Numeri
4 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 2 “Monkan Kohatfo+ a wɔwɔ Lewifoɔ mu, na munhunu nnipa dodoɔ a wɔwɔ wɔn mmusua mu ne wɔn agyanom abusuafie. 3 Monkan wɔn a wɔadi mfeɛ 30+ kɔsi mfeɛ 50+ a wɔyɛ adwuma wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu no nyinaa.+
4 “Wei ne adwuma a Kohatfoɔ bɛyɛ wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu;+ ɛyɛ ade kronkron paa. Ɛne sɛ: 5 Sɛ wɔretu* afiri baabi a wɔsoɛeɛ no a, Aaron ne ne mma no bɛba ɔsom ntomadan no mu abɛyi ntwamutam no,+ na wɔde akata Adanseɛ Adaka+ no ho. 6 Afei wɔde sukraman* nwoma bɛkata so, na wɔde ntoma bruu agu so, na wɔde ɛho nnua a wɔde soa no+ ahyehyɛ deɛ ɛhyɛ.
7 “Bio nso, ɛpono a wɔhyehyɛ paanoo a wɔde kyerɛ wɔ so no,+ wɔde ntoma bruu bɛsɛ so, na wɔde nyowa ne nkuruwa nketewa ne nkyɛnsee ne nkuruwa akɛseɛ no asisi so, nkuruwa akɛseɛ a wɔde nsã a wɔde bɔ nsã afɔreɛ gu mu no;+ paanoo a ɛsisi so daa no,+ ɛnsisi so. 8 Afei wɔde ntoma kɔkɔɔ bɛgu so, na wɔde sukraman nwoma akata so, na wɔde ɛho nnua a wɔde soa no+ ahyehyɛ deɛ ɛhyɛ. 9 Bio nso, wɔde ntoma bruu bɛkata kaneadua+ a wɔde nkanea sisi so no ho, ne ɛho nkanea,+ ne ɛho nneɛma a wɔde fa egya,+ ne nkyɛnsee a wɔde egya gu mu no ho, ne nneɛma a wɔde kanea mu ngo gu mu no nyinaa ho. 10 Afei wɔde sukraman nwoma nkatasoɔ bɛdura kaneadua no ne ɛho nneɛma nyinaa ho, na wɔde ato dua a wɔde bɛsoa no so. 11 Ɛno akyi no, wɔde ntoma bruu bɛfa sika kɔkɔɔ afɔrebukyia no+ ho, na wɔde sukraman nwoma akata so, na wɔde ɛho nnua a wɔde soa no+ ahyehyɛ deɛ ɛhyɛ. 12 Na wɔde nneɛma a wɔde som wɔ kronkronbea hɔ no nyinaa+ bɛgu ntoma bruu mu, na wɔde sukraman nwoma afa ho, na wɔde ato dua a wɔde bɛsoa no so.
13 “Wɔnsesa afɔrebukyia no mu nsõ* mfiri mu,+ na wɔmfa ntoma afasebire nkata so. 14 Afei wɔmfa nneɛma a wɔde som wɔ afɔrebukyia no so nyinaa ngu so. Nneɛma no ne, nkyɛnsee a wɔde egya gu mu, adinam, sofi, ne nkyɛnsee, kyerɛ sɛ, nneɛma a wɔde yɛ afɔrebukyia no so adwuma nyinaa.+ Wɔwie a, wɔmfa sukraman nwoma nkatasoɔ nkata so, na wɔmfa ɛho nnua a wɔde soa no+ nhyehyɛ deɛ ɛhyɛ.
15 “Sɛ wɔretu afiri baabi a wɔsoɛeɛ no a, Aaron ne ne mma bɛkata kronkronbea no ne nneɛma a ɛwɔ kronkronbea hɔ no nyinaa ho.+ Wɔwie a, na Kohatfoɔ no aba hɔ abɛsoa.+ Nanso, ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn ho ka kronkronbea no, anyɛ saa a, wɔbɛwu.+ Weinom ne Kohatfoɔ no asɛdeɛ* a wɔwɔ wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ho.
16 “Ɔsɔfoɔ Aaron ba Eleasar+ na ɔbɛhwɛ ngo a wɔde bɛgu kanea mu,+ ne aduhwam,+ ne daa aduane afɔreɛ, ne ɔsrango no+ so. Ɔno na ɔbɛhwɛ ɔsom ntomadan no nyinaa ne emu nneɛma nyinaa so; kronkronbea no ne ɛho nneɛma nyinaa nso ka ho.”
17 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 18 “Monhwɛ na wɔantwa Kohatfoɔ mmusua+ amfiri Lewifoɔ mu. 19 Monyɛ wei mma wɔn na wɔatena nkwa mu na wɔamma nneɛma a ɛyɛ kronkron paa+ no ho ammɛwuwu. Aaron ne ne mma bɛba ɔsom ntomadan no mu abɛkyerɛ adwuma a obiara bɛyɛ ne deɛ ɔbɛsoa. 20 Ɛnsɛ sɛ wɔba hɔ* ma wɔn ani bɔ nneɛma kronkron no so ketekete mpo na wɔanwu.”+
21 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 22 “Monkan Gersonfoɔ+ nhunu nnipa dodoɔ a wɔwɔ wɔn agyanom abusuafie ne wɔn mmusua mu. 23 Monkan wɔn a wɔadi mfeɛ 30 kɔsi mfeɛ 50 a wɔyɛ adwuma wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu no nyinaa. 24 Adwuma a Gersonfoɔ mmusua bɛyɛ ne nneɛma a wɔbɛsoa nie:+ 25 Wɔbɛsoa ɔsom ntomadan no ho ntoma,+ ne ahyiaeɛ ntomadan no ho ntoma, ne ne nkatasoɔ, ne sukraman nwoma nkatasoɔ a ɛgu so,+ ne ntoma a ɛsɛn ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano,+ 26 ne ntoma a ɛsensɛn adihɔ no ho,+ ne ntoma* a ɛwɔ adihɔ no ano,+ adihɔ a ɛwɔ ɔsom ntomadan no ne afɔrebukyia no ho no, ne ɛho nhoma, ne ɛho nneɛma nyinaa ne biribiara a wɔde yɛ ɛho adwuma. Ɛno ne wɔn adwuma. 27 Aaron ne ne mma na wɔbɛhwɛ Gersonfoɔ+ nnwuma ne nneɛma a wɔbɛsoa nyinaa so. Mode nnesoa yi nyinaa bɛma wɔn; ɛno na ɛbɛyɛ wɔn adwuma. 28 Wei ne adwuma a Gersonfoɔ mmusua bɛyɛ wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu,+ na ɔsɔfoɔ Aaron ba Itamar na ɔbɛhwɛ wɔn adwuma no so.+
29 “Na Merarifoɔ+ no deɛ, monkan wɔn nhunu nnipa dodoɔ a wɔwɔ wɔn mmusua mu ne wɔn agyanom abusuafie. 30 Monkan wɔn a wɔadi mfeɛ 30 kɔsi mfeɛ 50 a wɔyɛ adwuma wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu no nyinaa. 31 Adwuma a wɔbɛyɛ wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ho nie:+ wɔbɛsoa ɔsom ntomadan nnua no,+ ne ne mmeamu,+ ne ɛho adum no,+ ne ne nnyinasoɔ,+ 32 adum+ a atwa adihɔ no ho ahyia, ne adum no nnyinasoɔ,+ ne nnua a wɔde bɔ ntomadan no mu tim fam,+ ne ɛho nhoma ne emu nneɛma nyinaa, ne weinom ho adwuma biara. Mommɔ obiara din na monkyerɛ no nneɛma a ɔbɛsoa. 33 Wei ne adwuma a Merarifoɔ mmusua+ bɛyɛ wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu, na ɔsɔfoɔ Aaron ba Itamar na ɔbɛhwɛ wɔn adwuma no so.”+
34 Afei Mose ne Aaron ne asafo no mu mpanimfoɔ+ no kan Kohatfoɔ+ hunuu nnipa dodoɔ a ɛwɔ wɔn mmusua ne wɔn agyanom abusuafie, 35 wɔn a wɔadi mfeɛ 30 kɔsi mfeɛ 50 a wɔyɛ adwuma wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu no nyinaa.+ 36 Nnipa a wɔkan wɔn wɔ wɔn mmusua mu no, wɔn nyinaa dodoɔ yɛ 2,750.+ 37 Wɔkan weinom wɔ Kohatfoɔ mmusua no mu, wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ho nyinaa. Mose ne Aaron kan wɔn sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.+
38 Na wɔkan Gersonfoɔ+ hunuu nnipa dodoɔ a ɛwɔ wɔn mmusua mu ne wɔn agyanom abusuafie, 39 wɔn a wɔadi mfeɛ 30 kɔsi mfeɛ 50 a wɔyɛ adwuma wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu no nyinaa. 40 Nnipa a wɔkan wɔn wɔ wɔn mmusua mu ne wɔn agyanom abusuafie no, wɔn nyinaa dodoɔ yɛ 2,630.+ 41 Weinom ne Gersonfoɔ mmusua a wɔkan wɔn, wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu no nyinaa. Mose ne Aaron kan wɔn sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.+
42 Na wɔkan Merarifoɔ hunuu nnipa dodoɔ a ɛwɔ wɔn mmusua mu ne wɔn agyanom abusuafie, 43 wɔn a wɔadi mfeɛ 30 kɔsi mfeɛ 50 a wɔyɛ adwuma wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu no nyinaa.+ 44 Nnipa a wɔkan wɔn wɔ wɔn mmusua mu no, wɔn nyinaa dodoɔ yɛ 3,200.+ 45 Weinom ne Merarifoɔ mmusua a wɔkan wɔn, wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu no nyinaa. Mose ne Aaron kan wɔn sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.+
46 Enti Mose ne Aaron ne Israel mpanimfoɔ no kan Lewifoɔ yi nyinaa hunuu nnipa dodoɔ a ɛwɔ wɔn mmusua mu ne wɔn agyanom abusuafie. 47 Ná wɔadi mfeɛ 30 kɔsi mfeɛ 50, na na wɔn nyinaa yɛ adwuma wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu, na na wɔsoa ɛho nneɛma.+ 48 Nnipa a wɔkan wɔn no nyinaa dodoɔ yɛ 8,580.+ 49 Wɔkan wɔn sɛdeɛ Yehowa nam Mose so kaeɛ no. Wɔkan wɔn sɛdeɛ obiara adwuma ne n’adesoa teɛ. Sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no, saa ara na wɔkan wɔn.