DANIEL
1 Yuda hene Yehoiakim+ ahennie afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, Babilon hene Nebukadnesar baa Yerusalem, na ɔbɛkaa Yerusalemfoɔ hyɛɛ kuro no mu.+ 2 Berɛ bi akyi no, Yehowa de Yuda hene Yehoiakim hyɛɛ ne nsa,+ na ɔde nokorɛ Nyankopɔn no fie* nneɛma no bi nso hyɛɛ ne nsa, na ɔde kɔɔ ne nyame fie* wɔ Sinar* asaase so.+ Ɔde nneɛma no kɔguu ne nyame adekoradan mu.+
3 Na ɔhene no ka kyerɛɛ n’ahemfie panin Aspenas sɛ ɔmfa Israelfoɔ* no bi mmra, ahemfo asefoɔ ne adehyeɛ nyinaa bi.+ 4 Ná ɛsɛ sɛ wɔyɛ mmabunu* a dɛm biara nni wɔn ho, mmabunu a wɔn ho yɛ fɛ a wɔwɔ nyansa, nimdeɛ, ne nhunumu,+ a wɔbɛtumi asom wɔ ahemfie hɔ. Ɔhene kaa sɛ ɔnkyerɛ wɔn Kaldeafoɔ ntwerɛeɛ ne wɔn kasa. 5 Afei nso, ɔhene kaa sɛ wɔmma wɔn ɔhene nnuane ne ne nsã a ɔnom no bi da biara. Ɔkaa sɛ wɔntete wɔn* mfeɛ mmiɛnsa, na sɛ mfeɛ mmiɛnsa no so a, wɔabɛsom ɔhene.
6 Ná wɔn mu bi firi Yuda abusuakuo* no mu. Wɔn ne: Daniel,*+ Hanania,* Misael,* ne Asaria.*+ 7 Na ahemfie panin no totoo wɔn din;* ɔtoo Daniel din Beltesasar,+ ɔtoo Hanania din Sadrak, ɔtoo Misael din Mesak, na ɔtoo Asaria din Abednego.+
8 Daniel sii pi wɔ n’akomam sɛ ɔremfa ɔhene nnuane anaa ne nsã a ɔnom no ngu ne ho fĩ. Enti ɔsrɛɛ ahemfie panin no sɛ, ɔmpene so mma no na wamfa saa nneɛma no angu ne ho fĩ. 9 Na nokorɛ Nyankopɔn no maa ahemfie panin no yɛɛ Daniel adom,* na ɔhuu no mmɔbɔ.+ 10 Nanso ahemfie panin no ka kyerɛɛ Daniel sɛ: “Mesuro me wura ɔhene a wakyerɛ aduane ne nsã a wɔmfa mma mo no. Sɛ ɔhu sɛ moafonfɔn sene mo atipɛnfoɔ mmabunu* a aka no a, mɛyɛ dɛn? Mobɛma madi fɔ* wɔ ɔhene anim.” 11 Ɛnna Daniel ka kyerɛɛ ɔpanin a ahemfie panin no de no asi Daniel, Hanania, Misael, ne Asaria so no sɛ: 12 “Yɛpa wo kyɛw, sɔ wo nkoa hwɛ nna du, na ma wɔmma yɛn nhabamma* nni na wɔmma yɛn nsuo nnom; 13 ɛno akyi no, hwɛ yɛn na hwɛ mmabunu* a wɔdi ɔhene nnuane no, na sɛdeɛ wobɛhu no no, wo ne wo nkoa nni no saa.”
14 Enti ɔpenee deɛ wɔkaeɛ no so, na ɔsɔɔ wɔn hwɛɛ nna du. 15 Berɛ a nna du no soeɛ no, na wɔn ho ayɛ fɛ, na na wɔwɔ ahoɔden* sene mmabunu* a na wɔdi ɔhene nnuane no nyinaa. 16 Enti daa, na ɔpanin a ɔhwɛ wɔn no yi ɔhene nnuane ne nsã a wɔde ma wɔn no firi hɔ, na na ɔma wɔn nhabamma.* 17 Na nokorɛ Nyankopɔn no maa mmabunu* nnan yi nyaa ntwerɛeɛ* ne nyansa nyinaa mu nimdeɛ ne nhunumu; na ɔmaa Daniel nyaa anisoadehunu ne adaeɛ nyinaa mu nteaseɛ.+
18 Berɛ a ɔhene kaa sɛ wɔmfa wɔn mmra no soe,+ na ahemfie panin no de wɔn baa Nebukadnesar anim. 19 Berɛ a ɔhene ne wɔn kasaeɛ no, nnipa no nyinaa mu no, wanhu obiara a ɔte sɛ Daniel, Hanania, Misael, ne Asaria;+ na wɔtenaa hɔ som ɔhene no. 20 Asɛm a ɛhia nyansa ne nhunumu biara a ɔhene bisaa wɔn no, ɔhuu sɛ wɔn nyansa ne wɔn nhunumu boro akɔmfoɔ ne nkonyaayifoɔ+ a wɔwɔ n’ahennie nyinaa mu no nyinaa deɛ so mprɛ du. 21 Na Daniel tenaa hɔ kɔduruu Ɔhene Kores+ afe a ɛdi kan mu.
2 Nebukadnesar ahennie afe a ɛtɔ so mmienu mu no, ɔsosoo adaeɛ bi, na ne* ho yeraa no paa,+ na na ɔntumi nna. 2 Enti ɔhene kaa sɛ wɔnkɔfrɛ akɔmfoɔ ne nkonyaayifoɔ ne asumanfoɔ ne Kaldeafoɔ* no mmra na wɔmmɛka ɔhene daeɛ no nkyerɛ no. Na wɔbae, na wɔbɛgyinagyinaa ɔhene anim.+ 3 Na ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Maso daeɛ bi, na ama me ho yera me,* enti mepɛ sɛ mehunu daeɛ a mesoeɛ no.” 4 Ɛnna Kaldeafoɔ no ka kyerɛɛ ɔhene wɔ Aram kasa*+ mu sɛ: “O ɔhene, nya nkwa daa. Ka daeɛ no kyerɛ wo nkoa, na yɛbɛkyerɛ aseɛ.”
5 Na ɔhene ka kyerɛɛ Kaldeafoɔ no sɛ: “Asɛm a ɛtwa toɔ a mereka nie: Sɛ moanka daeɛ no ankyerɛ me, na moankyerɛ aseɛ a, wɔbɛtwitwa mo mu asinasini, na wɔbɛdane mo afie amansan agyananbea.* 6 Na sɛ moka daeɛ no na mokyerɛ aseɛ a, mɛkyɛ mo adeɛ, mɛbɔ mo aba so, na mama mo anidie kɛseɛ.+ Enti monka daeɛ no nkyerɛ me na monkyerɛ aseɛ.”
7 Ɛnna wɔkaa ne mprenu so sɛ: “Ma ɔhene nka daeɛ no nkyerɛ ne nkoa, na yɛbɛkyerɛ aseɛ.”
8 Na ɔhene kaa sɛ: “Menim paa sɛ mopɛ sɛ monya berɛ, ɛfiri sɛ monim deɛ maka. 9 Sɛ moanka daeɛ no ankyerɛ me a, adeɛ baako pɛ na ɛda hɔ retwɛn mo nyinaa. Menim sɛ moayɛ adwene sɛ mobɛka atosɛm ne nnaadaasɛm akyerɛ me akɔsi sɛ mɛsesa m’adwene. Enti monka daeɛ no nkyerɛ me, na menhunu sɛ mobɛtumi akyerɛ aseɛ.”
10 Ɛnna Kaldeafoɔ no ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Onipa biara nni asaase* so a ɔbɛtumi ayɛ deɛ ɔhene reka yi, ɛfiri sɛ ɔhenkɛseɛ anaa amrado biara nni hɔ a wabisa biribi a ɛte sei afiri ɔkɔmfoɔ anaa nkonyaayifoɔ anaa Kaldeani biara hɔ da. 11 Asɛm a ɔhene rebisa yi yɛ den, na obiara nni hɔ a ɔbɛtumi aka asɛm yi akyerɛ ɔhene, gye anyame a wɔnte nnipa mu no.”*
12 Ɛno nti ɔhene bo fuu paa, na ɔkaa sɛ wɔnkunkum Babilon anyansafoɔ nyinaa.+ 13 Berɛ a ɔhene hyɛɛ mmara no a na wɔrebɛkunkum anyansafoɔ no, wɔhwehwɛɛ Daniel ne ne nnamfo no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛkunkum wɔn nso.
14 Saa berɛ no, Daniel de nyansa ne ahwɛyie kasa kyerɛɛ ɔhene awɛmfoɔ so panin Ariok a na wasi mu sɛ ɔrekɔkunkum Babilon anyansafoɔ no. 15 Ɔbisaa ɔhene awɛmfoɔ so panin Ariok sɛ: “Adɛn nti na ɔhene ahyɛ mmara dendeenden saa?” Ɛnna Ariok kaa asɛm no kyerɛɛ Daniel.+ 16 Enti Daniel kɔɔ ɔhene nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ ɔmma no berɛ na ɔmmɛkyerɛ aseɛ nkyerɛ ɔhene.
17 Ɛno akyi no, Daniel kɔɔ ne fie, na ɔkɔkaa asɛm no kyerɛɛ ne nnamfo Hanania, Misael, ne Asaria. 18 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔmmɔ ɔsoro Nyankopɔn no mpaeɛ na ɔnhu wɔn mmɔbɔ wɔ ahintasɛm yi ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrenkum Daniel ne ne nnamfo no nka Babilon anyansafoɔ a aka no ho.
19 Ɛnna Onyankopɔn yii ahintasɛm no adi kyerɛɛ Daniel wɔ anadwo anisoadehunu mu.+ Enti Daniel yii ɔsoro Nyankopɔn no ayɛ. 20 Na Daniel kaa sɛ:
23 O m’agyanom Nyankopɔn, wo na meda wo ase na mekamfo wo,
Ɛfiri sɛ woama me nyansa ne tumi.
Na afei deɛ yɛsrɛɛ wo no, woayi no adi akyerɛ me;
Na deɛ ɛhia ɔhene no, woama yɛahunu.”+
24 Ɛnna Daniel kɔɔ Ariok a ɔhene ayi no sɛ ɔnkunkum Babilon anyansafoɔ no+ nkyɛn. Na ɔkɔka kyerɛɛ no sɛ: “Babilon anyansafoɔ no, nkum obiara. Fa me kɔ ɔhene anim, na menkɔkyerɛ ɔhene daeɛ no ase.”
25 Ɛnna Ariok yɛɛ ntɛm de Daniel kɔɔ ɔhene anim, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yudafoɔ a wɔatu wɔn ase aba ha no,+ mahunu ɔbarima bi wɔ wɔn mu a ɔbɛtumi akyerɛ ɔhene daeɛ no ase.” 26 Na ɔhene bisaa Daniel a ne din de Beltesasar+ no sɛ: “Wogye di paa sɛ daeɛ a mesoeɛ no, wobɛtumi aka akyerɛ me na woakyerɛ aseɛ?”+ 27 Daniel buaa ɔhene sɛ: “Ahintasɛm a ɔhene abisa no, anyansafoɔ, nkonyaayifoɔ, akɔmfoɔ, anaa nsoromma mu ahwɛfoɔ no mu biara rentumi nyi no adi nkyerɛ ɔhene.+ 28 Nanso Onyankopɔn bi wɔ ɔsoro a ɔyi ahintasɛm adi,+ na wama Ɔhene Nebukadnesar ahunu deɛ ɛbɛba wɔ awieeɛ nna no mu. Daeɛ a wosoeɛ no nie, na anisoadehunu a wonyaa wɔ wo tirim berɛ a na woda wo mpa so no nie:
29 “O ɔhene, berɛ a woda wo mpa so no, wodwendwenee deɛ ɛbɛba daakye ho, na deɛ ɔyi ahintasɛm adi no ama woahunu deɛ ɛbɛsi. 30 Na me deɛ, ɛnyɛ nyansa a menim sene ateasefoɔ nyinaa nti na wɔayi ahintasɛm yi akyerɛ me; mmom deɛ ɛbɛyɛ a wo ɔhene, wobɛhunu nkyerɛaseɛ no, na woahunu w’akoma mu nsusuiɛ ntira.+
31 “O ɔhene, na worehwɛ, ɛnna wohuu ohoni kɛseɛ bi. Ná ohoni no so, na na ɛhyerɛn paa. Ná ɛgyina w’anim, na na ɛyɛ hu. 32 Ohoni no, ne ti yɛ sika kɔkɔɔ amapa,+ ne koko ne n’abasa yɛ dwetɛ,+ ne yafunu ne n’asrɛ yɛ kɔbere,+ 33 ne nan yɛ dadeɛ,+ na ne nan ase fã bi yɛ dadeɛ, ɛnna ɛfã bi nso yɛ dɔteɛ.*+ 34 Wohwɛeɛ ara kɔsii sɛ wɔpaee ɛboɔ bi a ɛnyɛ obiara nsa na ɛpaeeɛ. Ɛboɔ no bɛbɔɔ ohoni no nan ase a ɛyɛ dadeɛ ne dɔteɛ no, na ɛbubuu no.+ 35 Saa berɛ no, dadeɛ, dɔteɛ, kɔbere, dwetɛ, ne sika kɔkɔɔ no nyinaa bubui, na ɛyɛɛ sɛ ntɛtɛ a ɛwɔ ayuporobea wɔ ahuhuro berɛ mu, na mframa sesa kɔe, na wɔanhunu ɛho biribiara bio. Na ɛboɔ a ɛbɔɔ ohoni no danee bepɔ kɛseɛ, na ɛyɛɛ asaase nyinaa ma.
36 “Ɛno ne daeɛ a wosoeɛ no, na afei yɛrebɛka ne nkyerɛaseɛ akyerɛ ɔhene. 37 O ɔhene, woyɛ ahemfo mu hene, na wo na ɔsoro Nyankopɔn no de ahennie+ ne tumi ne ahoɔden ne animuonyam ama wo, 38 na baabiara a nnipa mma ne wuram mmoa ne wiem nnomaa teɛ no, ɔde wɔn ahyɛ wo nsa, na ɔde wo asi wɔn nyinaa so.+ Wone etire a ɛyɛ sika kɔkɔɔ no.+
39 “Nanso w’akyi no, ahennie foforɔ bɛba*+ a ɛnnuru wo deɛ no; afei ahennie foforɔ a ɛtɔ so mmiɛnsa a ɛyɛ kɔbere nso bɛba,* na ɛbɛdi asaase nyinaa so.+
40 “Ahennie a ɛtɔ so nnan no deɛ, ɛbɛyɛ den sɛ dadeɛ.+ Na sɛdeɛ dadeɛ bubu biribi foforɔ biara na ɛyam no no, saa ara na ɛbɛbubu weinom nyinaa na ayam no. Aane, ɛbɛyam no sɛdeɛ dadeɛ yam adeɛ no.+
41 “Na sɛdeɛ wohuu ne nan ase ne ne nansoaa no sɛ ɛfã bi yɛ ɔnwemfoɔ dɔteɛ na ɛfã bi nso yɛ dadeɛ no, saa ara na ahennie no mu bɛpaapae. Nanso sɛdeɛ wohuu sɛ dadeɛ frafra dɔteɛ a ɛyɛ mmerɛ no, ahennie no fã bi bɛyɛ den sɛ dadeɛ. 42 Na sɛdeɛ ne nansoaa no fã bi yɛ dadeɛ na ne fã bi nso yɛ dɔteɛ no, saa ara na ahennie no fã bi bɛyɛ den na ne fã bi nso ayɛ mmerɛ. 43 Sɛdeɛ wohuu sɛ dadeɛ ne dɔteɛ a ɛyɛ mmerɛ adi afra no, ne fã a ɛyɛ den no ne nnipa* bɛdi afra; nanso ɛremfomfam ho, sɛdeɛ dadeɛ ne dɔteɛ ntumi mfra no.
44 “Saa ahemfo no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn no de ahennie bi bɛba.+ Wɔrensɛe saa ahennie no da,+ na ɛrenkɔdi ɔman foforɔ biara nsam.+ Ɛbɛbubu ahennie ahodoɔ yi nyinaa asɛe no,+ na ɛno nko ara na ɛbɛgyina daa.+ 45 Sɛdeɛ wohuu sɛ ɛboɔ bi a obiara nsa ampae te firii bepɔ no ho bɛbubuu dadeɛ, kɔbere, dɔteɛ, dwetɛ ne sika kɔkɔɔ no, saa ara na ɛbɛyɛ.+ Onyankopɔn Kɛseɛ no na wakyerɛ ɔhene deɛ ɛbɛba daakye.+ Daeɛ no yɛ nokorɛ, na ne nkyerɛaseɛ nso renni hwammɔ.”
46 Ɛnna Ɔhene Nebukadnesar de n’anim butuu fam wɔ Daniel anim, na ɔde anidie maa no. Na ɔkaa sɛ wɔmma no akyɛdeɛ na wɔnhye aduhwam mma no. 47 Na ɔhene ka kyerɛɛ Daniel sɛ: “Ampa ara, mo Nyankopɔn no yɛ anyame mu Nyame ne ahemfo Wura ne deɛ ɔyi ahintasɛm adi, ɛfiri sɛ woatumi ayi saa ahintasɛm yi adi.”+ 48 Enti ɔhene yɛɛ Daniel onipa kɛseɛ, na ɔkyɛɛ no nneɛma pa pii, na ɔmaa no dii Babilon mantam no nyinaa so,+ na ɔyɛɛ no Babilon anyansafoɔ nyinaa so panin. 49 Na Daniel srɛɛ ɔhene maa ɔde Sadrak, Mesak, ne Abednego+ sisii Babilon mantam no so sɛ ahwɛfoɔ, na Daniel deɛ, ɔsom wɔ ahemfie hɔ.
3 Ɔhene Nebukadnesar yɛɛ sika kɔkɔɔ honi bi a ne tenten yɛ basafa 60,* na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 6.* Ɔde sii Dura asaasetraa no so wɔ Babilon mantam no mu. 2 Ɛnna Ɔhene Nebukadnesar somaa sɛ wɔnkɔfrɛfrɛ ɔhene asoafoɔ ne atitire ne amradofoɔ ne afotufoɔ ne afotosanfoɔ ne atemmufoɔ ne asɛnnifoɔ ne amantam no so ahwɛfoɔ nyinaa sɛ wɔmmra adwabɔ a Ɔhene Nebukadnesar de rehyira ne honi so no ase.
3 Enti ɔhene asoafoɔ ne atitire ne amradofoɔ ne afotufoɔ ne afotosanfoɔ ne atemmufoɔ ne asɛnnifoɔ ne amantam no so ahwɛfoɔ nyinaa bɛhyiaa sɛ wɔreba ohoni a Ɔhene Nebukadnesar rebɛhyira so no ase bi. Na wɔbɛgyinagyinaa ohoni a Nebukadnesar de asi hɔ no anim. 4 Na ɛsɛn* no teaam dendeenden sɛ: “Nkurɔfoɔ, aman, ne nnipa a moka kasa hodoɔ, wɔreka akyerɛ mo sɛ, 5 sɛ mote abɛn, atɛntɛbɛn, sambuka sankuo, sankuwa, sankuo, atɛntɛbɛn kɛseɛ, ne nnwontoɔ nneɛma a aka no nyinaa nnyegyeeɛ a, mommutubutu fam nsom sika kɔkɔɔ honi a Ɔhene Nebukadnesar de asi hɔ no. 6 Obiara a wammutu fam ansom no no, ɛhɔ ara, wɔbɛto no ato fononoo a egya redɛre buruburuburu wɔ mu no mu.”+ 7 Ɛno nti, berɛ a nkurɔfoɔ no nyinaa tee abɛn, atɛntɛbɛn, sambuka sankuo, sankuwa, sankuo, ne nnwontoɔ nneɛma a aka no nyinaa nnyegyeeɛ no, nkurɔfoɔ, aman, ne nnipa a wɔka kasa hodoɔ no nyinaa butubutuu fam, na wɔsom sika kɔkɔɔ honi a Ɔhene Nebukadnesar de asi hɔ no.
8 Saa berɛ no, Kaldeafoɔ bi ba bɛbɔɔ Yudafoɔ no soboɔ.* 9 Wɔbɛka kyerɛɛ Ɔhene Nebukadnesar sɛ: “O ɔhene, nya nkwa daa. 10 Ɔhene, wo na wohyɛɛ mmara sɛ onipa biara a ɔbɛte abɛn, odurugya, sambuka sankuo, sankuwa, sankuo, atɛntɛbɛn, ne nnwontoɔ nneɛma a aka no nyinaa nnyegyeeɛ no, ɔmmutu fam nsom sika kɔkɔɔ honi no; 11 na deɛ wammutu fam ansom no no, wɔde no bɛto fononoo a egya redɛre buruburuburu wɔ mu no mu.+ 12 Yudafoɔ bi wɔ hɔ a woayi wɔn sɛ wɔnhwɛ Babilon mantam no so. Wɔn ne: Sadrak, Mesak ne Abednego.+ Ɔhene, saa mmarima yi mmu wo. Wɔnsom w’anyame, na sika kɔkɔɔ honi a wode asi hɔ no nso, wɔse wɔrensom no.”
13 Ɛnna Nebukadnesar bo fuu dendeenden, na ɔkaa sɛ wɔnkɔfa Sadrak, Mesak ne Abednego mmra. Enti wɔkɔfaa mmarima yi baa ɔhene anim. 14 Na Nebukadnesar bisaa wɔn sɛ: “Sadrak, Mesak, ne Abednego, ɛyɛ ampa sɛ monsom m’anyame,+ na sika kɔkɔɔ honi a mede asi hɔ no nso, mose morensom no? 15 Afei, sɛ moayɛ krado sɛ mote abɛn, odurugya, sambuka sankuo, sankuwa, sankuo, atɛntɛbɛn, ne nnwontoɔ nneɛma a aka no nyinaa nnyegyeeɛ, na mobɛbutu fam asom ohoni a mayɛ no a, ɛnneɛ me ne mo nni asɛm. Na sɛ moansom no a, ɛnneɛ ɛhɔ ara, wɔde mo bɛgu fononoo a egya redɛre buruburuburu wɔ mu no mu. Na onyame bɛn na ɔbɛtumi agye mo afiri me nsam?”+
16 Ɛnna Sadrak, Mesak, ne Abednego buaa ɔhene sɛ: “O Nebukadnesar, ɛnhia sɛ yɛma wo mmuaeɛ biara wɔ asɛm yi ho. 17 Sɛ ɛba no saa a, yɛn Nyankopɔn a yɛsom no no bɛtumi agye yɛn afiri fononoo a egya redɛre buruburuburu wɔ mu no mu, na ɔbɛtumi agye yɛn afiri wo nsam, O ɔhene.+ 18 Na sɛ amma saa mpo a, ɔhene, yɛpɛ sɛ wohunu sɛ, yɛrensom w’anyame no, na sika kɔkɔɔ honi a wode asi hɔ no nso, yɛrensom no.”+
19 Na Nebukadnesar bo fuu Sadrak, Mesak, ne Abednego dendeenden maa n’anim* sesaa koraa. Na ɔkaa sɛ wɔmma fononoo no mu nyɛ hye mprɛ nson nkyɛn sɛdeɛ wɔtaa yɛ no no. 20 Na ɔka kyerɛɛ mmarima ahoɔdenfoɔ bi a wɔka n’asraafoɔ no ho sɛ wɔnkyekyere Sadrak, Mesak, ne Abednego, na wɔnkɔto wɔn ngu fononoo a egya redɛre buruburuburu wɔ mu no mu.
21 Enti wɔkyekyeree mmarima yi berɛ a na wɔn ntoma, wɔn ntaadeɛ, wɔn abotire, ne wɔn ho ntaadeɛ foforɔ da so hyehyɛ wɔn, na wɔtoo wɔn guu fononoo a egya redɛre buruburuburu wɔ mu no mu. 22 Ɛsiane sɛ na ɔhene asɛm no mu yɛ den paa, na fononoo no mu ayɛ hye aboro so nti, mmarima a wɔde Sadrak, Mesak, ne Abednego kɔeɛ no mmom na egyaframa no kunkum wɔn. 23 Na mmarima mmiɛnsa yi, Sadrak, Mesak, ne Abednego deɛ, wɔhwehwee fononoo a egya redɛre buruburuburu wɔ mu no mu berɛ a na wɔakyekyere wɔn.
24 Ɛnna Ɔhene Nebukadnesar akoma tuiɛ, na ɔyɛɛ ntɛm sɔree. Na ɔbisaa ɔhene mpanimfoɔ no sɛ: “Ɛnyɛ mmarima mmiɛnsa na yɛkyekyeree wɔn too wɔn guu egya no mu?” Wɔbuaa ɔhene sɛ: “Ɛyɛ ampa, O ɔhene.” 25 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Hwɛ! Mehunu mmarima nnan a wɔnenam egya no mu. Wɔnkyekyeree wɔn, na wɔn ho ntɔɔ kyima, na deɛ ɔtɔ so nnan no te sɛ anyame no ba bi.”
26 Na Nebukadnesar bɛn fononoo a egya redɛre buruburuburu wɔ mu no ano. Na ɔkaa sɛ: “Sadrak, Mesak, ne Abednego, Ɔsorosoroni Nyankopɔn no+ nkoa, mompue mmra!” Na Sadrak, Mesak, ne Abednego pue firii egya no mu bae. 27 Na ɔhene asoafoɔ ne atitire ne amradofoɔ ne ɔhene mpanimfoɔ a ahyia hɔ no+ hunuu sɛ egya no anyɛ wɔn nipadua hwee;*+ wɔn tiri nwi baako mpo anhye, wɔn ntoma nso, sɛdeɛ na ɛteɛ ara na na ɛteɛ, na na wisie biara nnyee wɔn ho.*
28 Ɛnna Nebukadnesar kaa sɛ: “Ayeyie nka Sadrak, Mesak, ne Abednego Nyankopɔn+ a wasoma ne bɔfoɔ ama wabɛgye ne nkoa no. Wɔde wɔn ho too ne so, na wɔantie ɔhene asɛm. Ná wɔayɛ krado sɛ wɔbɛwu* sene sɛ wɔbɛkoto anaa wɔbɛsom onyame bi aka wɔn ankasa Nyankopɔn no ho.+ 29 Ɛno nti, merehyɛ mmara sɛ, nkurɔfoɔ, aman, ne nnipa a wɔka kasa hodoɔ nyinaa, obiara a ɔbɛka asɛm bi atia Sadrak, Mesak, ne Abednego Nyankopɔn no, wɔbɛtwitwa ne mu asinasini, na wɔadane ne fie amansan agyananbea,* ɛfiri sɛ onyame biara nni hɔ a ɔbɛtumi agye onipa sɛ wei.”+
30 Na ɔhene maa Sadrak, Mesak, ne Abednego diberɛ kɛseɛ* wɔ Babilon mantam no mu.+
4 “Krataa yi firi me, Ɔhene Nebukadnesar nkyɛn. Mede rekɔma nkurɔfoɔ ne aman ne nnipa a wɔka kasa hodoɔ nyinaa wɔ asaase so baabiara: Asomdwoeɛ pii nka mo! 2 Ɛyɛ me anigye sɛ mɛka nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ a Ɔsorosoroni Nyankopɔn no ayɛ ama me no ho asɛm akyerɛ mo. 3 Ne nsɛnkyerɛnne yɛ akɛseɛ, na n’anwanwadeɛ kyɛn so! N’ahennie yɛ ahennie a ɛtim hɔ daa, na ɔdi tumi wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.+
4 “Me, Nebukadnesar, ná mete me fie dwoodwoo, na na medi yie wɔ m’ahemfie. 5 Mesoo daeɛ bi a ɛmaa mebɔɔ hu. Berɛ a meda me mpa so no, nneɛma a ɛbaa me tirim ne m’anisoadehunu maa mesuroeɛ.+ 6 Enti mehyɛɛ mmara sɛ wɔmfa Babilon anyansafoɔ nyinaa mmra m’anim na wɔmmɛkyerɛ me daeɛ no ase.+
7 “Ɛnna akɔmfoɔ, nkonyaayifoɔ, Kaldeafoɔ,* ne nsoromma mu ahwɛfoɔ+ no baeɛ. Berɛ a mekaa daeɛ no kyerɛɛ wɔn no, wɔantumi ankyerɛ me aseɛ.+ 8 Akyire yi, Daniel baa m’anim, deɛ wɔfrɛ no Beltesasar+ sɛdeɛ me nyame no din teɛ,+ a ɔwɔ anyame kronkron no honhom no,+ na mekaa daeɛ no kyerɛɛ no sɛ:
9 “‘Akɔmfoɔ panin Beltesasar,+ menim paa sɛ anyame kronkron no honhom wɔ wo mu,+ na ahintasɛm biara nni hɔ a ɛboro wo so.+ Enti anisoadehunu a menyaa wɔ daeɛ mu no, kyerɛ me mu, na ka ne nkyerɛaseɛ kyerɛ me.
10 “‘Anisoadehunu a menyaa wɔ me mpa so no, mehuu dua bi+ a ɛsi asaase mfimfini, na na ɛware tenteenten.+ 11 Dua no nyinii, na ɛbɛyɛɛ den, na ne nkɔnmu kɔduruu soro, na na wɔhunu wɔ asaase anoano baabiara. 12 Ná n’ahaban yɛ fɛ, n’aba dɔɔso, na na aduane wɔ so ma obiara. Wuram mmoa kɔdedaa ne nwunu mu, na wiem nnomaa nso kɔsisii ne nkorabata so, na na nnipa ne mmoa nyinaa* didi so.
13 “‘Anisoadehunu a menyaa wɔ me mpa so no, mehuu ɔwɛmfoɔ bi, ɔkronkronni bi, sɛ ɔfiri soro resiane ba.+ 14 Na ɔteaam dendeenden sɛ: “Montwa dua no nto fam,+ montwitwa ne nkorabata, momporo n’ahaban, na mompansam n’aba! Momma mmoa nnwane mfiri aseɛ, na nnomaa ntutu mfiri ne nkorabata so. 15 Nanso monnya ne dunsini ne ne nhini no wɔ asaase mu wɔ wuram wɔ serɛ so, na momfa dadeɛ ne kɔbere nkyekyere. Momma ɔsoro bosuo mfɔ no, na ɛne mmoa ntena wuram wɔ asaase so.+ 16 Ma n’akoma nsesa na anyɛ onipa deɛ bio, na wɔmma no aboa akoma, na mmerɛ nson+ ntwam.+ 17 Awɛmfoɔ na wɔde saa asɛm yi too dwa,+ na akronkronfoɔ na wɔhwɛ maa wɔde atemmuo yi too dwa, na ama ateasefoɔ ahunu sɛ Ɔsorosoroni no na ɔdi nnipa ahennie so tumi,+ na ɔde ma obiara a ɔpɛ, na onipa a wɔmfa no nyɛ hwee koraa no na ɔde no si so.”
18 “‘Daeɛ yi na me, Ɔhene Nebukadnesar, mesoeɛ. Na afei wo, Beltesasar, kyerɛ aseɛ, ɛfiri sɛ m’ahennie mu anyansafoɔ a aka nyinaa antumi ankyerɛ me aseɛ.+ Nanso wo deɛ, wobɛtumi, ɛfiri sɛ anyame kronkron no honhom wɔ wo mu.’
19 “Ɛnna Daniel a ne din de Beltesasar+ no ho dwirii no kakra, na nneɛma a ɔredwene ho wɔ ne tirim no maa ɔbɔɔ hu.
“Ɔhene kaa sɛ, ‘Beltesasar, mma daeɛ no ne ne nkyerɛaseɛ mmmɔ wo hu.’
“Ɛnna Beltesasar buaa sɛ, ‘O me wura, anka ma daeɛ no mfa wɔn a wɔmpɛ w’asɛm no ho, na ne nkyerɛaseɛ mfa w’atamfo ho.
20 “‘Dua a wohunuiɛ a ɛnyiniiɛ, na ɛyɛɛ kɛseɛ, na ɛbɛyɛɛ den, na ne nkɔnmu kɔduruu soro, na wɔhunuu wɔ asaase anoano baabiara,+ 21 a n’ahaban yɛ fɛ, na n’aba dɔɔso, na aduane wɔ so ma obiara, na wuram mmoa deda aseɛ, na wiem nnomaa sisi ne nkorabata so no,+ 22 ɔhene, ɛyɛ wo a, ɛfiri sɛ woabɛyɛ ɔhenkɛseɛ, na woayɛ den, na wo kɛseyɛ no akɔ ara akɔduru soro,+ na wo tumidie akɔduru asaase ano akyirikyiri.+
23 “‘Ɔhene huu ɔwɛmfoɔ bi, ɔkronkronni bi,+ sɛ ɔfiri ɔsoro resiane ba, na ɔkaa sɛ: “Montwa dua no nto fam na monsɛe no, nanso monnya ne dunsini ne ne nhini no wɔ asaase mu wɔ wuram wɔ serɛ so, na momfa dadeɛ ne kɔbere nkyekyere. Na momma ɔsoro bosuo mfɔ no, na ɛne mmoa ntena wuram nkɔsi sɛ mmerɛ nson bɛtwam.”+ 24 Ɔhene, nkyerɛaseɛ no nie; ɛyɛ Ɔsorosoroni no atemmuo a ɛbɛba me wura ɔhene so. 25 Wɔbɛpamo wo afiri nnipa mu, na wo ne wuram mmoa bɛtena, na wobɛwe wura sɛ nantwie; na ɔsoro bosuo bɛfɔ wo,+ na mmerɛ nson+ bɛtwam,+ akɔsi sɛ wobɛhunu sɛ Ɔsorosoroni no na ɔdi nnipa ahennie so tumi, na ɔde ma obiara a ɔpɛ.+
26 “‘Nanso ɛsiane sɛ wɔkaa sɛ wɔnnya dua no dunsini ne ne nhini nti,+ sɛ wonya hunu sɛ ɔsoro na ɛdi tumi a, w’ahennie no bɛsan abɛdi wo nsam bio. 27 Enti ɔhene, mepa wo kyɛw, tie m’afotuo yi. Yɛ adetenenee na fa twe wo ho firi wo bɔne ho, na hu ahiafoɔ mmɔbɔ fa pepa w’amumuyɛ. Ebia ɛbɛma woadi yie anya asomdwoeɛ akyɛ.’”+
28 Weinom nyinaa baa Ɔhene Nebukadnesar so.
29 Abosome 12 akyi no, ɛbaa sɛ na ɔnenam Babilon ahemfie no atifi. 30 Na ɔhene kaa sɛ: “Babilon Kɛseɛ a mede me ara m’ahoɔden ne me tumi akyekyere de ayɛ ahenkuro sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara bɛhunu m’animuonyam ne me tumi no, ɛnyɛ ɛno nie?”
31 Berɛ a ɔhene gu so rekasa no, ɛnne bi firi soro baa sɛ: “Ɔhene Nebukadnesar, wɔreka akyerɛ wo sɛ, ‘Ahennie no afiri wo nsa.+ 32 Wɔrepamo wo afiri nnipa mu. Wo ne wuram mmoa bɛtena, na wobɛwe wura sɛ nantwie, na mmerɛ nson bɛtwam, akɔsi sɛ wobɛhunu sɛ Ɔsorosoroni no na ɔdi nnipa ahennie so tumi, na ɔde ma obiara a ɔpɛ.’”+
33 Saa berɛ no ara, asɛm no baa mu wɔ Nebukadnesar so. Na wɔpamoo no firii nnipa mu, na ɔfirii aseɛ wee wura sɛ nantwie, na ɔsoro bosuo fɔɔ ne honam kɔsii sɛ ne nwi fuu sɛ ɔkɔdeɛ ntakra, na ne mmɔwerɛ yɛɛ sɛ nnomaa deɛ.+
34 “Saa berɛ no baa awieeɛ no,+ me, Nebukadnesar, mehwɛɛ ɔsoro, na m’adwene san yɛɛ adwuma; na meyii Ɔsorosoroni no ayɛ, na mekamfoo Deɛ ɔte ase daa no hyɛɛ no animuonyam, ɛfiri sɛ ne tumi yɛ tumi a ɛwɔ hɔ daa, na n’ahennie wɔ hɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.+ 35 Asaase sofoɔ nyinaa nsɛ hwee mma no, na ɔyɛ deɛ ɔpɛ wɔ ɔsoro asafo ne asaase sofoɔ mu. Obiara nni hɔ a ɔbɛtumi asi no kwan*+ anaa ɔbɛtumi aka akyerɛ no sɛ, ‘Ɛdeɛn na woayɛ yi?’+
36 “Saa berɛ no, m’adwene san yɛɛ adwuma bio, na m’ahennie animuonyam, me tumi, ne me hyerɛn san bɛdii me nsam bio.+ Me mpanimfoɔ ne m’aberempɔn hwehwɛɛ me dendeenden, na wɔde me sii m’ahennie so bio, na menyaa tumi a ɛsene kane deɛ no kaa ho.
37 “Enti me, Nebukadnesar, meyi ɔsoro Hene no ayɛ,+ na mema no so hyɛ no animuonyam, ɛfiri sɛ ne nnwuma nyinaa yɛ nokorɛ, na n’akwan tene,+ na wɔn a wɔma wɔn ho so no, ɔtumi brɛ wɔn ase.”+
5 Ɔhene Belsasar+ too pono kɛseɛ bi maa n’aberempɔn 1,000, na ɔnom nsã wɔ wɔn anim.+ 2 Berɛ a nsã no boo Belsasar no, ɔkaa sɛ wɔmfa sika kɔkɔɔ ne dwetɛ nneɛma a ne papa* Nebukadnesar kɔfa firii Yerusalem asɔrefie hɔ baeɛ no mmra,+ na ɔhene ne n’aberempɔn, ne ne mpenafoɔ,* ne ne yerenom nkumaa no nnom mu. 3 Ɛnna wɔde nneɛma a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ a wɔkɔfa firii Onyankopɔn asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem no baeɛ, na ɔhene ne n’aberempɔn, ne ne mpenafoɔ, ne ne yerenom nkumaa no nom mu. 4 Wɔnom nsã, na wɔkamfoo anyame a wɔde sika kɔkɔɔ, ne dwetɛ, ne kɔbere, ne dadeɛ, ne dua, ne aboɔ ayɛ no.
5 Prɛko pɛ na onipa nsateaa bi baeɛ, na ɛfirii aseɛ twerɛɛ ahemfie no fasuo ho, baabi a ɛne kaneadua no di nhwɛanimu no. Berɛ a nsa no retwerɛ no, na ɔhene hunu nsa no akyi. 6 Ɛnna ɔhene yɛɛ hoyaa,* na nneɛma a ɔredwene ho wɔ ne tirim no maa no bɔɔ hu, na n’asene mu hodwoeɛ,+ na ne nkotodwe keka boom.
7 Ɔhene teaam dendeenden sɛ wɔnkɔfa nkonyaayifoɔ, Kaldeafoɔ,* ne nsoromma mu ahwɛfoɔ no mmra.+ Na ɔhene ka kyerɛɛ Babilon anyansafoɔ no sɛ: “Obiara a ɔbɛkan ntwerɛeɛ yi na wakyerɛ me aseɛ no, wɔde ntoma afasebire bɛfira no, na wɔde sika kɔkɔɔ kɔnmuadeɛ bɛgu ne kɔn mu,+ na ɔbɛyɛ deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa a ɔbɛdi tumi wɔ ahennie yi mu.”+
8 Ɛnna ɔhene anyansafoɔ no nyinaa baeɛ, nanso wɔantumi ankan ntwerɛeɛ no, na wɔantumi ankyerɛ aseɛ ankyerɛ ɔhene.+ 9 Enti Ɔhene Belsasar bɔɔ hu paa, na n’anim yɛɛ hoyaa; na n’aberempɔn no ho yeraa wɔn.+
10 Ɔhene ne n’aberempɔn nsɛm no nti, ɔhemmaa no baa apontoɔ dan no mu. Na ɔhemmaa no kaa sɛ: “O ɔhene, nya nkwa daa! Mma nneɛma a woredwene ho wɔ wo tirim no mmmɔ wo hu, na mma w’anim nnyɛ hoyaa. 11 Ɔbarima* bi wɔ w’ahennie mu a ɔwɔ anyame kronkron no honhom. Wo papa berɛ so no, wɔhuu sɛ ɔwɔ nimdeɛ ne nhunumu ne nyansa a ɛte sɛ anyame nyansa.+ Wo papa, Ɔhene Nebukadnesar, de no sii akɔmfoɔ, nkonyaayifoɔ, Kaldeafoɔ,* ne nsoromma mu ahwɛfoɔ no so panin.+ Ɔhene, wo papa na ɔyɛɛ no saa. 12 Daniel a ɔhene too ne din Beltesasar no,+ na ɔnim adeɛ paa, na na ɔwɔ nimdeɛ ne nhunumu a wɔde kyerɛ daeɛ ne akasabebuo* ase, nimdeɛ ne nhunumu a wɔde kyerɛkyerɛ nsɛm a emu yɛ den mu.*+ Enti ma wɔnkɔfrɛ Daniel mmra, na ɔbɛkyerɛ aseɛ akyerɛ wo.”
13 Ɛnna wɔde Daniel baa ɔhene anim. Na ɔhene bisaa Daniel sɛ: “Wone Daniel anaa? Woka nkurɔfoɔ a me papa ɔhene atu wɔn ase afiri Yuda de wɔn aba ha no ho?+ 14 Mate wo nka sɛ wowɔ anyame no honhom,+ na wɔahunu sɛ wowɔ nimdeɛ ne nhunumu, na wowɔ nyansa a ɛkyɛn so.+ 15 Wɔde anyansafoɔ ne nkonyaayifoɔ no baa m’anim sɛ wɔmmɛkenkan ntwerɛeɛ yi na wɔnkyerɛ me aseɛ, nanso wɔantumi ankyerɛ asɛm no ase.+ 16 Nanso mate wo nka sɛ wotumi kyerɛ nsɛm ase,+ na wotumi kyerɛkyerɛ nsɛm a emu yɛ den mu.* Enti sɛ wotumi kenkan ntwerɛeɛ yi na wokyerɛ me aseɛ a, wɔde ntoma afasebire bɛfira wo, na wɔde sika kɔkɔɔ kɔnmuadeɛ bɛgu wo kɔn mu, na wobɛyɛ deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa a ɔbɛdi tumi wɔ ahennie yi mu.”+
17 Ɛnna Daniel ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Ma w’akyɛdeɛ no nwɔ hɔ, na fa w’akyɛdeɛ no ma nnipa foforɔ. Nanso, mɛkenkan ntwerɛeɛ no akyerɛ ɔhene, na mama woahunu ne nkyerɛaseɛ. 18 Ɔhene, Ɔsorosoroni Nyankopɔn no de ahennie ne kɛseyɛ ne anidie ne tumi maa wo papa Nebukadnesar.+ 19 Kɛseyɛ a Ɔde maa no nti, nkurɔfoɔ, aman, ne nnipa a wɔka kasa hodoɔ nyinaa ho popoo wɔ n’anim na wɔsuroo no.+ Obiara a ɔpɛ no, ɔkuu no, na obiara a ɔpɛ no, ɔmaa no tenaa ase; obiara a ɔpɛ no, ɔmaa no so, na obiara a ɔpɛ no, ɔbrɛɛ no ase.+ 20 Nanso berɛ a n’akoma maa ne ho so na ne honhom yɛɛ den maa ɔyɛɛ ahantan no,+ wɔtuu no firii n’ahennwa so, na wɔgyee n’animuonyam firii ne nsam. 21 Wɔpamoo no firii nnipa mu, na wɔmaa n’akoma yɛɛ sɛ aboa deɛ, na wuram mfunumu na ɔne wɔn tenaeɛ. Ɔwee wura sɛ nantwie, na ɔsoro bosuo fɔɔ ne honam, kɔsii sɛ ɔhuu sɛ Ɔsorosoroni Nyankopɔn no na ɔdi nnipa ahennie so tumi, na ɔde ma obiara a ɔpɛ.+
22 “Na wo, ne ba* Belsasar, wonim weinom nyinaa, nanso woammrɛ w’akoma ase. 23 Mmom, Ɔsoro Wura no na woama wo ho so atia no,+ na woama wɔde ne fie nneɛma abrɛ wo.+ Na wo ne w’aberempɔn, ne wo mpenafoɔ, ne wo yerenom nkumaa anom mu nsã, na woakamfo anyame a wɔde dwetɛ ne sika kɔkɔɔ, kɔbere, dadeɛ, dua, ne aboɔ ayɛ no, anyame a wɔnhunu adeɛ na wɔnte asɛm na wɔnnim hwee no.+ Na Onyankopɔn a wo home+ ne w’akwan nyinaa wɔ ne nsam no deɛ, woanhyɛ no animuonyam. 24 Enti ɔno na ɔsomaa nsa yi maa ɛbɛtwerɛɛ ntwerɛeɛ yi.+ 25 Na nsɛm a ɛtwerɛeɛ no nie: MENE, MENE, TEKEL, ne PARSIN.
26 “Nsɛm no nkyerɛaseɛ nie: MENE, Onyankopɔn akan nna a w’ahennie bɛdi, na ɔde aba awieeɛ.+
27 “TEKEL, wɔakari wo wɔ nsenia* mu, na wɔahunu sɛ wonnuru baabiara.
28 “PERES, wɔakyɛ w’ahennie mu de ama Mediafoɔ ne Persiafoɔ.”+
29 Ɛnna Belsasar ka maa wɔde ntoma afasebire firaa Daniel, na wɔde sika kɔkɔɔ kɔnmuadeɛ guu ne kɔn mu; na wɔbɔɔ dawuro sɛ ɔno na ɔbɛyɛ deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa a ɔbɛdi tumi wɔ ahennie no mu.+
30 Saa anadwo no ara, wɔkum Kaldeafoɔ hene Belsasar.+ 31 Na wɔde ahennie no maa Mediani Dario.+ Saa berɛ no, na wadi bɛyɛ mfe 62.
6 Dario hunuu sɛ ɛyɛ sɛ ɔyi ɔhene asoafoɔ 120 na ɔde wɔn sisi ahennie no nyinaa so.+ 2 Ɔde ahemfie mpanimfoɔ mmiɛnsa sisii wɔn so, na na Daniel yɛ mmiɛnsa no mu baako.+ Mmiɛnsa no na na ɔhene asoafoɔ no+ bu akonta kyerɛ wɔn, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔhene renhwere adeɛ. 3 Ná Daniel da nso wɔ ahemfie mpanimfoɔ ne ɔhene asoafoɔ no mu, ɛfiri sɛ na ɔnim nyansa paa,+ na na ɔhene ayɛ n’adwene sɛ ɔbɛma no diberɛ kɛseɛ paa wɔ ahennie no nyinaa mu.
4 Saa berɛ no, na ahemfie mpanimfoɔ ne ɔhene asoafoɔ no rehwehwɛ sɛ wɔbɛnya Daniel ho asɛm wɔ adwuma a ɔhene de ama no no* ho, nanso wɔannya bi, na wɔanhunu ne ho bɔne biara nso, ɛfiri sɛ na ɔdi nokorɛ, ɔmfa n’adwuma nni agorɔ, na na bɔne biara nni ne ho. 5 Enti mmarima no kaa sɛ: “Yɛrennya Daniel yi ho asɛm biara; yɛbɛnya no a, gye sɛ ne Nyankopɔn mmara ho.”+
6 Ɛnna ahemfie mpanimfoɔ ne ɔhene asoafoɔ yi kaa wɔn ho boom kɔɔ ɔhene nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔhene Dario, nya nkwa daa. 7 Ahemfie mpanimfoɔ, atitire, ɔhene asoafoɔ, ɔhene agyinatufoɔ, ne amradofoɔ nyinaa ayɛ adwene sɛ wɔde ahyɛdeɛ ne mmara bi bɛba wɔ ɔhene din mu, na wɔahwɛ ama mmara no ayɛ adwuma. Ɛne sɛ, nnafua 30 deɛ, ɛnsɛ sɛ obiara bisa biribi firi onyame anaa onipa biara hɔ, ka wo, ɔhene ho. Obiara a wantie no, wɔbɛto no atwene agyata amena mu.+ 8 Enti ɔhene, hyɛ mmara no, na fa wo nsa hyɛ aseɛ,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara rentumi nsesa no, sɛdeɛ Media ne Persia mmara a wɔnsesa no no teɛ.”+
9 Enti Ɔhene Dario de ne nsa hyɛɛ ahyɛdeɛ ne mmara no ase.
10 Berɛ a Daniel tee sɛ ɔhene de ne nsa ahyɛ mmara no ase pɛ, ɔkɔɔ ne fie. Ná ne dan a ɛwɔ aborosan so mu mpomma a ɛkyerɛ Yerusalem no abuebue.+ Na da biara, na ɔbu nkotodwe mprɛnsa bɔ mpaeɛ, na na ɔyi ne Nyankopɔn ayɛ sɛdeɛ na ɔtaa yɛ no. 11 Ɛnna saa mmarima no bɔ wuraa Daniel fie, na wɔhuu sɛ ɔde n’abisadeɛ reto ne Nyankopɔn anim, na ɔresrɛ no sɛ ɔnyɛ no adom.
12 Enti wɔkɔɔ ɔhene nkyɛn, na wɔkɔkaee no mmara a wahyɛ no. Wɔkaa sɛ: “Ɔhene, ɛnyɛ wo na wode wo nsa hyɛɛ mmara ase sɛ obiara a ɔbɛbisa onyame anaa onipa biara hɔ biribi aka wo ho nnafua 30 mu no, wɔbɛto no atwene agyata amena mu?” Ɔhene buaa sɛ: “Asɛm no atim sɛdeɛ Media ne Persia mmara a wɔnsesa no no teɛ.”+ 13 Ɛhɔ ara na wɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Daniel a ɔka Yudafoɔ a wɔatu wɔn ase aba ha ho no,+ ɔhene, ɔmmu wo, na mmara a wode wo nsa ahyɛ aseɛ no nso, ɔmfa nyɛ hwee, na da biara, ɔbɔ mpaeɛ mprɛnsa.”+ 14 Berɛ a ɔhene tee asɛm no, ɛyɛɛ no ya paa, na ɔdwenee ho ara hwɛɛ sɛ ɔbɛnya ɛkwan bi afa so agye Daniel anaa. Ɔyɛɛ biara sɛ ɔbɛgye no; ɔyɛeɛ ara kɔsii sɛ awia tɔeɛ. 15 Ɛnna mmarima no kaa wɔn ho boom kɔɔ ɔhene nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔhene, kae sɛ, Mediafoɔ ne Persiafoɔ mmara kyerɛ sɛ, ahyɛdeɛ ne mmara biara a ɔhene ahyɛ no, wɔntumi nsesa no.”+
16 Enti ɔhene kaa sɛ wɔnkɔfa Daniel mmra, na wɔkɔfaa no ba bɛtoo no twenee agyata amena mu.+ Na ɔhene ka kyerɛɛ Daniel sɛ: “Wo Nyankopɔn a wosom no daa no bɛgye wo.” 17 Na wɔde boɔ bi ba bɛtoo amena no ano, na ɔhene de ne kawa, ne n’aberempɔn nkawa yɛɛ ahyɛnsodeɛ wɔ ɛboɔ no so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrensesa Daniel ho asɛm biara.
18 Na ɔhene kɔɔ n’ahemfie. Ɔkyenee kɔm anadwo no, na wamfa biribiara annyegye n’ani,* na wantumi anna.* 19 Ɛnna ɔhene sɔree ahomakye, na ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ agyata amena no ano. 20 Berɛ a ɔbɛn amena no ano no, ɔde awerɛhoɔ nne teaam frɛɛ Daniel. Ɔhene bisaa Daniel sɛ: “Daniel, Onyankopɔn teasefoɔ no akoa, wo Nyankopɔn a wosom no daa no atumi agye wo afiri agyata no nsam anaa?” 21 Ntɛm ara na Daniel ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Ɔhene, nya nkwa daa. 22 Me Nyankopɔn asoma ne bɔfoɔ ama wabɛmuamua agyata no ano,+ na wɔanyɛ me hwee,+ ɛfiri sɛ wahunu sɛ medi bem wɔ n’anim; na wo, ɔhene nso, menyɛɛ wo bɔne biara.”
23 Na ɔhene ani gyee paa, na ɔkaa sɛ wɔnyi Daniel mfiri amena no mu. Berɛ a wɔyii Daniel firii amena no mu baeɛ no, wɔhuu sɛ biribiara nyɛɛ no, ɛfiri sɛ ɔde ne ho too ne Nyankopɔn so.+
24 Na ɔhene maa wɔkɔfaa mmarima a wɔbɔɔ Daniel soboɔ* no bae, na wɔtoo wɔn guu agyata amena no mu, wɔne wɔn mma ne wɔn yerenom nyinaa. Wɔannuru amena no ase mpo na agyata no bu faa wɔn so, na wɔbobɔɔ wɔn nnompe nyinaa mu.+
25 Ɛnna Ɔhene Dario twerɛ kɔmaa nkurɔfoɔ, aman, ne wɔn a wɔka kasa hodoɔ a wɔtete asaase nyinaa so+ no nyinaa sɛ: “Asomdwoeɛ pii nka mo! 26 Merehyɛ mmara sɛ, ahennie a medi so tumi nyinaa mu no, obiara ho mpopo na ɔnsuro Daniel Nyankopɔn no.+ Ɛfiri sɛ ɔno ne Onyankopɔn teasefoɔ no, na ɔte hɔ daa. N’ahennie rensɛe da, na ne tumi* wɔ hɔ daa.+ 27 Ɔno na ɔyi+ ne nkurɔfoɔ na ɔgye wɔn. Ɔyɛ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ wɔ ɔsoro ne asaase so,+ ɛfiri sɛ wagye Daniel afiri agyata nsam.”
28 Na ɛsii Daniel yi yie wɔ Dario ahennie mu+ ne Persiani Kores ahennie mu.+
7 Babilon hene Belsasar afe a ɛdi kan mu no,+ Daniel soo daeɛ, na ɔnyaa anisoadehunu wɔ ne mpa so.+ Ɔtwerɛɛ daeɛ no too hɔ,+ na ɔtwerɛɛ deɛ ɔhunuiɛ no nyinaa nso too hɔ. 2 Daniel kaa sɛ:
“Anisoadehunu a menyaa anadwo no, hwɛ! mehuu sɛ ɔsoro mframa nnan no rewoso ɛpo kɛseɛ no.+ 3 Na mmoa akɛseɛ nnan+ pue firii ɛpo no mu bae, na na ɛsono sɛdeɛ wɔn mu biara teɛ.
4 “Deɛ ɔdi kan no te sɛ gyata,+ na na ɔwɔ ɔkɔdeɛ ntaban.+ Mehwɛeɛ ara kɔsii sɛ wɔtutuu ne ntaban no. Afei wɔmaa no so firii fam, na wɔmaa no gyinaa ne nan mmienu so te sɛ onipa, na wɔmaa no onipa akoma.
5 “Na hwɛ! aboa foforɔ nie, deɛ ɔtɔ so mmienu. Ɔte sɛ sisire.+ Ná wama ne nan baako so, na na nnompe* mmiɛnsa hyɛ ne se ntam wɔ n’anom. Na wɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Sɔre, we nam bebree.’+
6 “Wei akyi no, mekɔɔ so hwɛe, na hwɛ! aboa foforɔ nie. Ɔte sɛ ɔsebɔ,+ nanso na ɔwɔ ntaban nnan wɔ n’akyi te sɛ anomaa ntaban. Aboa no ti yɛ nnan,+ na wɔmaa no tumi sɛ ɔnni adeɛ.
7 “Wei akyi no, mekɔɔ so hwɛɛ anadwo anisoadehunu no, na mehuu aboa a ɔtɔ so nnan. Ne ho yɛ hu, na wohu no a, wobɛbɔ birim. Ne ho yɛ den boro so, na ɔwɔ dadeɛ se akɛseɛ. Ɔmemene nneɛma, na ɔbubu nneɛma, na deɛ aka no, ɔde ne nan tiatia so.+ Ná ɔyɛ soronko wɔ mmoa a wɔdii n’anim no nyinaa ho, na na ɔwɔ mmɛn du. 8 Berɛ a meredwendwene mmɛn no ho no, hwɛ! abɛn ketewa foforɔ bi+ puee wɔ mmɛn a na ɛwɔ hɔ no ntam, na wɔtutuu mmɛn a na ɛwɔ hɔ dada no mu mmiɛnsa wɔ foforɔ no anim. Na hwɛ! ná ani a ɛte sɛ onipa ani wowɔ abɛn foforɔ no ho, na na ɛwɔ ano a ɛkasa ahantan* so.+
9 “Mekɔɔ so hwɛe kɔsii sɛ wɔde nhennwa sisii hɔ. Na Deɛ Ne Nna Akyɛ+ no bɛtenaa ase.+ Ná ne ntaadeɛ yɛ fitaa sɛ sukyerɛmma,+ na ne tiri nwi te sɛ odwan nwi fitafita. N’ahennwa yɛ egyaframa; na ahennwa no ntwahonan yɛ egya a ɛredɛre buruburuburu.+ 10 Ná egya a ɛte sɛ asubɔnten retene firi n’anim ba.+ Ná mpempem som no, na na mpem du ahodoɔ mpem du gyinagyina n’anim.+ Na Abadwafoɔ*+ tenaa ase sɛ wɔrebu atɛn, na wɔbuebuee nwoma mu.
11 “Saa berɛ no, ahantansɛm* a abɛn no rekeka no nnyegyeeɛ nti,+ mekɔɔ so ara hwɛe. Mehwɛe ara kɔsii sɛ wɔkum aboa no. Wɔsɛee ne funu no, na wɔde mae sɛ wɔnhye wɔ egya no mu. 12 Na mmoa a aka no nso,+ tumi a wɔdi no, wɔgye firii wɔn nsam, na wɔde berɛ ne nna kaa wɔn nkwa nna ho.
13 “Mekɔɔ so hwɛɛ anadwo anisoadehunu no, na hwɛ! mehuu sɛ obi a ɔte sɛ onipa ba+ nam ɔsoro mununkum mu reba. Na wɔmaa no kwan kɔɔ Deɛ Ne Nna Akyɛ no nkyɛn,+ na wɔde no kɔɔ N’anim pɛɛ. 14 Na wɔde tumi+ ne anidie+ ne ahennie maa no sɛ nkurɔfoɔ, aman, ne nnipa a wɔka kasa hodoɔ nyinaa nsom no.+ Ne tumi yɛ tumi a ɛtim hɔ daa; ɛrentwam da. Na n’ahennie nso, wɔrensɛe no da.+
15 “Na me, Daniel deɛ, me honhom botoo wɔ me mu, ɛfiri sɛ anisoadehunu no maa mesuroe.+ 16 Metwe bɛn wɔn a wɔgyinagyina hɔ no baako, na meka kyerɛɛ no sɛ ɔnkyerɛ me deɛ mehunuiɛ no ase yie. Enti ɔmaa me mmuaeɛ, na ɔmaa mehuu deɛ saa nneɛma yi kyerɛ.
17 “‘Mmoa akɛseɛ nnan yi+ yɛ ahemfo nnan a wɔbɛba asaase so.+ 18 Nanso Opumpuni no+ akronkronfoɔ bɛnya ahennie no,+ na ahennie no bɛyɛ wɔn dea+ daa, aane, daa daa.’
19 “Ná mepɛ sɛ mehunu aboa a ɔtɔ so nnan no ho nsɛm pii, aboa a na ɔyɛ soronko wɔ wɔn a aka nyinaa ho no. Ná ne ho yɛ hu boro so; ne se yɛ dadeɛ, na ne mmɔwerɛ yɛ kɔbere. Ná ɔmemene nneɛma, na ɔbubu nneɛma, na deɛ ɛbɛka no, ɔde ne nan tiatia so.+ 20 Ná mepɛ sɛ mehunu mmɛn du+ a ɛwɔ ne ti so no ho nsɛm pii. Na abɛn foforɔ a ɛpueeɛ a mmiɛnsa tutuu wɔ n’anim,+ abɛn a ɛwɔ ani ne ano a ɛkasa ahantan* so a wohwɛ a, ɛsõ sene mmɛn a aka no, ná mepɛ sɛ mehunu ho nsɛm pii.
21 “Mekɔɔ so hwɛe, na mehuu sɛ saa abɛn no ato ahyɛ akronkronfoɔ no so, na ɛtumii wɔn,+ 22 kɔsii sɛ Deɛ Ne Nna Akyɛ no+ baeɛ. Na wɔbuu atɛn maa Opumpuni no akronkronfoɔ no,+ na berɛ duruu sɛ ahennie no bɛyɛ akronkronfoɔ no dea.+
23 “Deɛ ɔkyerɛɛ anisoadehunu no mu kyerɛɛ me no, deɛ ɔkaeɛ nie: ‘Aboa a ɔtɔ so nnan no yɛ ahennie a ɛtɔ so nnan a ɛbɛba asaase so. Ɛbɛyɛ soronko wɔ ahennie a aka nyinaa ho, na ɛbɛmene asaase nyinaa na ɛde ne nan atiatia so abubu no.+ 24 Na mmɛn du no yɛ ahemfo du a wɔbɛfiri saa ahennie no ara mu aba; wɔn akyi no, foforɔ bi nso bɛba, na ɔbɛyɛ soronko wɔ wɔn a wɔdii kan no ho, na ɔbɛbrɛ ahemfo mmiɛnsa ase.+ 25 Na ɔbɛkeka nsɛm atia Ɔsorosoroni no,+ na ɔbɛkɔ so aha Opumpuni no akronkronfoɔ. Ɔbɛbɔ ne tirim sɛ ɔbɛsesa mmerɛ ne mmara, na wɔde wɔn bɛhyɛ ne nsa, ɛberɛ, ne mmerɛ, ne berɛ fã.*+ 26 Nanso Abadwafoɔ* tenaa ase buu atɛn, na wɔgyee ne tumi firii ne nsam, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛsɛe no ayɛ no pasaa.+
27 “‘Na ahennie ne tumi ne kɛseyɛ a ɛwɔ ahennie nyinaa mu wɔ ɔsoro nyinaa ase no, wɔde maa Opumpuni no akronkronfoɔ no.+ Wɔn ahennie yɛ ahennie a ɛtim hɔ daa,+ na tumidie nyinaa bɛsom wɔn atie wɔn.’
28 “Ɛha na asɛm no sie. Na me Daniel deɛ, nneɛma a meredwene ho wɔ me tirim no bɔɔ me hu paa, na meyɛɛ hoyaa;* nanso asɛm no deɛ, mede siee m’akoma mu.”
8 Ɔhene Belsasar ahennie afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no,+ me Daniel, mesan nyaa anisoadehunu foforɔ.+ 2 Berɛ a menyaa saa anisoadehunu no, mehuu sɛ mewɔ Susan*+ abankɛseɛ* mu wɔ Elam mantam mu.+ Anisoadehunu no mu no, na mewɔ Asubɔnten Ulai no ho. 3 Memaa m’ani so hwɛe, na mehuu sɛ odwennini bi+ gyina asubɔnten no ano, na na ɔwɔ mmɛn mmienu.+ Ná mmɛn mmienu no woware, nanso na baako ware sene baako; deɛ ɛware paa no na ɛbaa akyire yi.+ 4 Mehuu odwennini no sɛ ɔrehurihuri kɔ atɔeɛ ne atifi ne anaafoɔ, na aboa biara antumi annyina n’anim. Obiara nni hɔ a na ɔbɛtumi agye obi afiri ne nsam.+ Ɔyɛɛ deɛ ɔpɛ, na ɔmaa ne ho so.
5 Berɛ a megu so rehwɛ no, menkɔhwɛ a, apɔnkyenini bi+ na ɔfiri atɔeɛ fam* reba yi! Ɔkɔɔ asaase so baabiara, na na ne nan nka fam. Ná apɔnkyenini no wɔ abɛn kɛseɛ bi tua n’ani ntam.+ 6 Ná ɔreba odwennini a ɔwɔ mmɛn mmienu no so, odwennini a mehuu sɛ ɔgyina asubɔnten no ano no. Ɔde abufuo kɛseɛ tuu mmirika kɔɔ odwennini no so.
7 Mehuu sɛ ɔrebɛn odwennini no, na n’ani beree ne so. Ɔpem odwennini no, na ɔbubuu ne mmɛn mmienu no, na odwennini no annya ahoɔden a ɔde bɛgyina n’anim. Ɔtoo odwennini no twenee fam tiatiaa ne so, na na obiara nni hɔ a ɔbɛgye no afiri ne nsam.
8 Apɔnkyenini no maa ne ho so boroo so. Nanso berɛ a ɔyɛɛ den ara pɛ na abɛn kɛseɛ no buiɛ. Na mmɛn nnan a ɛsoso fifi sii ɛno anan, na na mmɛn no ani kyerɛ atifi, anaafoɔ, apueeɛ, ne atɔeɛ.*+
9 Na abɛn foforɔ firii mmɛn nnan no baako mu bae. Ná ɛyɛ ketewa, na ɛyɛɛ kɛseɛ paa, na ɛde n’ani kyerɛɛ anaafoɔ ne apueeɛ* ne Asaase Fɛfɛɛfɛ no.*+ 10 Ɛyɛɛ kɛseɛ ara kɔduruu ɔsoro asafo no nkyɛn, na ɛmaa asafo no bi ne nsoromma no bi tete bɛguu fam, na ɛtiatiaa wɔn so. 11 Na ɛmaa ne ho so tiaa asafo no Safohene no, na wɔyii adeɛ a wɔyɛ no daa* no firii Safohene no anim, na wɔtoo ne tenabea kronkron a ɛtim hɔ no twenee fam.+ 12 Na mmarato nti, wɔde asafo no ne adeɛ a wɔyɛ no daa* no hyɛɛ ne nsa, na ɛtoo nokorɛ twenee fam; ɛkekaa ne ho, na ɛsii no yie.
13 Na metee sɛ ɔkronkronni bi rekasa, na ɔkronkronni foforɔ bisaa ɔbaako a ɔrekasa no sɛ: “Adeɛ a wɔyɛ no daa,* ne mmarato a ɛde amamfoyɛ ba,+ ne kronkronbea ne ɔsoro asafo* a wɔbɛgya ama wɔatiatia so no ho anisoadehunu no bɛkɔ so akɔsi da bɛn?” 14 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Ɛbɛkɔ so akɔsi sɛ anadwo ne anɔpa 2,300 bɛtwam. Na sɛdeɛ ɛteɛ biara, wɔbɛma kronkronbea no asi ne dada mu bio.”
15 Berɛ a me, Daniel, megu so rehwɛ anisoadehunu no a mepɛ sɛ mete aseɛ no, prɛko pɛ na mehuu sɛ obi abɛgyina m’anim. Wohwɛ no a, ɔte sɛ ɔbarima. 16 Ɛnna metee onipa bi nne firii Asubɔnten Ulai no mu,+ na ɔteaam sɛ: “Gabriel,+ ma wei nte deɛ wahunu no ase.”+ 17 Enti ɔbaa baabi a na megyina no. Berɛ a ɔbaeɛ no, mebɔɔ hu paa, enti mede m’anim butuu fam. Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “O, onipa ba, te aseɛ sɛ anisoadehunu no fa awieeɛ berɛ no ho.”+ 18 Berɛ a ɔne me rekasa no, medaa hatee, na na m’anim butu fam. Enti ɔsɔɔ me mu, na ɔsan de me gyinaa baabi a na megyina no.+ 19 Na ɔkaa sɛ: “Hwɛ, merema woahunu deɛ ɛbɛba wɔ abufuo berɛ no awieeɛ, ɛfiri sɛ ɛfa awieeɛ berɛ a wɔahyɛ no ho.+
20 “Odwennini a wohuu no a ɔwɔ mmɛn mmienu no gyina hɔ ma Media ne Persia ahemfo.+ 21 Apɔnkyenini a ne ho nwi bebree no nso gyina hɔ ma Greece hene.+ Na abɛn kɛseɛ a ɛwɔ n’ani ntam no gyina hɔ ma ɔhene a ɔdi kan no.+ 22 Na abɛn a ɛbuiɛ a mmɛn nnan fifi sii ananmu no nso,+ deɛ ɛkyerɛ ne sɛ, ahennie nnan bɛfiri ne man no mu aba, nanso wɔn ahoɔden rennuru ne deɛ no.
23 “Na wɔn ahennie no awieeɛ, berɛ a mmaratofoɔ nneyɛɛ aduru ne mpɔmpɔnsoɔ no, ɔhene bi a ne ho yɛ hu a ɔte ahintasɛm ase* bɛba. 24 Ne tumi bɛyɛ kɛseɛ, nanso ɛnyɛ ɔno ankasa ahoɔden na ɛbɛma aba saa. Ɔbɛsɛe adeɛ aboro so, na deɛ ɔbɛyɛ nyinaa bɛyɛ yie. Ɔbɛsɛe ahoɔdenfo ne akronkronfoɔ no nso.+ 25 N’aniteɛ nti, ɔbɛfa nnaadaa so adi nkonim. Ɔbɛma ne ho so wɔ n’akoma mu; na ɔbɛsɛe nnipa bebree wɔ asomdwoeɛ berɛ mu.* Ɔbɛsɔre atia ahemfo mu Hene no mpo. Na wɔbɛsɛe no, nanso ɛnyɛ onipa nsa na ɛbɛyɛ.
26 “Anadwo ne anɔpa ho asɛm a wɔkaa wɔ anisoadehunu no mu no yɛ nokorɛ. Nanso wo deɛ, mmɔ anisoadehunu no so nkyerɛ obiara, ɛfiri sɛ ɛyɛ daakye asɛm.”+
27 Me, Daniel, meyɛɛ mmerɛ, na meyaree nna pii.+ Afei mesɔre kɔyɛɛ ɔhene adwuma no.+ Nanso deɛ mehunuiɛ no nti, meyɛɛ titiritii, na obiara ante deɛ mehunuiɛ no ase.+
9 Mediani Ahasweros ba Dario a wɔde no sii Kaldeafoɔ ahennie so hene no, n’afe a ɛdi kan+ 2 a ɔbɛdii hene mu no, me Daniel, mehwehwɛɛ nwoma ahodoɔ* no mu, na mehunuu mfeɛ dodoɔ a Yehowa asɛm a ɛbaa odiyifoɔ Yeremia nkyɛn no kyerɛɛ sɛ Yerusalem bɛsɛe+ a obiara rentena hɔ no; ɛyɛ mfeɛ 70.+ 3 Enti medanee m’ani hwɛɛ Yehowa, nokorɛ Nyankopɔn no, na mebɔɔ mpaeɛ de m’adesrɛ too n’anim. Na meyɛɛ akɔnkyene*+ firaa awerɛhoɔ ntoma,* na metenaa nsõ mu. 4 Na mebɔɔ Yehowa me Nyankopɔn no mpaeɛ, na mekaa yɛn bɔne. Mekaa sɛ:
“O Yehowa, nokorɛ Nyankopɔn, wo a woyɛ kɛseɛ na wo ho yɛ hu, wo a wodi w’apam so na woda ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi+ kyerɛ wɔn a wɔdɔ wo na wɔdi wo mmara nsɛm so,+ 5 yɛayɛ bɔne na yɛadi mfomsoɔ; yɛayɛ bɔne kɛseɛ, na yɛate atua.+ Yɛamane afiri wo mmara nsɛm ne w’ahyɛdeɛ ho. 6 Yɛantie wo nkoa adiyifoɔ+ a wɔkasaa wɔ wo din mu kyerɛɛ yɛn ahemfo, yɛn mpanimfoɔ ne yɛn agyanom ne asaase no so nnipa nyinaa no. 7 O Yehowa, wo deɛ, woyɛ ɔteneneeni, na yɛn deɛ, animguaseɛ mu na yɛwɔ sɛdeɛ ato yɛn nnɛ yi. Yudafoɔ ne Yerusalemfoɔ ne Israelfoɔ nyinaa anim agu ase, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri nyinaa, wɔn a wɔanni wo nokorɛ nti woabɔ wɔn ahwete nsaase nyinaa so no.+
8 “O Yehowa, yɛne yɛn ahemfo, yɛn mpanimfoɔ ne yɛn agyanom nyinaa, animguaseɛ mu na yɛwɔ ɛfiri sɛ yɛayɛ wo bɔne. 9 Yehowa yɛn Nyankopɔn, wowɔ mmɔborɔhunu na wode bɔne kyɛ,+ na yɛn na yɛate wo so atua.+ 10 Yehowa yɛn Nyankopɔn, yɛantie w’asɛm, na wo mmara a wonam wo nkoa adiyifoɔ no so de maa yɛn no, yɛanni so.+ 11 Israelfoɔ nyinaa abu wo Mmara so; wɔamane, na wɔantie w’asɛm. Ɛno nti, nnome ne ntam a wɔatwerɛ wɔ nokorɛ Nyankopɔn no akoa Mose Mmara mu no, wode aba yɛn so,+ ɛfiri sɛ yɛayɛ wo bɔne. 12 Deɛ wokaa sɛ wode bɛyɛ yɛne yɛn mpanimfoɔ a wɔdii yɛn so* no,+ woayɛ, ɛfiri sɛ wode mmusuo kɛseɛ aba yɛn so. Deɛ ɛsii Yerusalem no, ebi nsii wiase baabiara da.+ 13 Mmusuo yi nyinaa aba yɛn so, sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Mose Mmara no mu no,+ nanso Yehowa yɛn Nyankopɔn, yɛmpaa wo kyɛw sɛ hu yɛn mmɔbɔ, na yɛn bɔne nso, yɛnnyaee,+ na yɛnnya ntee aseɛ sɛ, wodi w’asɛm so.*
14 “Enti Yehowa, wotwɛneeɛ, na berɛ a ɛfata no wode mmusuo baa yɛn so. Yehowa yɛn Nyankopɔn, wotene wɔ nnwuma a woayɛ nyinaa mu, nanso yɛantie w’asɛm.+
15 “Enti, O Yehowa yɛn Nyankopɔn, wo na wode nsa a ɛyɛ den yii wo man firii Egypt asaase so,+ a wode agye din de abɛsi nnɛ da yi.+ Yɛayɛ bɔne, yɛayɛ bɔne kɛseɛ paa. 16 O Yehowa, wo nnwuma nyinaa tene,+ enti yɛpa wo kyɛw, yi w’abufuo ne w’abufuhyeɛ firi wo kuro Yerusalem, wo bepɔ kronkron no so kɔ, ɛfiri sɛ yɛn bɔne ne yɛn agyanom mfomsoɔ nti, Yerusalem ne wo man anim agu ase wɔ wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia no nyinaa anim.+ 17 Enti afei, O yɛn Nyankopɔn, tie w’akoa mpaebɔ ne n’adesrɛ. O Yehowa, wo din nti, ma w’anim nhyerɛn wɔ wo tenabea kronkron+ a asɛe no so.+ 18 O me Nyankopɔn, yɛ aso tie! Bue w’ani na hwɛ sɛdeɛ yɛn asɛm ayɛ mmɔbɔ, na hwɛ kuro a wo din da so no. Ɛnyɛ yɛn nnwuma pa nti na yɛde yɛn adesrɛ aba w’anim yi, na mmom wo mmɔborɔhunu bebrebe no ntira.+ 19 O Yehowa, tie yɛn. O Yehowa, fa kyɛ yɛn.+ O Yehowa, yɛ aso tie yɛn na keka wo ho! O me Nyankopɔn, wo din nti, ntwentwɛn wo nan ase, ɛfiri sɛ wo din na ɛda wo kuro ne wo man so.”+
20 Berɛ a megu so rekasa, na merebɔ mpaeɛ, na mereka me bɔne ne me man Israel bɔne, na mede me Nyankopɔn bepɔ kronkron ho adesrɛ reto Yehowa me Nyankopɔn anim no,+ 21 aane, berɛ a megu so rebɔ mpaeɛ no, ɔbarima Gabriel+ a medii kan huu no wɔ anisoadehunu mu no+ baa me nkyɛn. Ɔbaa me nkyɛn anwummerɛ, berɛ a wɔbɔ akyɛdeɛ afɔreɛ no. Saa berɛ no, na mabrɛ a mentumi nyɛ me ho hwee. 22 Na ɔmaa metee aseɛ, na ɔkaa sɛ:
“O Daniel, maba sɛ merebɛboa wo ama woahunu mu yie na woate aseɛ. 23 Berɛ a wofirii w’adesrɛ no ase no, menyaa nkra, na maba sɛ merebɛka akyerɛ wo, ɛfiri sɛ wosom bo paa.*+ Enti dwendwene asɛm no ho, na te anisoadehunu no ase.
24 “Wɔahyɛ nnawɔtwe 70* ama wo man ne wo kuro kronkron no,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mmarato to bɛtwa, na bɔne aba awieeɛ,+ na wɔde mfomsoɔ akyɛ,+ na wɔde tenenee a ɛwɔ hɔ daa aba,+ na wɔde ahyɛnsodeɛ atim anisoadehunu ne nkɔmhyɛ* no so,+ na wɔasra Kronkron Mu Kronkronbea no. 25 Hunu na te aseɛ sɛ, sɛ wɔnya ka sɛ wɔnsan nkyekyere Yerusalem mma ɛnsi ne dada mu a,+ ɛbɛdi nnawɔtwe 7 ne nnawɔtwe 62+ ansa na Mesia,*+ Ɔkannifoɔ+ no aba. Wɔbɛsan akyekyere ama asi ne dada mu, na ɛbɛnya abɔnten kɛseɛ ne ɛbɔn a nsuo fa mu, nanso wɔbɛyɛ wɔ amanehunu berɛ mu.
26 “Nnawɔtwe 62 no akyi no, wɔbɛkum Mesia no,*+ na ne ho biribiara renka.+
“Na ɔkannifoɔ bi bɛba, na ne nkurɔfoɔ bɛsɛe kuro no ne kronkronbea no.+ Na kronkronbea no awieeɛ bɛba sɛ nsuyire. Akodie bɛkɔ so akɔsi sɛ awieeɛ no bɛduru; deɛ wɔahyɛ ato hɔ ne ɔsɛeɛ.+
27 “Ɔbɛma apam no ayɛ adwuma ama nnipa pii nnawɔtwe baako, na ɛduru nnawɔtwe no mfimfini a, ɔbɛma afɔrebɔ ne akyɛdeɛ afɔreɛ agyae.+
“Deɛ ɔde ɔsɛeɛ bɛba no, ɔde akyiwadeɛ ntaban na ɛbɛtu aba,+ na deɛ wɔahyɛ ato hɔ no, wɔbɛhwie agu deɛ asɛeɛ no so akɔsi sɛ ɔsɛeɛ pasaa no bɛba.”
10 Persia hene Kores ahennie afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no,+ Daniel a na wɔsan frɛ no Beltesasar+ no nyaa yikyerɛ bi. Ná asɛm no yɛ nokorɛ, na na ɛfa ɛko kɛseɛ bi ho. Ɔtee asɛm no ase, na deɛ ɔhunuiɛ no, wɔmaa no hunuu mu yie.
2 Saa berɛ no, me, Daniel, na madi awerɛhoɔ+ nnawɔtwe mmiɛnsa. 3 Nnawɔtwe mmiɛnsa no nyinaa, manni aduane pa biara, na nam ne nsã biara anka m’ano, na mamfa ngo ansra. 4 Bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so 24, berɛ a na mewɔ asubɔnten kɛseɛ Tigris* ano no,+ 5 memaa m’ani so, na mehuu ɔbarima bi a ɔfira nwera,+ na na Ufas sika kɔkɔɔ abɔsoɔ* bɔ n’asene. 6 Ná ne nipadua te sɛ sikabereɛboɔ,+ n’anim te sɛ anyinam, na n’ani te sɛ tɛnee* a ɛredɛre. N’abasa ne ne nan te sɛ kɔbere a wɔatwi ho,+ na ne kasa gyegye te sɛ nnipadɔm nne. 7 Me Daniel, me nko ara na mehuu deɛ ɛkɔɔ so wɔ anisoadehunu no mu.+ Mmarima a wɔka me ho no deɛ, wɔanhunu bi. Nanso wɔn ho poo kyɛ-kyɛ-kyɛ-kyɛ, na wɔdwane kɔhintae.
8 Afei deɛ, na aka me nko ara. Berɛ a menyaa saa anisoadehunu kɛseɛ no, ahoɔden biara anka me mu, meyɛɛ hoyaa, na m’ahoɔden nyinaa sae.+ 9 Na metee sɛ ɔrekasa. Nanso berɛ a metee sɛ ɔrekasa no, mefaa mu daa hatee a na m’anim butu fam.+ 10 Na obi de ne nsa kaa me,+ na ɔpusupusuu me maa mesɔree, na mede me nsa ne me nkotodwe sisii fam. 11 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ:
“O Daniel, woyɛ ɔbarima a wosom bo paa;*+ yɛ aso tie asɛm a merebɛka akyerɛ wo yi. Afei sɔre gyina baabi a na wogyina no, ɛfiri sɛ wɔasoma me wo nkyɛn.”
Berɛ a ɔkaa saa kyerɛɛ me no, mesɔre gyinaa hɔ, na na me ho repopo.
12 Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “O Daniel, nsuro.+ Ɛfiri da a ɛbaa w’akoma mu sɛ wobɛte asɛm no ase, ɛda a ɛbaa w’akoma mu sɛ wobɛbrɛ wo ho ase wɔ wo Nyankopɔn anim no, saa da no na wɔtee w’adesrɛ no, na w’adesrɛ no nti na maba.+ 13 Berɛ a mereba no, Persia ahemman no berempɔn+ bɛsii me kwan nnafua 21. Nanso Mikael*+ a ɔka aberempɔn atitire no ho no* bɛboaa me, na metenaa Persia ahemfo no nkyɛn wɔ hɔ. 14 Maba sɛ merebɛma woahunu deɛ ɛbɛto wo man wɔ awieeɛ nna no mu,+ ɛfiri sɛ anisoadehunu no yɛ daakye asɛm.”+
15 Berɛ a ɔkaa asɛm yi kyerɛɛ me no, mesii me tiri ase, na mantumi ankasa.* 16 Ɛnna obi a ɔte sɛ onipa de ne nsa bɛkaa m’ano,+ na mebuee m’ano ka kyerɛɛ deɛ ɔgyina m’anim no sɛ: “Me wura, anisoadehunu no ama me ho repopo, na ahoɔden biara nni me mu.+ 17 Enti ɛbɛyɛ dɛn na w’akoa atumi ne ne wura akasa?+ Ɛfiri sɛ seesei ahoɔden biara nni me mu, na ɔhome biara nni me mu.”+
18 Na deɛ ɔte sɛ onipa no de ne nsa kaa me bio, na ɔhyɛɛ me den.+ 19 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “O ɔbarima a wosom bo paa,*+ nsuro.+ Asomdwoeɛ nka wo.+ Yɛ den, aane, hyɛ wo ho den.” Berɛ a ɔne me kasaeɛ no, menyaa ahoɔden na mekaa sɛ: “Me wura, kasa, ɛfiri sɛ woahyɛ me den.”
20 Ɛnna ɔbisaa me sɛ: “Wonim deɛ enti a maba wo nkyɛn no? Seesei meresan akɔ na me ne Persia berempɔn no+ akɔko. Sɛ mekɔ a, Greece berempɔn no nso bɛba. 21 Nanso mɛka nsɛm a wɔatwerɛ wɔ nokorɛ nwoma no mu akyerɛ wo. Obiara nni hɔ a ɔtaa m’akyi dendeenden wɔ weinom mu, gye Mikael,+ mo berempɔn no.+
11 “Me deɛ, Mediani Dario afe a ɛdi kan mu no,+ mesɔre gyinaa sɛ mɛboa no na mahyɛ no den.* 2 Deɛ merebɛka akyerɛ wo yi yɛ nokorɛ:
“Hwɛ! Ahemfo mmiɛnsa foforɔ bɛba Persia, na ɔhene a ɔtɔ so nnan no bɛnya ahonyadeɛ pii asene wɔn a wɔaka nyinaa. Na sɛ n’ahonyadeɛ ma ɔnya ahoɔden a, ɔbɛwoso biribiara ama akɔ atia Greece ahennie.+
3 “Na ɔhenkɛseɛ bi bɛba, na n’ahennie mu bɛtrɛ+ na wayɛ deɛ ɔpɛ biara. 4 Na sɛ n’ahennie no gyina a, ɛbɛgu, na wɔbɛkyekyɛ mu akɔ atifi, anaafoɔ, apueeɛ, ne atɔeɛ.*+ Nanso ɛrenkɔdi n’asefoɔ nsam, na ɛrenyɛ sɛ tumi a ɔde dii adeɛ no, ɛfiri sɛ wɔbɛtu n’ahennie ase de ama ebinom, na ɛnyɛ n’asefoɔ.
5 “Na anaafoɔ fam hene no, kyerɛ sɛ, ɔhenkɛseɛ no asahene no baako, bɛyɛ den. Nanso, baako bi nso bɛdi ne so nkonim, na n’ahennie mu bɛtrɛ, na ɛbɛyɛ kɛseɛ asene baako no* deɛ no.
6 “Mfeɛ bi akyi no, wɔbɛka wɔn ho abom, na anaafoɔ fam hene no babaa bɛba atifi fam hene no nkyɛn ama wɔayɛ apam. Nanso basa a ɛma ɔbaa no tumi no bɛfiri ne nsa. Ɔhene no ne ne basa nso rennyina. Na wɔbɛyi ɔbaa no ne wɔn a wɔde no baeɛ no ama, na deɛ ɔwoo no ne deɛ ɔmaa no yɛɛ den wɔ saa mmerɛ no mu nso, wɔbɛyi wɔn ama. 7 Na ɔbaa no aseni bi bɛba abɛsi ɔhene no* anan, na ɔbɛba asraafoɔ no nkyɛn abɛto ahyɛ atifi fam hene no abandenden so. Ɔne wɔn bɛko, na ɔbɛdi wɔn so nkonim. 8 Afei nso, ɔde wɔn anyame, wɔn dadeɛ ahoni,* wɔn nneɛma a ɛyɛ fɛ* a wɔde dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ayɛ, ne nkurɔfoɔ a wɔakye wɔn bɛkɔ Egypt. Na ɔbɛtwe ne ho afiri atifi fam hene no ho mfeɛ dodoɔ bi. 9 Atifi fam hene no bɛba abɛto ahyɛ anaafoɔ fam hene no ahennie so, nanso ɔbɛsan akɔ n’asaase so.
10 “Ne* mma bɛhyehyɛ wɔn ho sɛ wɔrekɔko, na wɔbɛboaboa asraafoɔ bebree paa ano. Sɛdeɛ ɛteɛ biara, ɔbɛba abɛtwi afa asaase no so te sɛ nsuyire. Nanso ɔbɛsan n’akyi, na ɔbɛko ara akɔduru n’abandenden mu.
11 “Na anaafoɔ fam hene no bo bɛfu, na ɔbɛkɔ na ɔne no akɔko. Kyerɛ sɛ, ɔne atifi fam hene no bɛko. Na ɔbɛboaboa* dɔm kɛseɛ ano, nanso wɔde dɔm kɛseɛ no bɛhyɛ baako no* nsa. 12 Na wɔbɛsoa dɔm no akɔ. N’akoma bɛma ne ho so, na ɔbɛma mpempem bebree awuwu; nanso ɔremfa tumi kɛseɛ a wanya no nyɛ adwuma.
13 “Na atifi fam hene no bɛsan aba, na ɔbɛboaboa dɔm kɛseɛ a ɛsene kane deɛ no ano. Mfeɛ bi akyi, mmerɛ no awieeɛ no, sɛdeɛ ɛteɛ biara, ɔde asraafoɔ pii ne nneɛma pii bɛba. 14 Saa mmerɛ no, nnipa bebree bɛsɔre atia anaafoɔ fam hene no.
“Na wo man mu aturuturafoɔ* bɛyɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛma anisoadehunu no aba mu, nanso wɔbɛhwehwe ase.
15 “Na atifi fam hene no bɛba abɛto akoban,* na wako afa kuro bi a wɔabɔ ho ban. Na anaafoɔ fam asraafoɔ* no rennyina, na ne nkurɔfoɔ a wayi wɔn no nso rennyina. Na wɔrennya ahoɔden biara a wɔde bɛgyina. 16 Deɛ ɔbɛba* abɛto ahyɛ anaafoɔ fam hene so no bɛyɛ deɛ ɔpɛ biara, na obiara rentumi nnyina n’anim. Ɔbɛgyina Asaase Fɛfɛɛfɛ no* so,+ na ɔbɛnya tumi a ɔde bɛsɛe adeɛ. 17 Ɔde bɛsi n’ani so sɛ ɔde n’ahennie mu ahoɔden nyinaa bɛba, na ɔne no bɛyɛ apam; na deɛ ɔbɛyɛ nyinaa bɛyɛ yie. Wɔde mmaa babaa bɛma no sɛ ɔnsɛe no. Na ɔbaa no rennyina, na ɔrenyɛ ne dea bio. 18 Na ɔbɛsan de n’ani akyerɛ mpoano nsaase so, na ɔbɛko afa nsaase no pii. Na ɔsahene bi bɛma n’animguaseɛ afiri ne so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a n’animguaseɛ no bɛfiri hɔ. Ɔbɛma animguaseɛ no akɔgu baako no* so. 19 Na ɔbɛdane n’ani* akɔ abandenden a ɛwowɔ n’asaase so no ho, na ɔbɛsunti ahwe ase, na wɔrenhu no.
20 “Na obi bɛba abɛsi n’anan, na ɔbɛma obi a ɔgyegye toɔ* abɛfa ahennie fɛfɛɛfɛ no mu, nanso nna kakraa bi akyi no, wɔbɛsɛe no, nso ɛnyɛ abufuo anaa ɛko na wɔde bɛsɛe no.
21 “Obi foforɔ bɛba abɛsi n’anan. Ɔno deɛ, wɔbɛbu no onipahunu,* na wɔremfa ahennie no mu animuonyam mma no. Ɔbɛba asomdwoeɛ berɛ mu,* na ɔde kɛtrɛmadɛ* bɛgye ahennie no. 22 Na asraafoɔ* a wɔte sɛ nsuyire no, ɔbɛpra wɔn akɔ, na ɔbɛbubu wɔn. Na Deɛ ɔdi apam no anim nso, ɔbɛbubu no.+ 23 Ɛsiane sɛ ebinom ne no bɛfa yɔnkoɔ nti, ɔbɛdaadaa nkurɔfoɔ, na ɔnam ɔman ketewa bi so bɛba abɛyɛ kɛseɛ. 24 Asomdwoeɛ berɛ mu* na ɔbɛkɔ baabi a ɛyɛ paa* wɔ ɔmantam no mu, na ɔbɛyɛ deɛ ne papa ne ne nananom anyɛ. Ɔbɛkyekyɛ nneɛma a wafom, ne nneɛma a wanya wɔ ɛko mu,* ne nneɛma foforɔ ama nkurɔfoɔ. Na ɔbɛbɔ mmeaeɛ a wɔabɔ ho ban ho pɔ, nanso ɛbɛyɛ berɛ tiaa bi.
25 “N’akoma bɛka no ama ɔde ne tumi ako atia anaafoɔ fam hene no, na ɔde asraafoɔ bebree bɛkɔ ne so. Anaafoɔ fam hene no nso bɛboaboa ne ho ne no akɔko, na ɔde asraafoɔ akokoɔdurofo dɔm kɛseɛ paa na ɛbɛkɔ. Na ɔrentumi* nnyina, ɛfiri sɛ wɔbɛbɔ ne ho pɔ. 26 Wɔn a wɔdi ne nnuane pa no bi no, wɔn na wɔbɛma wahwe ase.
“Na n’asraafoɔ nso, wɔbɛpra wɔn akɔ,* na nnipa pii bɛwuwu.
27 “Na ahemfo mmienu yi bɛdwene adwemmɔne; wɔbɛtena ɛpono baako ho, na obiara bɛka atosɛm akyerɛ ne yɔnko. Nanso ɛrenkɔsi hwee, ɛfiri sɛ awieeɛ no bɛba wɔ berɛ a wɔahyɛ no.+
28 “Ɔde nneɛma pii bɛsan akɔ n’asaase so, na n’akoma bɛsɔre atia apam kronkron no. Deɛ ɔbɛyɛ no bɛyɛ yie, na ɔbɛsan akɔ n’asaase so.
29 “Berɛ a wɔahyɛ no so a, ɔbɛsan aba, na wabɛto ahyɛ anaafoɔ fam hene no so. Nanso saa berɛ yi renyɛ sɛ kane no, 30 ɛfiri sɛ Kitim ahyɛn+ bɛba ne so, na wɔbɛbrɛ no ase.
“Na ɔbɛsan n’akyi, na ɔde abufuo bɛkasa atia apam kronkron no,+ na deɛ ɔbɛyɛ nyinaa bɛyɛ yie. Ɔbɛsan akɔ, na wɔn a wɔmfa apam kronkron no nyɛ hwee no, ɔde n’adwene bɛkɔ wɔn so. 31 Na n’asraafoɔ* bɛkeka wɔn ho, na wɔbɛgu tenabea kronkron no ho fĩ,+ kyerɛ sɛ, abandenden no, na wɔayi adeɛ a wɔyɛ no daa no* afiri hɔ.+
“Na wɔde akyiwadeɛ a ɛbɔ man no bɛba.+
32 “Na wɔn a wɔyɛ bɔne tia apam no, ɔde kasadɛ* bɛtwetwe wɔn ama wɔate atua. Nanso wɔn a wɔnim wɔn Nyankopɔn no deɛ, wɔbɛdi nkonim, na deɛ wɔbɛyɛ no bɛyɛ yie. 33 Ɔman no mu nnipa a wɔwɔ nhunumu no+ bɛma nnipa pii anya nteaseɛ. Na sekan ne egya bɛkunkum ebinom, wɔbɛkye ebinom akɔ, na wɔafom ebinom nneɛma; weinom nyinaa bɛkɔ so nna dodoɔ bi. 34 Nanso sɛ wɔkɔ amanehunu mu saa a, wɔbɛboa wɔn kakra. Na nnipa pii nam kasadɛ* so de wɔn ho bɛbɔ wɔn. 35 Wɔbɛma wɔn a wɔwɔ nhunumu no bi ahunu amane sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛyiyi wɔn mu fĩ, ahohoro wɔn ho, ate wɔn ho fitaa+ akɔsi awieeɛ berɛ no, ɛfiri sɛ berɛ a wɔahyɛ no nnurui.
36 “Ɔhene no bɛyɛ deɛ ɔpɛ, na ɔbɛma ne ho so na wahyɛ ne ho animuonyam asene onyame biara; ɔbɛka nsɛm akɛseɛ atia anyame mu Nyankopɔn no.+ Na deɛ ɔbɛyɛ nyinaa bɛyɛ yie akɔsi sɛ abufuo no bɛba awieeɛ, ɛfiri sɛ deɛ wɔaka ato hɔ no bɛba mu. 37 Ɔremfa obuo biara mma ne papanom Nyankopɔn, ɔremfa obuo mma deɛ mmaa ani gye ho no, na ɔremfa obuo mma onyame foforɔ biara, na ɔbɛma ne ho so asene obiara. 38 Abandenden nyame no mmom na ɔbɛhyɛ no animuonyam; onyame a ne papanom nnim no no, ɔno na ɔde sika kɔkɔɔ ne dwetɛ ne aboɔden aboɔ ne afɛfɛdeɛ* bɛhyɛ no animuonyam. 39 Na onyame foforɔ bi bɛboa no ama wako atia abandenden mu abandenden no, na ɛbɛyɛ yie ama no. Wɔn a wɔbɛgye no atom no,* ɔbɛhyɛ wɔn animuonyam pii, na ɔbɛma wɔadi nnipa pii so, na ɔbɛtwitwa nsaase atɔn.*
40 “Awieeɛ berɛ no mu no, anaafoɔ fam hene no ne no* bɛpiapia wɔn ho,* na atifi fam hene no de nteaseɛnam, ne nnipa a wɔtete apɔnkɔ so, ne po so ahyɛn bebree bɛba ne so sɛ mframa kɛseɛ; ɔbɛba nsaase no so abɛtwi afa so te sɛ nsuo a ayiri. 41 Afei nso, ɔbɛkɔ Asaase Fɛfɛɛfɛ no* so,+ na ɔbɛdi nsaase pii so nkonim. Nanso weinom deɛ, wɔbɛnya wɔn ho atete: Edom ne Moab ne Ammonfoɔ mu atitire no. 42 Na ɔbɛkɔ so ato ahyɛ nsaase no so, na Egypt asaase rennya ne ho ntete. 43 Sika kɔkɔɔ ne dwetɛ a wɔde asie, ne Egypt afɛfɛdeɛ* nyinaa, ɔno na ɔbɛkyerɛ deɛ wɔde bɛyɛ. Na Libiafoɔ ne Etiopiafoɔ bɛdi n’akyi.*
44 “Nanso ɔbɛte nsɛm bi afiri apueeɛ* ne atifi, na ɛbɛha no, na ɔde abufuo kɛseɛ bɛkɔ sɛ ɔrekɔsɛe nnipa pii na wakunkum wɔn nyinaa. 45 Ɔde n’ahemfie ntomadan bɛsi ɛpo kɛseɛ no ne Asaase Fɛfɛɛfɛ no* bepɔ kronkron no ntam,+ na n’awieeɛ bɛba, na ɔrennya ɔboafoɔ biara.
12 “Saa berɛ no, Mikael,*+ ɔberempɔn kɛseɛ+ a ɔgyina hɔ ma wo man* no bɛsɔre agyina. Na amanehunu a ɛfiri berɛ a ɔman baeɛ ebi mmaa da bɛba. Saa berɛ no, wo manfoɔ bɛnya wɔn tiri adidi mu,+ obiara a wɔatwerɛ ne din wɔ nwoma no mu no.+ 2 Na wɔn a wɔadeda wɔ fam dɔteɛ mu* no bebree bɛnyane. Ebinom bɛnya daa nkwa, na ebinom nso anim bɛgu ase na wɔabu wɔn animtia daa.
3 “Na mmadwemma* no bɛhyerɛn sɛdeɛ wiem hyerɛn no, na wɔn a wɔboa nnipa bebree ma wɔbɛyɛ ateneneefoɔ no bɛhyerɛn sɛ nsoromma daa daa.
4 “Na wo, Daniel, fa nsɛm no sie na tare nwoma no ano kɔsi awieeɛ berɛ no.+ Nnipa bebree bɛtweetwee mu,* na nimdeɛ a ɛdi mu bɛdɔɔso.”+
5 Na me, Daniel, mehwɛe na mehuu sɛ nnipa mmienu bi gyinagyina hɔ. Ná baako gyina asubɔnten no ano wɔ ɛfã ha, ɛnna baako nso gyina asubɔnten no ano wɔ ɛfã nohoa.+ 6 Na baako bisaa ɔbarima a ɔfira nwera+ a ɔwɔ asubɔnten no so no sɛ: “Da bɛn na saa anwanwadeɛ yi bɛba awieeɛ?” 7 Ɛnna metee ɔbarima a ɔfira nwera a ɔwɔ asubɔnten no so no nne, na ɔmaa ne nsa nifa ne ne nsa benkum so kyerɛɛ ɔsoro, na ɔde Deɛ ɔte ase daa no+ kaa ntam sɛ: “Ɛbɛkɔ so akɔduru berɛ, mmerɛ, ne berɛ fã* a wɔahyɛ ato hɔ no. Na sɛ wɔsɛe ɔman kronkron no ahoɔden wie pɛ,+ weinom nyinaa bɛba awieeɛ.”
8 Me deɛ, metee nanso mante aseɛ.+ Enti mebisaa sɛ: “Ao me wura, nneɛma yi bɛkɔ akɔwie sɛn?”
9 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Daniel, wo deɛ, kɔ, ɛfiri sɛ wɔde nsɛm no asie, na wɔatare ano de rekɔsi awieeɛ berɛ no.+ 10 Nnipa bebree bɛhohoro wɔn ho na wɔate wɔn ho fitaa, na wɔayiyi wɔn mu fĩ.+ Na nnipabɔnefoɔ bɛdi bɔne, na ɔbɔnefoɔ biara nni hɔ a ɔbɛte aseɛ. Wɔn a wɔyɛ mmadwemma* deɛ, wɔbɛte aseɛ.+
11 “Na ɛfiri berɛ a wɔbɛyi adeɛ a wɔyɛ no daa* no+ afiri hɔ na wɔde akyiwadeɛ a ɛbɔ man no asi hɔ no+ yɛ nnafua 1,290.
12 “Anigyeɛ ne deɛ ɔtwɛn* kɔduru nnafua 1,335 no awieeɛ!
13 “Na wo deɛ, kɔ kɔduru awieeɛ. Wobɛhome, na woasɔre abɛnya wo kyɛfa* wɔ nna no awieeɛ.”+
Anaa “asɔrefie.”
Anaa “asɔrefie.”
Kyerɛ sɛ, Babilonia.
Nt., “Israel mma.”
Nt., “mmɔfra.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “wɔnyɛn wɔn.”
Nt., “mma.”
Ɛkyerɛ, “Onyankopɔn Ne Me Temmufoɔ.”
Ɛkyerɛ, “Yehowa Adom Ada Adi.”
Ɛbɛtumi akyerɛ “Hwan Na Ɔte Sɛ Onyankopɔn?”
Ɛkyerɛ, “Yehowa Aboa.”
Kyerɛ sɛ, Babilonfoɔ din.
Anaa “nokorɛ Nyankopɔn no maa ahemfie panin no daa ayamyɛ adi kyerɛɛ Daniel.”
Nt., “mmɔfra.”
Nt., “me ti adi fɔ.”
Anaa “atosodeɛ.”
Nt., “mmɔfra.”
Nt., “wɔn honam ayɛ sɔɔsɔɔ.”
Nt., “mmɔfra.”
Anaa “atosodeɛ.”
Nt., “mmɔfra.”
Anaa “nwoma.”
Nt., “ne honhom.”
Kyerɛ sɛ, nnipakuo bi a wɔaben wɔ abisa ne nsoromma mu hwɛ mu.
Nt., “me honhom ho yera no.”
Nsɛm a ɛwɔ Da 2:4b kɔsi 7:28 no, wɔdii kan twerɛɛ wɔ Aram kasa mu.
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “sumina.”
Anaa “asaase a ɛso awo.”
Nt., “anyame a wɔnte ɔhonam mu.”
Anaa “mfiri mmeresanten nkɔsi mmeresanten.”
Anaa “dɔteɛ a wɔatõ.”
Anaa “bɛsɔre.”
Anaa “bɛsɔre.”
Anaa “nnipa mma,” kyerɛ sɛ, ɔmanfoɔ no.
Bɛyɛ mita 27 (anm. 88). Hwɛ Nkh. B14.
Bɛyɛ mita 2.7 (anm. 8.8). Hwɛ Nkh. B14.
Obi a ɔyɛ adwuma wɔ ahemfie. Ɔtaa bɔ dawuro, na ɔma dwabɔ ase tɛm dinn.
Anaa “bɛtwaa asɛm too Yudafoɔ no so.”
Anaa “ne suban.”
Anaa “annya wɔn nipadua so tumi.”
Anaa “egya ho hwa nni wɔn ho.”
Anaa “wɔde wɔn nipadua bɛma.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “sumina.”
Nt., “ɔhene maa Sadrak, Mesak, ne Abednego dii yie.”
Kyerɛ sɛ, nkurɔfoɔ bi a na wɔaben wɔ abisa ne nsoromma mu hwɛ mu.
Nt., “ɔhonam nyinaa.”
Anaa “ɔbɛtumi abɔ ne nsa atwene.”
Anaa “ne nana.”
Tete mmerɛ mu no, na wɔyɛ mmaa a wɔtɔ awareɛ so, kyerɛ sɛ, mmaa a nkurɔfoɔ aware wɔn aka wɔn yere ho.
Anaa “ɔhene anim sesae.”
Kyerɛ sɛ, nnipakuo bi a wɔaben wɔ abisa ne nsoromma mu hwɛ mu.
Anaa “Ɔbarima mmɔdemmɔfoɔ.”
Kyerɛ sɛ, nnipakuo bi a wɔaben wɔ abisa ne nsoromma mu hwɛ mu.
Anaa “aborɔme.”
Nt., “wɔde sane apɔ.”
Nt., “wotumi sane apɔ.”
Anaa “ne banana.”
Adeɛ a wɔde susu biribi mu duro.
Nt., “ahennie no ho adwuma.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “wamma wɔamfa nnwontofoɔ biara amma n’anim.”
Nt., “ne nna dwane firii ne ho.”
Anaa “wɔtwaa asɛm too Daniel so.”
Anaa “tumidie.”
Anaa “mfe nnompe.”
Anaa “ahomasoɔ.”
Kyerɛ sɛ, ɔsoro Abadwafoɔ.
Anaa “ahomasoɔ nsɛm.”
Anaa “ahomasoɔ.”
Kyerɛ sɛ, mmerɛ mmiɛnsa ne fã.
Kyerɛ sɛ, ɔsoro Abadwafoɔ.
Anaa “m’anim sesae.”
Anaa “Susa.”
Anaa “ahemfie.”
Anaa “awiatɔeɛ.”
Nt., “ani kyerɛ ɔsoro mframa nnan no.”
Anaa “awiapueeɛ.”
Anaa “Ahoɔfɛ no.”
Anaa “afɔreɛ a wɔbɔ no daa.”
Anaa “afɔreɛ a wɔbɔ no daa.”
Anaa “afɔreɛ a wɔbɔ no daa.”
Asɛmfua “asafo” no bɛtumi akyerɛ awia, nsoromma, ne deɛ ɛkeka ho. Ɛbɛtumi nso akyerɛ ɔsoro abɔfoɔ.
Anaa “ɔhene bi a waben wɔ sɛdeɛ wɔbɔ nkurɔfoɔ ho pɔ mu.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “berɛ a ɔmmɔ kɔkɔ.”
Kyerɛ sɛ, nwoma kronkron ahodoɔ.
Anaa “medii mmuada.”
Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “yɛn atemmufoɔ a wɔbuu yɛn atɛn.”
Anaa “woyɛ ɔnokwafoɔ.”
Anaa “woyɛ obi a wɔdɔ wo paa; woyɛ obi a wɔnni wo ho agorɔ.”
Kyerɛ sɛ, nnawɔtwe baako biara yɛ mfeɛ nson; woka bom a, ɛyɛ mfeɛ 490.
Nt., “odiyifoɔ.”
Anaa “Deɛ Wɔasra No no.”
Anaa “wɔbɛtwa Mesia no afiri hɔ.”
Nt., “Hidekel.”
Anaa “bɛlt.”
Ɛyɛ papã a wɔapaapae akyekyere abom asɔ ano gya.
Anaa “obi a wɔdɔ wo paa; obi a wɔnni wo ho agorɔ.”
Ɛkyerɛ, “Hwan Na Ɔte Sɛ Onyankopɔn?”
Anaa “aberempɔn no panin paa.”
Anaa “metɔree mum.”
Anaa “ɔbarima a wɔdɔ wo paa; ɔbarima a wɔnni wo ho agorɔ.”
Anaa “mayɛ n’abandenden.”
Nt., “ɔsoro mframa nnan.”
Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ anaafoɔ fam hene no.
Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ anaafoɔ fam hene no.
Anaa “ahoni a wɔaguo.”
Anaa “nneɛma a ɛsom bo.”
Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ atifi fam hene no.
Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ atifi fam hene no.
Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ anaafoɔ fam hene no.
Anaa “akorɔmfo-werɛmfoɔ mma.”
Esie anaa fasuo a wɔgyina so ko anaa wɔde bɔ kuro ho ban.
Anaa “abasa.”
Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ atifi fam hene no.
Anaa “Ahoɔfɛ no.”
Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ atifi fam hene no.
Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ atifi fam hene no.
Anaa “nhyɛsofoɔ.”
Anaa “wɔbɛbu no animtia.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Ɔbɛba a ɔremmɔ nkaeɛ.”
Anaa “adɛfɛdɛfɛsɛm.”
Anaa “abasa.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Ɔbɛba a ɔremmɔ nkaeɛ.”
Nt., “baabi a ɛyɛ sradeɛ.”
Anaa “asadeɛ.”
Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ atifi fam hene no.
Anaa “wɔbɛbu afa wɔn so.”
Anaa “n’abasa.”
Anaa “afɔreɛ a wɔbɔ no daa.”
Anaa “adɛfɛdɛfɛsɛm.”
Anaa “adɛfɛdɛfɛsɛm.”
Anaa “nneɛma a ɛsom bo.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Obiara a ɔno bɛgye no atom no.”
Anaa “agye akatua.”
Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ atifi fam hene no.
Anaa “anaafoɔ fam hene no ne no de wɔn mmɛn bɛsi ani.”
Anaa “Ahoɔfɛ no.”
Anaa “nneɛma a ɛsom bo.”
Anaa “n’anammɔn akyi.”
Anaa “awiapueeɛ.”
Anaa “Ahoɔfɛ no.”
Ɛkyerɛ, “Hwan Na Ɔte Sɛ Onyankopɔn?”
Nt., “wo man mma.”
Anaa “wɔn a wɔawuwuo.”
Anaa “anyansafoɔ.”
Anaa “bɛhwehwɛ mu [kyerɛ sɛ, nwoma no mu] akɔ akyiri.”
Kyerɛ sɛ, mmerɛ mmiɛnsa ne fã.
Anaa “anyansafoɔ.”
Anaa “afɔreɛ a wɔbɔ no daa.”
Anaa “n’ani da so dendeenden.”
Anaa “baabi a wɔatwa ama wo.”