Numeri
19 Na Yehowa san ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 2 “Mmara a ɛfiri Yehowa hɔ no mu ahyɛdeɛ baako nie, ‘Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, wɔmfa nantwie kɔkɔɔ a ɔte apɔ a dɛm biara nni ne ho+ a wɔmfaa kɔndua ntoo ne kɔn mu da mmrɛ wo. 3 Momfa no mma ɔsɔfoɔ Eleasar, na ɔmfa no nkɔ asoɛeɛ no akyi, na wɔnku no wɔ n’anim. 4 Na ɔsɔfoɔ Eleasar mfa ne nsateaa nka ne mogya no bi, na ɔmpete mogya no mprɛ nson wɔ baabi a ɛde rekɔ ahyiaeɛ ntomadan no anim hɔ no.+ 5 Afei wɔnhye nantwie no wɔ n’anim. Ne nwoma, ne nam, ne mogya, ne ne bini nyinaa, wɔnhye.+ 6 Na ɔsɔfoɔ no mfa sida dua ne sommɛ*+ ne koogyan na ɔnto ngu egya a wɔde rehye nantwie no mu. 7 Afei ɔsɔfoɔ no nsi ne ntaadeɛ na ɔmfa nsuo nnware,* na ɔwie a, ɔbɛtumi aba asoɛeɛ hɔ. Nanso ɔsɔfoɔ no ho rente kɔsi anwummerɛ.
8 “‘Na deɛ ɔbɛhye nantwie no nsi ne ntaadeɛ na ɔmfa nsuo nnware,* nanso ne ho rente kɔsi anwummerɛ.
9 “‘Ɔbarima a ne ho teɛ nsesa nantwie no nsõ no,+ na ɔmfa nkɔgu baabi a ɛhɔ teɛ wɔ asoɛeɛ no akyi. Israel asafo no mfa nsie, na wɔmfa mfra nsuo a wɔde bɛte wɔn ho no.+ Ɛyɛ bɔne ho afɔreɛ. 10 Na deɛ ɔbɛsesa nantwie no nsõ no nsi ne ntaadeɛ, nanso ne ho rente kɔsi anwummerɛ.
“‘Wei yɛ ahyɛdeɛ a Israelfoɔ ne ahɔhoɔ a wɔabɛsoɛ wɔn no bɛdi so daa.+ 11 Obiara a ne ho bɛka onipa a wawu* no, ne ho rente nnanson.+ 12 Ɛsɛ sɛ saa onipa no de nsuo no dwira ne ho da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, na da a ɛtɔ so nson no ne ho bɛte. Na sɛ wannwira ne ho da a ɛtɔ so mmiɛnsa no a, ɛnneɛ da a ɛtɔ so nson no ne ho rente. 13 Sɛ obi ho ka onipa a wawu,* na wannwira ne ho a, wagu Yehowa som ntomadan ho fĩ,+ na ɛsɛ sɛ wɔku* saa onipa* no firi Israel.+ Ɛsiane sɛ wɔmfaa ahodwira nsuo+ no mpetee ne ho nti, ne ho nte. Ɔda so ara wɔ ne fĩ mu.
14 “‘Sɛ obi wu wɔ ntomadan mu a, ɛho mmara nie: Obiara a ɔbɛba ntomadan no mu ne obiara a na ɔwɔ ntomadan no mu dada no, ne ho rente nnanson. 15 Adeɛ biara a ano da hɔ a wɔmfaa ne mmuasoɔ nkataa ano nkyekyereeɛ no, ɛho rente.+ 16 Sɛ obi wɔ wuram na ɔde ne ho ka obi a wɔde sekan aku no, anaa efunu, anaa onipa dompe, anaa ɛda bi a, ne ho rente nnanson.+ 17 Ɛba saa a, wɔmfa nsõ a wɔsesa firii baabi a wɔhyee aboa no de bɔɔ bɔne ho afɔreɛ no bi, na wɔmfa ngu adeɛ mu, na wɔnhwie asutene mu nsuo ngu so mma deɛ ne ho agu fĩ no. 18 Afei ɔbarima a ne ho teɛ+ mfa sommɛ+ mmɔ nsuo no mu na ɔmfa mpete ntomadan no ne emu nneɛma nyinaa ne nnipa* a na ɛwɔ hɔ no so. Na deɛ ne ho aka dompe anaa ɔde ne ho aka obi a wɔde sekan aku no, anaa efunu anaa ɛda no, ɔmfa bi mpete ne so. 19 Na deɛ ne ho teɛ no mfa mpete deɛ ne ho nteɛ no so da a ɛtɔ so mmiɛnsa ne da a ɛtɔ so nson no, na ɔnnwira saa onipa no ho mfiri bɔne ho da a ɛtɔ so nson no.+ Afei ɔnsi ne ntaadeɛ na ɔmfa nsuo nnware, na ne ho bɛte anwummerɛ.
20 “‘Na sɛ obi ho nte na wannwira ne ho a, wɔnkum* saa onipa* no mfiri asafo no mu,+ ɛfiri sɛ wagu Yehowa kronkronbea ho fĩ. Wɔamfa ahodwira nsuo no bi ampete ne so, enti ne ho nte.
21 “‘Wei yɛ ahyɛdeɛ a wɔbɛdi so daa: Deɛ ɔbɛpete ahodwira nsuo+ no nsi ne ntaadeɛ, na deɛ ɔde ne nsa bɛka ahodwira nsuo no ho rente kɔsi anwummerɛ. 22 Biribiara a deɛ ne ho agu fĩ no ho bɛka no, ɛho bɛgu fĩ, na onipa* biara a ne ho bɛka saa adeɛ no, ne ho bɛgu fĩ akɔsi anwummerɛ.’”+