Numeri
30 Na Mose ka kyerɛɛ mpanimfoɔ+ a wɔdeda Israel mmusuakuo ano no sɛ: “Asɛm a Yehowa aka nie: 2 Sɛ ɔbarima hyɛ Yehowa bɔ+ anaa ɔka ntam+ de kyekyere ne ho* sɛ ɔbɛtwe ne ho afiri nneɛma bi ho a, ɛnsɛ sɛ ɔbu so.+ Deɛ wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ne nyinaa.+
3 “Na sɛ ɔbaa hyɛ Yehowa bɔ anaa ɔka ntam de kyekyere ne ho sɛ ɔbɛtwe ne ho afiri nneɛma bi ho, na sɛ ɔyɛ ababaawa a ɔte ne papa fie, 4 na sɛ ne papa te ne bɔhyɛ no ne ntam a ɔde akyekyere ne ho* sɛ ɔbɛtwe ne ho afiri nneɛma bi ho no, na ne papa anka hwee a, ɛnneɛ ababaawa no bɔhyɛ no nyinaa bɛgyina, na ntam biara a waka de akyekyere ne ho sɛ ɔbɛtwe ne ho afiri nneɛma bi ho no nso bɛgyina. 5 Nanso sɛ ne papa te sɛ wahyɛ bɔ anaa waka ntam de akyekyere ne ho sɛ ɔbɛtwe ne ho afiri nneɛma bi ho, na papa no ampene so a, ɛrennyina. Na Yehowa de bɛkyɛ ababaawa no, ɛfiri sɛ ne papa ampene so.+
6 “Na sɛ ɔbaa no kaa ntam no anaa ɔperee ne ho hyɛɛ bɔ de kyekyeree ne ho ansa na ɔreware, 7 na sɛ ɛda a ne kunu bɛte ho asɛm no, ne kunu no anka ho hwee a, ɛnneɛ ne bɔhyɛ no anaa ntam a ɔde akyekyere ne ho sɛ ɔbɛtwe ne ho afiri nneɛma bi ho no bɛgyina. 8 Nanso, ɛda a ɔbaa no kunu bɛte no, sɛ wampene so a, ɛnneɛ sɛ ɔpɛ a, ɔbɛtumi atwa ɔbaa no ntam no mu. Ɔbɛtumi nso atwa ɛbɔ a ɔbaa no peree ne ho hyɛ de kyekyeree ne ho no mu,+ na Yehowa de bɛkyɛ ɔbaa no.
9 “Nanso sɛ ɔbaa kunafoɔ anaa ɔbaa a ne kunu agyaa no awareɛ hyɛ bɔ de kyekyere ne ho a, biribiara a waka no, ɛsɛ sɛ ɔdi so.
10 “Na sɛ berɛ a ɔbaa te ne kunu fie no, ɔhyɛ bɔ anaa ɔka ntam de kyekyere ne ho sɛ ɔbɛtwe ne ho afiri nneɛma bi ho, 11 na ne kunu tee nanso wanka ho hwee anaa wantia mu a, ɛnneɛ ɛbɔ biara a ɔhyɛeɛ anaa ntam biara a ɔde kyekyeree ne ho sɛ ɔbɛtwe ne ho afiri nneɛma bi ho no bɛgyina. 12 Nanso sɛ ɛda a okunu no tee ɛbɔ a ɔbaa no ahyɛ anaa ntam a ɔkaa sɛ ɔbɛtwe ne ho afiri nneɛma bi ho no, sɛ okunu no twaa ne nyinaa mu a, ɛnneɛ ɛrennyina.+ Ɔbaa no kunu atwa mu, enti Yehowa de bɛkyɛ ɔbaa no. 13 Bɔhyɛ biara anaa ntam biara a ɔbaa de bɛkyekyere ne ho sɛ ɔbɛtwe ne ho afiri nneɛma bi ho na ɔde nneɛma bi akame ne ho* no, ɔbaa no kunu na ɔbɛma agyina, na ɔbaa no kunu no ara na ɔbɛtumi atwa mu. 14 Nanso adeɛ rekye a adeɛ resa nyinaa, sɛ ɔbaa no kunu anka ho hwee a, ɛnneɛ na wama ɔbaa no bɔhyɛ nyinaa anaa ɛbɔ biara a wahyɛ sɛ ɔbɛtwe ne ho afiri nneɛma bi ho no agyina. Deɛ enti a wama agyina ne sɛ, ɛda a ɔtee ɔbaa no bɔhyɛ no, wanka ho hwee. 15 Nanso sɛ ɔbarima no te bɔhyɛ no, na wanka ho hwee saa da no, na akyire yi ɔtwa mu a, ɛnneɛ ɔno na ɔbɛsoa ɔbaa no afɔdie ho nsunsuansoɔ no.+
16 “Wei ne ahyɛdeɛ a Yehowa de maa Mose a ɛfa okunu ne ɔyere ho, ne deɛ ɛfa agya ne ne ba ababaawa a ɔte ne fie ho.”