Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ Romafoɔ Nwoma No Mu Nsɛntitire ROMAFOƆ EMU NSƐNTITIRE 1 Nkyea (1-7) Ná Paul pɛ sɛ ɔkɔ Roma (8-15) Ɔteneneeni deɛ, gyidie na ɛbɛma no anya nkwa (16, 17) Nnipa a wɔnam kwammɔne so nni anoyie biara (18-32) Onyankopɔn suban ahodoɔ da adi wɔ nneɛma a wabɔ mu (20) 2 Atemmuo a Onyankopɔn de bɛba Yudafoɔ ne Greecefoɔ so (1-16) Sɛdeɛ ahonim yɛ adwuma (14, 15) Yudafoɔ ne Mmara no (17-24) Akomam twetiatwa (25-29) 3 “Onyankopɔn deɛ, ɔyɛ ɔnokwafoɔ” (1-8) Yudafoɔ ne Greecefoɔ nyinaa hyɛ bɔne ase (9-20) Tenenee nam gyidie so (21-31) Obiara ntumi nna Onyankopɔn animuonyam adi (23) 4 Abraham gyidie nti, wɔbuu no ɔteneneeni (1-12) Abraham yɛ wɔn a wɔwɔ gyidie nyinaa agya (11) Ɛnam gyidie so na wɔnyaa bɔhyɛ no (13-25) 5 Wɔnam Kristo so asiesie yɛne Onyankopɔn ntam (1-11) Owuo nam Adam so na ɛbaeɛ; nkwa nam Kristo so na ɛbaeɛ (12-21) Bɔne ne owuo trɛ kaa obiara (12) Adetenenee baako (18) 6 Wɔbɔɔ asu kɔɔ Kristo mu maa wɔnyaa asetena foforɔ (1-11) Mommma bɔne nnni mo nipadua so (12-14) Wɔnyɛ bɔne nkoa bio; wɔyɛ Onyankopɔn nkoa (15-23) Bɔne akatua ne owuo; Onyankopɔn akyɛdeɛ ne nkwa (23) 7 Wɔnni Mmara no ase bio; ɛho mfatoho (1-6) Mmara no maa bɔne daa adi (7-12) Bɔne ne me reko (13-25) 8 Honhom no ma nkwa ne ahofadie (1-11) Honhom a ɛgye yɛn yɛ mma no di adanseɛ (12-17) Abɔdeɛ no rehwɛ Onyankopɔn mma ahofadie kwan (18-25) ‘Honhom no srɛ ma yɛn’ (26, 27) Wɔn a na Onyankopɔn ayi wɔn no (28-30) Yɛnam Onyankopɔn dɔ so di nkonim (31-39) 9 Paul dii honam fam Israel ho awerɛhoɔ (1-5) Abraham asefoɔ ankasa (6-13) Deɛ Onyankopɔn pɛ no, obiara rentumi mmisa ho asɛm (14-26) Abufuo anwenneɛ ne mmɔborɔhunu anwenneɛ (22, 23) Nkaefoɔ bi nko ara na wɔbɛgye wɔn nkwa (27-29) Israel suntiiɛ (30-33) 10 Deɛ ɛma Onyankopɔn bu obi ɔteneneeni (1-15) Yɛka yɛn gyidie kyerɛ nkurɔfoɔ (10) Obiara a ɔbɛbɔ Yehowa din afrɛ no no, ɔbɛnya nkwa (13) Asɛmpakafoɔ nan ase yɛ fɛ (15) Wɔantie asɛmpa no (16-21) 11 Wampo Israel korakora (1-16) Ngodua ho mfatoho no (17-32) Onyankopɔn nyansa mu dɔ (33-36) 12 Momfa mo nipadua mmɔ afɔreɛ a ɛte ase (1, 2) Akyɛdeɛ no dɔɔso, nanso nipadua no yɛ baako (3-8) Sɛdeɛ ɛsɛ sɛ Kristofoɔ bɔ wɔn bra (9-21) 13 Mommrɛ mo ho ase nhyɛ atumfoɔ no ase (1-7) Ɛtoɔtua (6, 7) Ɔdɔ ne Mmara no so die (8-10) Momma yɛnnante sɛdeɛ yɛnante hann mu adekyeeɛ (11-14) 14 Mommmu mo ho atɛn (1-12) Monnto obiara suntidua (13-18) Monni asomdwoeɛ ne baakoyɛ akyi (19-23) 15 Obiara nnye ne yɔnko ntom, sɛdeɛ Kristo nso gyee mo toom no (1-13) Paul, ɔsomfoɔ ma amanaman no (14-21) Paul akwantuo nhyehyɛeɛ (22-33) 16 Paul kaa Foibe ho asɛm; ɔyɛ ɔsomfoɔ (1, 2) Ɔde nkyea kɔmaa Kristofoɔ a wɔwɔ Roma (3-16) Monhwɛ mo ho yie wɔ wɔn a wɔde mpaapaemu ba ho (17-20) Paul yɔnko adwumayɛfoɔ kyeakyea mo (21-24) Ahintasɛm kronkron no ada adi (25-27)