Nehemia
10 Wɔn a wɔde wɔn ahyɛnsodeɛ tintim so+ no nie:
Hakalia ba Amrado* Nehemia;
Ɛnna Sedekia, 2 Seraia, Asaria, Yeremia, 3 Pasur, Amaria, Malkiya, 4 Hatus, Sebania, Maluk, 5 Harim,+ Meremot, Obadia, 6 Daniel,+ Gineton, Baruk, 7 Mesulam, Abia, Miyamin, 8 Maasia, Bilgai ne Semaia; wɔn ne asɔfoɔ no.
9 Lewifoɔ nso nie: Asania ba Yesua, Binui a ɔfiri Henadad mma mu, ne Kadmiel;+ 10 wɔne wɔn nuanom Sebania, Hodia, Kelita, Pelaia, Hanan, 11 Mika, Rehob, Hasabia, 12 Sakur, Serebia,+ Sebania, 13 Hodia, Bani ne Beninu.
14 Ɔman no mu atitire nie: Paros, Pahat-Moab,+ Elam, Satu, Bani, 15 Buni, Asgad, Bebai, 16 Adoniya, Bigwai, Adin, 17 Ater, Hesekia, Asor, 18 Hodia, Hasum, Bisai, 19 Harif, Anatot, Nebai, 20 Magpias, Mesulam, Hesir, 21 Mesesabel, Sadok, Yadua, 22 Pelatia, Hanan, Anaia, 23 Hosea, Hanania, Hasub, 24 Halohes, Pilha, Sobek, 25 Rehum, Hasabna, Maaseia, 26 Ahiya, Hanan, Anan, 27 Maluk, Harim, ne Baanah.
28 Na ɔman no mufoɔ a aka, kyerɛ sɛ, asɔfoɔ, Lewifoɔ, apono ano ahwɛfoɔ, nnwontofoɔ, asɔrefie asomfoɔ* ne obiara a watwe ne ho afiri asaase no sofoɔ ho abɛdi nokorɛ Nyankopɔn no Mmara no so,+ wɔn yerenom, wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa, ne obiara a ɔwɔ nimdeɛ ne nteaseɛ no,* 29 wɔn nyinaa kɔkaa wɔn nuanom atitire no ho, na wɔdii nse kaa ntam sɛ wɔbɛnante nokorɛ Nyankopɔn no Mmara a ɔnam nokorɛ Nyankopɔn akoa Mose so de maa wɔn no mu, na wɔbɛdi so pɛpɛɛpɛ sɛdeɛ yɛn Awurade Yehowa mmara nsɛm ne n’atemmusɛm ne n’ahyɛdeɛ nyinaa teɛ. 30 Wɔkaa ntam sɛ: “Yɛremfa yɛn mma mmaa mma asaase no sofoɔ, na wɔn mma mmaa nso, yɛrennye wɔn awareɛ mma yɛn mma mmarima.+
31 “Sɛ asaase no sofoɔ de nneɛma ne nnuane ahodoɔ nyinaa bi ba bɛtontɔn no Homeda a, yɛrentɔ wɔn hɔ hwee Homeda+ anaa da kronkron bi.+ Afe a ɛtɔ so nson+ no nso, yɛbɛgyaa asaase no ato hɔ, na sɛ obi de yɛn ka a, yɛde bɛkyɛ no.+
32 “Afei nso, yɛbɛhyɛ mmara ama yɛn ho sɛ afe biara yɛn mu biara de dwetɛbena* nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bɛba abɛboa yɛn Nyankopɔn fie* som adwuma,+ 33 na wɔde adi nneɛma yi ho dwuma: paanoo a wɔde taataa so,*+ daa aduane afɔreɛ,+ daa ɔhyeɛ afɔreɛ a Homeda biara,+ bosome foforɔ biara,+ ne afahyɛ ahodoɔ+ duru so a wɔbɔ, nneɛma kronkron ne bɔne ho afɔreɛ+ a wɔbɔ de pata ma Israel ne adwuma biara a wɔyɛ no yɛn Nyankopɔn fie.
34 “Afei yɛbɛbɔ yɛn agyanom abusuafie so ntonto de ahu asɔfoɔ, Lewifoɔ ne ɔmanfoɔ a afe biara sɛ berɛ no so a, wɔde anyina bɛba yɛn Nyankopɔn fie, na wɔde asɔ gya wɔ Yehowa yɛn Nyankopɔn afɔrebukyia so sɛdeɛ wɔatwerɛ no Mmara no mu no.+ 35 Afei nso, yɛde yɛn nsaase so nnɔbaeɛ a ɛdi kan ne nnua ahodoɔ nyinaa aba a ɛdi kan bɛba Yehowa fie afe afe;+ 36 yɛn mmakan ne yɛn nyɛmmoa mmakan+ ne yɛn anantwie ne yɛn nnwan mmakan nso, yɛde bɛba sɛdeɛ wɔatwerɛ no Mmara no mu no; yɛde bɛba yɛn Nyankopɔn fie de abrɛ asɔfoɔ a wɔresom wɔ yɛn Nyankopɔn fie no.+ 37 Afei yɛde yɛn aba a ɛdi kan mu esiam+ ne yɛn akyɛdeɛ ne nnua ahodoɔ nyinaa so aba,+ bobesa foforɔ ne ngo+ nso bɛbrɛ asɔfoɔ no wɔ yɛn Nyankopɔn fie adekora adan* mu,+ na yɛde yɛn nsaase so nnɔbaeɛ mu ntotosoɔ du du* bɛbrɛ Lewifoɔ no; Lewifoɔ no na wɔgye nkuro a yɛyɛ kuadwuma wom nyinaa so ntotosoɔ du du.+
38 “Na ɔsɔfoɔ a ɔyɛ Aaron aseni bɛka Lewifoɔ no ho berɛ a Lewifoɔ no regyegye ntotosoɔ du du no, na Lewifoɔ no nso de ntotosoɔ du du no so ntotosoɔ du du bɛba yɛn Nyankopɔn fie+ na wɔde agu adekoradan mpia* no mu. 39 Na adekora adan* no mu na Israelfoɔ ne Lewi mma de aduane afɔreɛ ne nsã foforɔ ne ngo no bɛba,+ na ɛhɔ na tenabea kronkron hɔ nneɛma ne asɔfoɔ a wɔsom ne apono ano ahwɛfoɔ ne nnwontofoɔ no wɔ. Yɛremmu yɛn ani ngu yɛn Nyankopɔn fie so.”+