12 Yuda hene Yehoiakin firii adi kɔɔ Babilon hene nkyɛn,+ ɔne ne maame, n’asomfoɔ, n’adehyeɛ, ne n’ahemfie mpanimfoɔ,+ na Babilon hene ahennie afe a ɛtɔ so nwɔtwe mu no, Babilon hene no kyee no de no kɔeɛ.+
14 Ɔsoaa Yerusalemfoɔ nyinaa, mpanimfoɔ+ no nyinaa, akatakyie no nyinaa, adwumfoɔ, ne atomfoɔ*+ no nyinaa kɔeɛ; nnipa 10,000. Wɔannya obiara, gye asaase no so ahiafoɔ paa no.+
15 Na awɛmfoɔ so panin Nebusaradan faa mmɔborɔwafoɔ a wɔwɔ ɔman no mu no bi, ne ɔmanfoɔ a wɔaka wɔ kuro no mu no, na ɔtuu wɔn ase de wɔn kɔe. Ɔsan faa wɔn a wɔde wɔn ho kɔmaa Babilon hene, ne adwumfoɔ a wɔaka a wɔnim adwuma yie no kaa ho.+