 Na ɔde nne kɛseɛ teaam sɛ: “Deɛn na me ne wo wɔ yɛ, Yesu, Ɔsorosoroni Nyankopɔn no Ba? Ka Onyankopɔn ntam sɛ worenha me.”+ 8 Ɛfiri sɛ na Yesu aka akyerɛ no sɛ: “Honhom fĩ, firi onipa no mu.”+ 9 Ɛnna Yesu bisaa no sɛ: “Wo din de sɛn?” Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Me din de Asafodɔm, ɛfiri sɛ yɛyɛ bebree.” 10 Na ɔsrɛɛ Yesu mprɛ pii sɛ mma ɔmmpamo ahonhom no mmfiri asaase no so.+
11 Saa berɛ no, na mprako+ bebree redidi wɔ bepɔ no so.+ 12 Enti ahonhom no paa no kyɛw sɛ: “Ma yɛnkɔ mprako yi mu, na yɛnkɔwurawura wɔn mu.” 13 Na ɔmaa wɔn kwan. Ɛnna ahonhom fĩ no pue firii ɔbarima no mu, na wɔkɔwurawuraa mprako no mu; na mprako bɛyɛ 2,000 no de mmirika firii bepɔ no so kɔguu po no mu, na wɔwuwuu wɔ po no mu. 14 Na wɔn a wɔhwɛ mprako no dwanee, na wɔkɔbɔɔ amanneɛ wɔ kuro no mu ne ne nkuraaseɛ, na nkurɔfoɔ ba bɛhwɛɛ deɛ asi no.+ 15 Enti wɔbaa Yesu nkyɛn, na wɔhuu ɔbarima a na ahonhommɔne wɔ ne so no, deɛ na ɔwɔ asafodɔm no, sɛ ɔhyɛ ataadeɛ te hɔ a n’adwenem da hɔ, na ehu kaa wɔn. 16 Afei wɔn a wɔhunuiɛ no kaa deɛ ɛtoo ɔbarima a na ahonhommɔne wɔ ne so, ne deɛ ɛtoo mprako no ho asɛm kyerɛɛ wɔn. 17 Enti wɔfirii aseɛ paa Yesu kyɛw sɛ ɔmfiri wɔn mpɔtamu hɔ nkɔ.+
18 Na berɛ a ɔreforo kodoɔ no, ɔbarima a na ahonhommɔne wɔ ne so no paa no kyɛw sɛ ɔne no bɛkɔ.+ 19 Nanso wamma no kwan, mmom ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ wo fie, w’abusuafoɔ nkyɛn, na kɔka deɛ Yehowa* ayɛ ama wo nyinaa ne sɛdeɛ wahu wo mmɔbɔ no kyerɛ wɔn.” 20 Na ɔbarima no firii hɔ kɔe, na ɔfirii aseɛ kaa deɛ Yesu yɛ maa no nyinaa ho asɛm wɔ Dekapoli,* na ɛyɛɛ nkurɔfoɔ no nyinaa nwanwa.
21 Berɛ a Yesu san de kodoɔ no twa baa asuogya no, nnipadɔm kɛseɛ bi bɛtwaa ne ho hyiae, na na ɔwɔ ɛpo no ano.+ 22 Ɛnna hyiadan mu mpanimfoɔ no mu baako a ne din de Yairo baeɛ, na berɛ a n’ani bɔɔ Yesu so no, ɔbuu nkotodwe wɔ n’anim.+ 23 Na ɔsrɛɛ no mprɛ pii sɛ: “Me babaa ketewa yare paa.* Mesrɛ wo, bra na fa wo nsa bɛgu ne so,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ne ho bɛtɔ no, na wanya nkwa.” 24 Ɛnna Yesu ne no kɔeɛ, na nnipadɔm pii dii n’akyi, na wɔkyeree ne so.
25 Ná ɔbaa bi wɔ hɔ a mogya atu no+ mfeɛ 12.+ 26 Ná wahunu amane pii wɔ nnuruyɛfoɔ bebree nsam, na wahwere n’ahodeɛ nyinaa, nanso ne ho antɔ no, na mmom ɛyɛɛ kɛse. 27 Berɛ a ɔtee Yesu ho asɛm no, ɔfiri nnipadɔm no mu faa n’akyi de ne nsa bɛkaa n’ataadeɛ ngugusoɔ.+ 28 Asɛm a na ɔreka ara ne sɛ: “Sɛ mede me nsa ka n’ataadeɛ ngugusoɔ kɛkɛ mpo a, me ho bɛtɔ me.”+ 29 Na ɛhɔ ara mogya a ɛretu no no twae, na ɔtee wɔ ne nipadua mu sɛ ne yareɛ a emu yɛ den no agyae.
30 Ɛhɔ ara na Yesu nso huu sɛ tumi+ afiri ne mu, na ɔdanee ne ho wɔ nnipadɔm no mu bisaa sɛ: “Hwan na ɔde ne nsa kaa m’ataadeɛ ngugusoɔ no?”+ 31 Na n’asuafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Woahunu sɛ nnipa akyere wo so, ɛnna worebisa sɛ, ‘Hwan na ɔde ne nsa kaa me?’” 32 Nanso ɔtotoo n’ani hwɛe sɛ ɔbɛhunu deɛ ɔyɛɛ saa no anaa. 33 Na ɛsiane sɛ ɔbaa no nim deɛ akɔ so wɔ ne mu nti, ɔde ehu ne ahopopoɔ bɛkotoo n’anim, na ɔkaa mu nokorɛ nyinaa kyerɛɛ no. 34 Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔbabaa, wo gyidie ama wo ho atɔ wo. Fa asomdwoeɛ kɔ,+ na wo yareɛ a emu yɛ den no nnyae.”+
35 Na Yesu gu so rekasa no, mmarima bi firi hyiadan mu panin no fie bɛkaa sɛ: “Wo babaa no awu! Adɛn nti na woda so ha Ɔkyerɛkyerɛfoɔ no?”+ 36 Nanso Yesu tee wɔn asɛm no, na ɔka kyerɛɛ hyiadan mu panin no sɛ: “Nsuro.* Wo deɛ, nya gyidie.”+ 37 Na wamma obiara anni n’akyi, gye Petro ne Yakobo ne Yakobo nua Yohane nko ara.+
38 Enti wɔbaa hyiadan mu panin no fie, na ɔhuu sɛ ɛhɔ ayɛ gyegyeegye, na nnipa resu teateam.+ 39 Berɛ a Yesu wuraa mu no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Adɛn nti na moresu na moreyɛ gyegyeegye? Abɔfra no nwui, na mmom wada.”+ 40 Ɔkaa saa no, wɔfirii aseɛ seree no. Ɛnna ɔpamoo wɔn nyinaa firii hɔ, na ɔfaa abɔfra no papa ne ne maame ne wɔn a wɔka ne ho no, na ɔkɔɔ baabi a abɔfra no wɔ no. 41 Ɛnna ɔsɔɔ abɔfra ketewa no nsa, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Talita kuum,” a ɛkyerɛ sɛ: “Abaayewa, mese wo sɛ, sɔre!”+ 42 Ɛhɔ ara na abaayewa no sɔreeɛ, na ɔfirii aseɛ nantee. (Ná wadi mfeɛ 12.) Berɛ a ne papa ne ne maame hunuiɛ no, wɔn ani gyee papaapa. 43 Na ɔbaraa wɔn tĩĩ mu sɛ* wɔnnka nnkyerɛ obiara,+ na ɔkaa sɛ wɔmma abaayewa no biribi nni.