Nehemia
7 Berɛ a wɔsan too ɔfasuo no wieeɛ ara pɛ,+ mesisii apono no.+ Ɛnna yɛyiyii apono ano ahwɛfoɔ+ ne nnwontofoɔ+ ne Lewifoɔ.+ 2 Afei mede Yerusalem hyɛɛ Hanani+ a ɔyɛ me nua, ne Hanania, Abankɛseɛ+ mu panin no nsa, ɛfiri sɛ na ɔyɛ ɔbarima nokwafoɔ a ɔsuro nokorɛ Nyankopɔn no+ sene nnipa bebree. 3 Na meka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛsɛ sɛ motwɛn kɔsi awia ketee ansa na moabue Yerusalem apono no; wɔntoto apono no mu mmram akyire berɛ a wɔrewɛn no. Afei momma Yerusalemfoɔ nyɛ awɛmfoɔ; ebinom bɛgyina wɔn awɛneeɛ na ebinom nso agyina wɔn fie anim.” 4 Saa berɛ no, na kuro no trɛ na ɛso, na na emu nnipa yɛ kakraa bi.+ Ná wɔnsisii adan biara wom.
5 Na me Nyankopɔn de hyɛɛ m’akoma mu sɛ memmoaboa atitire ne asoafoɔ ne ɔmanfoɔ no ano mma wɔntwerɛ wɔn din sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.+ Ɛnna mehuu nwoma a wɔatwerɛ wɔn a wɔdii kan baeɛ no din wom sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ; deɛ na wɔatwerɛ wom nie:
6 Nnipa a wɔfiri ɔmantam no mu a Babilon hene Nebukadnesar+ faa wɔn kɔeɛ no,+ weinom na akyire yi wɔsan baa Yerusalem ne Yuda maa obiara kɔɔ ne kurom;+ 7 wɔn na wɔne Serubabel,+ Yesua,+ Nehemia, Asaria, Raamia, Nahamani, Mordekai, Bilsan, Misperet, Bigwai, Nehum, ne Baanah baeɛ.
Israel mmarima no dodoɔ nie:+ 8 Paros mma, 2,172; 9 Sefatia mma, 372; 10 Arah mma,+ 652; 11 Pahat-Moab mma+ Yesua ne Yoab fie,+ 2,818; 12 Elam mma,+ 1,254; 13 Satu mma, 845; 14 Sakai mma, 760; 15 Binui mma, 648; 16 Bebai mma, 628; 17 Asgad mma, 2,322; 18 Adonikam mma, 667; 19 Bigwai mma, 2,067; 20 Adin mma, 655; 21 Hesekia aseni Ater mma, 98; 22 Hasum mma, 328; 23 Bisai mma, 324; 24 Harif mma, 112; 25 Gibeon mma,+ 95; 26 Betlehem ne Netofa mmarima, 188; 27 Anatot+ mmarima, 128; 28 Bet-Asmawet mmarima, 42; 29 Kiriat-Yearim+ ne Kefira ne Beerot+ mmarima, 743; 30 Rama ne Geba+ mmarima, 621; 31 Mikmas+ mmarima, 122; 32 Betel+ ne Ai+ mmarima, 123; 33 Nebo foforɔ bi mmarima, 52; 34 Elam foforɔ bi mma, 1,254; 35 Harim mma, 320; 36 Yeriko mmarima, 345; 37 Lod ne Hadid ne Ono+ mmarima, 721; 38 Senaa mmarima, 3,930.
39 Asɔfoɔ no+ nie: Yedaia a ɔfiri Yesua fie mma, 973; 40 Imer mma, 1,052; 41 Pasur mma,+ 1,247; 42 Harim+ mma, 1,017.
43 Lewifoɔ no+ nie: Yesua mma, kyerɛ sɛ, Kadmiel asefoɔ+ a wɔfiri Hodewa mma mu, wɔyɛ 74. 44 Nnwontofoɔ no nie:+ Asaf+ mma, 148. 45 Apono ano ahwɛfoɔ no nie:+ Salum mma, Ater mma, Talmon mma, Akub+ mma, Hatita mma, ne Sobai mma, 138.
46 Asɔrefie asomfoɔ* nie:+ Siha mma, Hasufa mma, Tabaot mma, 47 Keros mma, Sia mma, Padon mma, 48 Lebana mma, Hagaba mma, Salmai mma, 49 Hanan mma, Gidel mma, Gahar mma, 50 Reaia mma, Resin mma, Nekoda mma, 51 Gasam mma, Usa mma, Pasea mma, 52 Besai mma, Meunim mma, Nefusesim mma, 53 Bakbuk mma, Hakufa mma, Harhur mma, 54 Baslit mma, Mehida mma, Harsa mma, 55 Barkos mma, Sisera mma, Temah mma, 56 Nesia mma, ne Hatifa mma.
57 Solomon nkoa+ no mma nie: Sotai mma, Soferet mma, Perida mma, 58 Yaala mma, Darkon mma, Gidel mma, 59 Sefatia mma, Hatil mma, Pokeret-Hasebaim mma, ne Amon mma. 60 Asɔrefie asomfoɔ*+ ne Solomon nkoa no mma nyinaa dodoɔ yɛ 392.
61 Weinom nso na wɔfiri Tel-Mela, Tel-Harsa, Kerub, Adon, ne Imer san baeɛ a wɔantumi ankyerɛ sɛ wɔyɛ Israelfoɔ anaa wɔnyɛ bi, ɛfiri sɛ wɔantumi ankyerɛ wɔn agyanom fie ne mmusua a wɔfiri mu:+ 62 Delaia mma, Tobia mma, Nekoda mma, 642. 63 Wɔn mu asɔfoɔ nie: Habaia mma, Hakos mma,+ Basilai mma; ɔno na ɔwaree Gileadni Basilai+ mma mmaa no baako na ɔfaa wɔn din no. 64 Wɔn nyinaa hwehwɛɛ twerɛtohɔ mu de pɛɛ mmusua a wɔfiri mu nanso wɔanhunu. Enti wɔbuu wɔn sɛ wɔmfata sɛ wɔyɛ asɔfoɔ.*+ 65 Amrado*+ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ ɛnsɛ sɛ wɔdi ade kronkron paa no+ bi kɔsi sɛ ɔsɔfoɔ bi bɛma Urim ne Tumim* akyerɛ.+
66 Nnipa no nyinaa dodoɔ si 42,360,+ 67 wɔn nkoa ne wɔn mfenaa+ nka ho; wɔn nso dodoɔ yɛ 7,337; afei nso, na wɔwɔ mmarima ne mmaa nnwontofoɔ 245.+ 68 Ná wɔn apɔnkɔ yɛ 736, na wɔn mfunumupɔnkɔ yɛ 245; 69 wɔn yoma, 435; wɔn mfunumu, 6,720.
70 Agyanom mmusua mu mpanimfoɔ no binom de akyɛdeɛ bɛboaa adwuma no.+ Amrado* no ankasa de sika kɔkɔɔ drakma* 1,000, nkyɛnsee 50, ne asɔfotaadeɛ+ 530 bɛkaa akoradeɛ no ho. 71 Agyanom mmusua mu mpanimfoɔ no bi nso de sika kɔkɔɔ drakma 20,000 ne dwetɛ mmɛnnaa* 2,200 bɛkaa akoradeɛ no ho sɛ wɔmfa mmoa adwuma no. 72 Na nneɛma a ɔmanfoɔ a aka no de maeɛ no yɛ sika kɔkɔɔ drakma 20,000, nnwetɛbena 2,000 ne asɔfotaadeɛ 67.
73 Na asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne apono ano ahwɛfoɔ ne nnwontofoɔ+ ne nnipa no mu binom ne asɔrefie asomfoɔ* ne Israelfoɔ a aka nyinaa* tenatenaa wɔn nkuro mu.+ Bosome a ɛtɔ so nson no duruiɛ no,+ na Israelfoɔ no akɔtenatena wɔn nkuro mu.+