Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ Mika Nwoma No Mu Nsɛntitire MIKA EMU NSƐNTITIRE 1 Samaria ne Yuda atemmuo (1-16) Bɔne ne atuateɛ na ɛde ɔhaw no nyinaa baeɛ (5) 2 Wɔn a wɔhyɛ nkurɔfoɔ so no nnue! (1-11) Wɔbɛsan aboaboa Israelfoɔ ano ama wɔayɛ baako (12, 13) Nnipa bɛbɔ ose wɔ asaase no so (12) 3 Wɔkasa tiaa atitire ne adiyifoɔ (1-12) Yehowa honhom hyɛɛ Mika ma (8) Asɔfoɔ kyerɛkyerɛ gye akatua (11) Yerusalem bɛyɛ aboɔ akuakuo (12) 4 Wɔama Yehowa bepɔ so (1-5) Wɔde wɔn mfena bɛyɛ nsɔ (3) ‘Yɛbɛnante Yehowa din mu’ (5) Wɔbɛsan akyekyere Sion bio ama ayɛ den (6-13) 5 Ɔhene bi ahennie bɛduru asaase nyinaa so (1-6) Ɔhene no bɛfiri Betlehem (2) Wɔn a wɔbɛka no bɛyɛ sɛ bosuo, na wɔayɛ sɛ gyata (7-9) Wɔbɛma asaase no ho ate (10-15) 6 Onyankopɔn ne Israel anya asɛm (1-5) Ɛdeɛn na Yehowa hwehwɛ? (6-8) Asɛntenenee, nokorɛdie, ahobrɛaseɛ (8) Israel bɔne ne n’asotwe (9-16) 7 Nneɛma bɔne a Israelfoɔ yɛeɛ (1-6) Onipa fiefoɔ na wɔbɛyɛ n’atamfo (6) “Mede ntoboaseɛ bɛtwɛn” (7) Wɔbɛgye Onyankopɔn nkurɔfoɔ (8-13) Mika bɔɔ mpaeɛ, na ɔyii Onyankopɔn ayɛ (14-20) Yehowa mmuaeɛ (15-17) ‘Hwan na ɔyɛ Onyankopɔn te sɛ Yehowa?’ (18)