Numeri
16 Na Kora+ a ɔyɛ Lewi+ ba Kohat+ ba Yisar+ ba no sɔre gyinae, ɔne Eliab+ mma Datan ne Abiram, ne Pelet ba On a wɔfiri Ruben+ abusuakuo mu no. 2 Wɔne Israelfoɔ mmarima a wɔyɛ badwa no mu mpanimfoɔ, mmarima 250 a wɔayi wɔn wɔ asafo no mu a wɔwɔ din sɔre tiaa Mose. 3 Wɔboaa wɔn ano kɔɔ Mose ne Aaron so,+ na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yɛabrɛ mo! Asafo yi nyinaa nso yɛ nnipa kronkron,+ obiara yɛ kronkron, na Yehowa wɔ wɔn mu.+ Adɛn nti na ɛsɛ sɛ moma mo ho so wɔ Yehowa asafo so saa?”
4 Berɛ a Mose tee saa no, ɛhɔ ara na ɔde n’anim butuu fam. 5 Afei ɔka kyerɛɛ Kora ne n’akyitaafoɔ no nyinaa sɛ: “Ɔkyena anɔpa Yehowa bɛkyerɛ deɛ ɔyɛ ne dea,+ ne deɛ ɔyɛ kronkron, ne deɛ ɛsɛ sɛ ɔba n’anim,+ na deɛ ɔbɛyi no no,+ ɔno na ɔbɛba n’anim. 6 Deɛ monyɛ nie: Kora, wo ne w’akyitaafoɔ nyinaa,+ momfa kyɛnsee a wɔde egya gu mu,+ 7 na momfa egya ngu mu, na momfa aduhwam ngu so, na momfa mmra Yehowa anim ɔkyena, na deɛ Yehowa bɛyi no no,+ ɔno na ɔyɛ kronkron. Afei deɛ, aboro so, Lewi mma!”+
8 Na Mose ka kyerɛɛ Kora sɛ: “Lewi mma, mepa mo kyɛw, montie. 9 Mohwɛ a ɛyɛ ade ketewa sɛ Israel Nyankopɔn no ayi mo afiri Israel asafo mu+ sɛ mommra n’anim mmɛyɛ adwuma wɔ Yehowa som ntomadan mu na monnyina asafo no anim nsom wɔn?+ 10 Ɛyɛ ade ketewa sɛ wama wo ne wo nuanom Lewifoɔ no abɛn no? Ɛnna wei nyinaa akyi, moresan apɛ asɔfodie no?+ 11 Ɛno nti, wo ne w’akyitaafoɔ a moaboa mo ano no nyinaa asɔre atia Yehowa. Aaron deɛ, deɛn na wayɛ a enti monwiinwii tia no?”+
12 Akyire yi, Mose soma kɔfrɛɛ Eliab mma Datan ne Abiram+ sɛ wɔmmra, nanso wɔkaa sɛ: “Yɛremma baabiara! 13 Woayi yɛn afiri asaase a nufosuo ne ɛwoɔ abu so wɔ so no so sɛ yɛmmɛwuwu wɔ serɛ so.+ Wohwɛ a ɛyɛ ade ketewa? Afei deɛ, wopɛ sɛ wode yɛn yɛ nkoa na wodi yɛn so woahu?* 14 Yɛreka yi koraa, womfaa yɛn mmaa asaase a nufosuo ne ɛwoɔ abu so wɔ so+ biara so, na wommaa yɛn asaase ne bobefuo* agyapadeɛ biara. Adɛn, wopɛ sɛ wotutu mmarima no ani anaa? Yɛremma baabiara!”
15 Enti Mose bo fuu paa, na ɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Ntwa w’ani nhwɛ wɔn aduane afɔreɛ. Mennyee afunumu baako mpo mfirii wɔn hɔ, na menyɛɛ wɔn mu biara bɔne nso.”+
16 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ Kora sɛ: “Wo ne w’akyitaafoɔ nyinaa mmra Yehowa anim ɔkyena, wo ne wɔn ne Aaron. 17 Obiara mfa ne kyɛnsee a wɔde egya gu mu na ɔmfa aduhwam ngu so, na obiara mfa ne kyɛnsee a wɔde egya gu mu no mmra Yehowa anim, kyɛnsee a wɔde egya gu mu 250. Na wo ne Aaron nso, obiara mfa ne kyɛnsee a wɔde egya gu mu mmra.” 18 Enti obiara faa ne kyɛnsee a wɔde egya gu mu, na wɔde egya ne aduhwam guu mu, na wɔbɛgyinaa ahyiaeɛ ntomadan no ano, wɔne Mose ne Aaron. 19 Berɛ a Kora boaa n’akyitaafoɔ+ ano kɔɔ ahyiaeɛ ntomadan no ano no, Yehowa animuonyam daa adi maa asafo no nyinaa hunui.+
20 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 21 “Montwe mo ho mfiri saa nkurɔfoɔ yi ho, na menhye wɔn ase seesei ara.”+ 22 Berɛ a wɔtee saa no, wɔde wɔn anim butubutuu fam, na wɔkaa sɛ: “O, Onyankopɔn, Onyankopɔn a woma nnipa nyinaa nkwa,*+ onipa baako bɔne nti, wobɛma w’abufuo aba asafo yi nyinaa so anaa?”+
23 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 24 “Wo ne asafo no nkasa, na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Momfiri Kora ne Datan ne Abiram+ ntomadan ho!’”
25 Ɛnna Mose sɔreeɛ, na ɔkɔɔ Datan ne Abiram nkyɛn, na Israel mpanimfoɔ no+ ne no kɔe. 26 Na ɔka kyerɛɛ asafo no sɛ: “Mepa mo kyɛw, montwe mo ho mfiri nnipa abɔnefoɔ yi ntomadan ho. Mommfa mo nsa nnka wɔn biribiara, na wɔn bɔne no nti wɔampra mo ankɔ.” 27 Na ntɛm ara na wɔtwee wɔn ho firii Kora ne Datan ne Abiram ntomadan no ho baabiara. Na Datan ne Abiram pue bɛgyinagyinaa wɔn ntomadan ano, wɔne wɔn yerenom ne wɔn mma mmarima ne wɔn mma nketewa nyinaa.
28 Afei Mose kaa sɛ: “Wei na ɛbɛma moahunu sɛ Yehowa na asoma me sɛ menyɛ weinom nyinaa, na ɛnyɛ me ara:* 29 Sɛ nnipa yi wu* sɛdeɛ nnipa nyinaa wu, na sɛ asotwe a ɛbɛba wɔn so no yɛ deɛ ɛba nnipa nyinaa so no bi a, ɛnneɛ na ɛnyɛ Yehowa na asoma me.+ 30 Na sɛ Yehowa ma biribi a ɛyɛ nwanwa ba wɔn so, na asaase mu bue,* na ɛmene wɔne deɛ wɔwɔ nyinaa ma wɔkɔ Adamena* mu anikan a, ɛhɔ na mobɛhunu sɛ ampa, nnipa yi ayɛ aniammɔnho akyerɛ Yehowa.”
31 Berɛ a ɔkaa asɛm yi nyinaa wiee pɛ na asaase a wɔgyina so no mu paeeɛ.+ 32 Na asaase no mu buei,* na ɛmenee wɔne wɔn fiefoɔ ne Kora ho nipa biara+ ne wɔn agyapadeɛ nyinaa. 33 Enti wɔne wɔn a ɛka wɔn ho nyinaa siane kɔɔ Adamena* mu animono, na asaase kataa wɔn so maa wɔyera firii asafo no mu.+ 34 Berɛ a wɔreteateam no, Israelfoɔ a ɛbɛn wɔn no nyinaa dwane firii hɔ, na wɔkaa sɛ: “Yɛsuro sɛ anhwɛ a na asaase amene yɛn nso!” 35 Ɛnna egya firi Yehowa hɔ baeɛ,+ na ɛhyee mmarima 250 a na wɔkurakura aduhwam no.+
36 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 37 “Ka kyerɛ ɔsɔfoɔ Aaron ba Eleasar sɛ ɔnyiyi nkyɛnsee a wɔde egya gu mu no+ mfiri egya no mu, ɛfiri sɛ ɛyɛ kronkron. Afei nso, ka kyerɛ no sɛ ɔmpiapia egya no mfiri ho nkɔ akyiri. 38 Ma wɔmfa nkyɛnsee a wɔde egya gu mu a na ɛkurakura nnipa a wɔyɛɛ bɔne* maa wɔwuwuiɛ no, na wɔnyɛ no ntraantraa mfa nkata afɔrebukyia no ho.+ Ɛsiane sɛ wɔde baa Yehowa anim nti, abɛyɛ ade kronkron. Ma ɛnyɛ sɛnkyerɛnne mma Israelfoɔ no.”+ 39 Enti ɔsɔfoɔ Eleasar faa kɔbere nkyɛnsee a wɔde egya gu mu no, deɛ nnipa a wɔhyeeɛ no de baeɛ no, na ɔbobɔɔ so de kataa afɔrebukyia no ho, 40 sɛdeɛ na Yehowa nam Mose so aka akyerɛ no no. Ɛyɛ biribi a na ɛbɛkae Israelfoɔ no sɛ, ɛnsɛ sɛ obi a wɔmmaa no kwan,* kyerɛ sɛ, obi a ɔmfiri Aaron abusua mu hye aduhwam wɔ Yehowa anim.+ Afei nso, na ɛbɛkae wɔn na obiara anyɛ sɛ Kora ne n’akyitaafoɔ no.+
41 Nanso adeɛ kyeeɛ ara na Israel asafo no nyinaa firii aseɛ nwiinwii tiaa Mose ne Aaron+ sɛ: “Mo mmienu na moakum Yehowa nkurɔfoɔ.” 42 Berɛ a asafo no boaa wɔn ano baa Mose ne Aaron so no, wɔde wɔn ani kyerɛɛ ahyiaeɛ ntomadan no. Na hwɛ! na mununkum no akata so, na Yehowa animuonyam firii aseɛ daa adi.+
43 Afei Mose ne Aaron bɛgyinaa ahyiaeɛ ntomadan no anim.+ 44 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 45 “Montwe mo ho mfiri asafo yi ho na menhye wɔn ase seesei ara.”+ Ɛnna wɔde wɔn anim butubutuu fam.+ 46 Afei Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Fa kyɛnsee a wɔde egya gu mu no, na yi afɔrebukyia no so gya no+ bi gu mu na fa aduhwam gu so, na yɛ ntɛm kɔ asafo no nkyɛn kɔpata ma wɔn,+ ɛfiri sɛ Yehowa bo afu. Ɔhaw no afiri aseɛ!” 47 Ɛhɔ ara na Aaron kɔfaa kyɛnsee a wɔde egya gu mu no, sɛdeɛ Mose kaeɛ no, na ɔtuu mmirika kɔɔ asafo no mu. Na hwɛ! na ɔhaw no afiri aseɛ dada. Enti ɔde aduhwam no guu kyɛnsee no mu hye de pata maa ɔman no. 48 Na ɔgyinaa wɔn a wɔawuo ne wɔn a wɔnwuiɛ no ntam, na afei deɛ, ɔhaw no gyaee. 49 Nnipa a ɔhaw a ɛbaeɛ no kunkum wɔn no nyinaa yɛ 14,700. Wɔn a Kora asɛm no nti wɔwuwuiɛ no nka ho. 50 Berɛ a Aaron san baa Mose nkyɛn wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ano no, na ɔhaw no agyae.