Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ Nehemia Nwoma No Mu Nsɛntitire NEHEMIA EMU NSƐNTITIRE 1 Nkra a ɛfiri Yerusalem baeɛ (1-3) Nehemia mpaebɔ (4-11) 2 Ɔmaa Nehemia kwan maa no kɔɔ Yerusalem (1-10) Nehemia kɔhwɛɛ sɛdeɛ ɔfasuo no teɛ (11-20) 3 Wɔfirii aseɛ yɛɛ ɔfasuo no ho adwuma (1-32) 4 Atamfo antumi amma wɔannyae adwuma no (1-14) Berɛ a wɔreyɛ adwuma nyinaa na wɔkurakura akodeɛ (15-23) 5 Nehemia maa wɔgyaee apoobɔ no (1-13) Ná Nehemia dwene nnipa ho (14-19) 6 Atamfo kɔɔ so sɔre tiaa adwuma no (1-14) Wɔde nnafua 52 wiee ɔfasuo no ho adwuma (15-19) 7 Kuro apono ne apono ano ahwɛfoɔ (1-4) Wɔn a wɔsan baa wɔn man mu no din (5-69) Asɔrefie asomfoɔ (46-56) Solomon nkoa no mma (57-60) Deɛ wɔde bɛboaa adwuma no (70-73) 8 Wɔkan Mmara no kyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ ɔman no (1-12) Wɔdii Apata Afahyɛ no (13-18) 9 Ɔman no kaa wɔn bɔne (1-38) Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔde bɔne kyɛ (17) 10 Nkurɔfoɔ no kaa sɛ wɔbɛdi Mmara no so (1-39) “Yɛremmu yɛn ani ngu yɛn Nyankopɔn fie so” (39) 11 Nnipa pii kɔtenatenaa Yerusalem (1-36) 12 Asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no (1-26) Wɔhyiraa ɔfasuo no so (27-43) Wɔboa maa asɔfoɔ no nnwuma kɔɔ so (44-47) 13 Nneɛma foforɔ a Nehemia de totoo yie (1-31) Wɔde ntotosoɔ du du baeɛ (10-13) Ɛnsɛ sɛ wɔgu Homeda ho fĩ (15-22) Ɔkaa wɔn anim sɛ wɔawareware ananafoɔ (23-28)