Nehemia
1 Hakalia ba Nehemia*+ nsɛm nie: Bosome Kislew* mu, afe a ɛtɔ so 20 no, ɛbaa sɛ na mewɔ Susan*+ abankɛseɛ mu.* 2 Ɛnna me nua Hanani+ ne mmarima bi a wɔfiri Yuda baa hɔ, na mebisaa wɔn sɛdeɛ Yudafoɔ a wɔasan kɔ wɔn nkyi no+ ho teɛ, ne sɛdeɛ nneɛma rekɔ so wɔ Yerusalem. 3 Wɔka kyerɛɛ me sɛ: “Wɔn a wɔafiri obi man so aba a wɔwɔ ɔmantam no mu asɛm yɛ mmɔbɔ paa, na animguaseɛ aka wɔn.+ Yerusalem afasuo no abubu,+ na n’apono nso, wɔde gya ahye.”+
4 Metee asɛm yi ara pɛ, metenaa ase sui, na medii awerɛhoɔ nna pii; meyɛɛ akɔnkyene*+ bɔɔ mpaeɛ wɔ ɔsoro Nyankopɔn anim. 5 Asɛm a mekaeɛ ne sɛ: “O Yehowa, ɔsoro Nyankopɔn, Onyankopɔn a woyɛ kɛseɛ na wo ho yɛ hu, na wodi w’apam so na woda ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi kyerɛ wɔn a wɔdɔ wo na wɔdi wo mmara nsɛm so,+ 6 mesrɛ wo, wɛn w’aso na bue w’ani, na tie mpaeɛ a ɛnnɛ w’akoa rebɔ no w’anim awia ne anadwo+ ama wo nkoa Israelfoɔ yi. Bɔne a Israel mma ayɛ atia wo na mereka yi. Me ne me papa fie nyinaa, yɛayɛ bɔne.+ 7 Bɔne deɛ, yɛayɛ bi atia wo;+ wo mmara nsɛm ne w’ahyɛdeɛ ne w’atemmusɛm a wode hyɛɛ w’akoa Mose nsa no, yɛanni so.+
8 “Mesrɛ wo, kae asɛm a woka kyerɛɛ* w’akoa Mose yi sɛ, ‘Sɛ moto me mmara a, me nso, mɛbɔ mo ahwete amanaman mu.+ 9 Sɛ mosan ba me nkyɛn bɛdi me mmara nsɛm so a, ɛnneɛ sɛ wɔahwete mo akɔduru ɔsoro ano mpo a, mɛboa mo ano+ afiri hɔ de mo aba baabi a mayi de me din ato no.’+ 10 Wɔyɛ wo nkoa ne wo man a wode wo tumi kɛseɛ ne wo nsa a ɛyɛ den gyee wɔn.+ 11 O Yehowa, mesrɛ wo, wɛn w’aso ma w’akoa mpaebɔ, na tie wo nkoa a wɔsuro wo din no mpaebɔ; afei mesrɛ wo, ma no nsi w’akoa yie nnɛ, na ma ɔbarima yi nhu me mmɔbɔ.”+
Saa berɛ no, me na na mehyɛ nsã ma ɔhene.+