Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Deuteronomium 24
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Deuteronomium Nwoma No Mu Nsɛntitire

      • Awareɛ ne awaregyaeɛ (1-5)

      • Kyerɛ sɛ wobu nkwa (6-9)

      • Dwene ahiafoɔ ho (10-18)

      • Nnɔbaeɛ ase a wɔbɛgya ama nkurɔfoɔ (19-22)

Deuteronomium 24:1

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 5:31, 32; Mr 10:4, 11
  • +Mal 2:16; Mt 1:19; 19:3-8

Deuteronomium 24:2

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 21:7

Deuteronomium 24:5

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 20:7; Mme 5:18; Ɔsɛ 9:9

Deuteronomium 24:6

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ne nkwa; ne kra.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 22:26, 27

Deuteronomium 24:7

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “wakye ɔkra a ɔyɛ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 37:28; 40:15
  • +Ex 21:16
  • +De 19:18, 19; 21:20, 21

Deuteronomium 24:8

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ aseɛ “kwata” no kyerɛ nneɛma pii; ɛbɛtumi akyerɛ honam ani nyarewa ahodoɔ a ɛtumi san. Ɛbɛtumi nso ayɛ nneɛma a ɛtotɔ ntaadeɛ mu anaa adan ho.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 13:2, 15; Mr 1:44; Lu 17:14

Deuteronomium 24:9

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 12:10, 15

Deuteronomium 24:10

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 15:7, 8; Mme 3:27

Deuteronomium 24:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Hio 24:9, 10

Deuteronomium 24:13

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 22:26, 27

Deuteronomium 24:14

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “w’apono.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 25:39, 43; Mme 14:31

Deuteronomium 24:15

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ne kra anidasoɔ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 19:13; Yer 22:13; Mt 20:8
  • +Mme 22:22, 23; Yak 5:4

Deuteronomium 24:16

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 25:3, 4
  • +Hes 18:20

Deuteronomium 24:17

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 22:21, 22
  • +Ex 22:26, 27

Deuteronomium 24:18

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 5:15

Deuteronomium 24:19

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 19:9; 23:22; Ru 2:16; Dw 41:1
  • +De 15:7, 10; Mme 11:24; 19:17; Lu 6:38; 2Ko 9:6; 1Yo 3:17

Deuteronomium 24:20

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 19:10; De 26:13

Deuteronomium 24:21

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “bobeturo.”

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Deut. 24:1Mt 5:31, 32; Mr 10:4, 11
Deut. 24:1Mal 2:16; Mt 1:19; 19:3-8
Deut. 24:2Le 21:7
Deut. 24:5De 20:7; Mme 5:18; Ɔsɛ 9:9
Deut. 24:6Ex 22:26, 27
Deut. 24:7Ge 37:28; 40:15
Deut. 24:7Ex 21:16
Deut. 24:7De 19:18, 19; 21:20, 21
Deut. 24:8Le 13:2, 15; Mr 1:44; Lu 17:14
Deut. 24:9Nu 12:10, 15
Deut. 24:10De 15:7, 8; Mme 3:27
Deut. 24:12Hio 24:9, 10
Deut. 24:13Ex 22:26, 27
Deut. 24:14Le 25:39, 43; Mme 14:31
Deut. 24:15Le 19:13; Yer 22:13; Mt 20:8
Deut. 24:15Mme 22:22, 23; Yak 5:4
Deut. 24:162Be 25:3, 4
Deut. 24:16Hes 18:20
Deut. 24:17Ex 22:21, 22
Deut. 24:17Ex 22:26, 27
Deut. 24:18De 5:15
Deut. 24:19Le 19:9; 23:22; Ru 2:16; Dw 41:1
Deut. 24:19De 15:7, 10; Mme 11:24; 19:17; Lu 6:38; 2Ko 9:6; 1Yo 3:17
Deut. 24:20Le 19:10; De 26:13
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Deuteronomium 24:1-22

Deuteronomium

24 “Sɛ ɔbarima ware ɔbaa na ɔhunu sɛ ɔbaa no ayɛ aniwudeɛ bi ma enti ɔmpɛ no bio a, ɛnneɛ ɔntwerɛ awaregyaeɛ krataa+ nhyɛ ɔbaa no nsam na ɔmma no mfiri ne fie nkɔ.+ 2 Sɛ ɔfiri fie hɔ a, ɔbɛtumi akɔware barima foforɔ.+ 3 Na sɛ barima a ɔtɔ so mmienu no nso mpɛ no bio na ɔtwerɛ awaregyaeɛ krataa de hyɛ ne nsam pamo no firi ne fie anaasɛ ɔbarima a ɔtɔ so mmienu no wu a, 4 ne kunu a ɔdi kan a ɔpamoo no no rentumi nware no bio ɛfiri sɛ ɔbaa no ho nte mma no. Nneyɛɛ a ɛtete saa nyinaa yɛ Yehowa akyiwadeɛ. Hwɛ na woamfa bɔne amma asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so.

5 “Sɛ ɔbarima ware foforɔ a, ɛnsɛ sɛ wɔma no kɔ ɛko, na ɛnsɛ sɛ wɔma no dwumadie foforɔ biara nso. Ɔntena fie afe baako na ɔmma ne yere ani nnye.+

6 “Ɛnsɛ sɛ obiara gye ɛboɔ a wɔyam so adeɛ anaa ɛboɔ a wɔde yam adeɛ firi ne yɔnko hɔ de si awowa.+ Sɛ ɔyɛ saa a, ɛyɛ n’ano aduane* na wagye de asi awowa.

7 “Sɛ wɔhu obi sɛ wakye* ne nua Israelni bi asie, na watan n’ani atɔn no a,+ deɛ ɔkyee ne yɔnko sieeɛ no, ɛsɛ sɛ wɔku no.+ Monyɛ saa mfa nyi adebɔne no mfiri mo mu.+

8 “Sɛ kwata* te si ɔman no mu a, hwɛ yie paa, na yɛ deɛ Lewifoɔ a wɔyɛ asɔfoɔ no bɛkyerɛ wo nyinaa.+ Hwɛ di deɛ maka akyerɛ wɔn no so pɛpɛɛpɛ. 9 Kae deɛ Yehowa wo Nyankopɔn de yɛɛ Miriam wɔ kwan so, berɛ a mofiri Egypt reba no.+

10 “Bosea biara a wobɛbɔ wo yɔnko no,+ nkɔ ne fie nkɔgye deɛ ɔde resi awowa no. 11 Gyina abɔnten ma deɛ ɔgyee bosea no nkɔfa deɛ ɔde resi awowa no mmrɛ wo wɔ abɔnten hɔ. 12 Na sɛ onii no wɔ ahokyerɛ mu a, deɛ ɔde asi awowa a ɛwɔ wo nkyɛn no, hwɛ na woamma adeɛ ankye so.+ 13 Awia kɔtɔ ara pɛ a, san fa deɛ ɔde sii awowa no kɔma no, na ɔmfa ne ntoma no nkɔda+ na ɔnhyira wo. Na Yehowa wo Nyankopɔn nso bɛbu wo sɛ woyɛ ɔteneneeni.

14 “Nsisi ɔpaani hianiwa a ne ho akyere no; wo nua oo, ɔhɔhoɔ a ɔte w’asaase so wɔ wo kuro* mu oo, nsisi no.+ 15 Tua no ka saa da no ara+ ansa na awia akɔtɔ, ɛfiri sɛ ne ho akyere no, na n’akatua no ara ne n’anidasoɔ.* Anyɛ saa na ɔsu frɛ Yehowa a, ɛbɛdane bɔne ama wo.+

16 “Ɛnsɛ sɛ wɔhwɛ mma bɔne ho ku wɔn agyanom, na ɛnsɛ sɛ wɔhwɛ agyanom bɔne ho ku wɔn mma.+ Obiara bɔne ho na wɔnku no.+

17 “Sɛ ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu anaa agyanka de n’asɛm ba w’anim a, nkyea atemmuo,+ na nnye okunafoɔ ntoma mfa nsi awowa.+ 18 Kae sɛ na woyɛ akoa wɔ Egypt na Yehowa wo Nyankopɔn gyee wo firii hɔ.+ Ɛno nti na mede mmara yi rema wo sɛ di so no.

19 “Sɛ wotwa w’afuo mu nnɔbaeɛ na wo werɛ fi nnɔbaeɛ a wɔakyekyere no bi a, nsan nkɔfa. Gya ma ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu, agyanka, ne okunafoɔ,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Yehowa wo Nyankopɔn bɛhyira deɛ woyɛ nyinaa so.+

20 “Sɛ woporo wo ngodua a, nsan nkɔfa so bio. Gya deɛ aka dua no so no ma ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu, agyanka, ne okunafoɔ.+

21 “Sɛ wote wo bobefuo* mu aba a, nsan w’akyi nkɔtete deɛ aka wɔ so no. Gya ma ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu, agyanka, ne okunafoɔ. 22 Kae sɛ na woyɛ akoa wɔ Egypt asaase so. Ɛno nti na mede mmara yi rema wo sɛ di so no.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane