Ahemfo Nwoma a Ɛdi Kan
7 Na Solomon ankasa fie* nso, mfeɛ 13 na ɔde si yɛɛ ho biribiara.+
2 Afei ɔsii Lebanon Kwaeɛfie+ no; ne tenten yɛ basafa* 100, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 50, na ɛfiri soro bɛsi fam nso yɛ basafa 30, na ɔsi sii sida nnua adum a ɛsesã so nnan nnan so; wɔde sida nnua+ guu adum no so. 3 Mpuna a ɛdeda adum no so no, wɔde sida ntaaboɔ 45 sɛm so. Ɛfã biara, ntaaboɔ 15 na ɛsesã so wɔ hɔ. 4 Ná wɔayeyɛ mpomma nso a ɛsesã so mmiɛnsa wɔ hɔ, na mpomma biara kyerɛ mpomma foforɔ anim; wɔyɛ toatoaa so mmiɛnsa firii fam kɔsii soro. 5 N’apono ne n’aponnwa no n’afanan nyinaa yɛ pɛpɛɛpɛ, na mpomma a ɛdi nhwɛanimu a ɛtoatoa so mmiɛnsa no nso, na ebiara afanan nyinaa yɛ pɛpɛɛpɛ.
6 Ɔyɛɛ Adum Abrannaa no nso; ná ne tenten yɛ basafa 50, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 30; ɔde adum yɛɛ abrannaa foforɔ nso wɔ animu, na ɔkuruu so.
7 Afei nso ɔyɛɛ Ahennwa Abrannaa+ no, Atemmuo Abrannaa+ a ɔbɛbu atɛn wɔ hɔ, na ɔde sida nnua sɛm ɛdan no mu firii fam kɔsii ne nsɛmsoɔ so.
8 Ne fie* a ɔno ara bɛtena mu a ɛbɛn adihɔ+ a ɛwɔ ɛfã nohoa no, na ate ne ho afiri Abrannaa dan* no ho, na na ɛne no sɛ. Solomon san sii fie a ɛte sɛ Abrannaa dan no maa Farao babaa a ɔwaree no no.+
9 Ne nyinaa, ɛfiri ne fapem so kɔsi n’atifi, abɔnten kɔsi adihɔ kɛseɛ+ hɔ, ɔde aboɔ a ne boɔ yɛ den+ a wɔapae no pɛpɛɛpɛ na wɔde sradaa atwitwa anim ne akyire na ɛyɛeɛ. 10 Na aboɔ akɛseɛ a ne boɔ yɛ den na wɔde too fapem no; aboɔ no bi yɛ basafa du na ebi nso yɛ basafa nwɔtwe. 11 Aboɔ a ne boɔ yɛ den a wɔasusu na wɔapaapae ne sida nnua na ɛdeda so. 12 Ɔtoo aboɔ a wɔasene toatoaa so mmiɛnsa, na ɔde sida nnua totoo so de yɛɛ ɔfasuo twaa adihɔ kɛseɛ no ho hyiaeɛ sɛdeɛ ɔyɛɛ no Yehowa fie adihɔ a ɛwɔ mfimfini+ ne efie no abrannaa ho no.
13 Ɔhene Solomon soma maa wɔkɔfaa Hiram+ firii Tiro bae. 14 Ná ɔyɛ ɔdwumayɛni a ne ho akokwa a ɔwɔ nimdeɛ+ ne suahunu a wɔde yɛ kɔbere ho adwuma biara; ná ne maame yɛ okunafoɔ a ɔfiri Naftali abusuakuo mu, na na ne papa yɛ kɔbere* dwumfoɔ+ a ɔfiri Tiro. Ɔbaa Ɔhene Solomon nkyɛn bɛyɛɛ ne nnwuma nyinaa.
15 Ɔguu kɔbere adum mmienu no;+ adum no biara tenten yɛ basafa 18, na ahoma basafa 12 na ɛtumi twa adum no biara ho hyia.+ 16 Ɔde kɔbere yɛɛ ntaasoɔ mmienu sisii adum no so. Ntaasoɔ no baako tenten yɛ basafa nnum, na ntaasoɔ baako no nso tenten yɛ basafa nnum. 17 Adum no ntaasoɔ no biara, wɔanwene atena ne nkɔnsɔnkɔnsɔn afa ho;+ nson wɔ ntaasoɔ baako ho, na nson nso wɔ ntaasoɔ baako no ho. 18 Na atena a ɛkata adum no ntaasoɔ ho no, ɔde granate akutuo* yeyɛɛ nhankra mmienu sesãã so wɔ ho hyiaeɛ; saa na ɔyɛɛ no adum mmienu no nyinaa ntaasoɔ ho. 19 Adum a ɛwɔ abantenten no anim no, ɔyɛɛ ne ntaasoɔ sɛ sukooko, basafa nnan. 20 Ntaasoɔ no, na ɛwɔ adum mmienu no apɔ so; ɛhɔ na na atena no wowɔ. Ná granate akutuo 200 a ɛsesã so nso atwa ntaasoɔ no biara ho ahyia.+
21 Ɔde adum no sisii asɔredan* abantenten+ no anim. Ɔde baako sii nifa so* na ɔtoo ne din Yakin,* ɛnna ɔde baako sii benkum so* na ɔtoo ne din Boas.*+ 22 Adum no soro no, ɔyɛɛ no sɛ sukooko. Na ɔwiee adum no ho adwuma nyinaa.
23 Afei ɔde dadeɛ yɛɛ ɛsɛn kɛseɛ a wɔde nsuo bɛgu mu a wɔfrɛ no Ɛpo no;+ ɛfiri ano kɔsi ano yɛ basafa 10. Ɛsɛn no ano yɛ kurukuruwa, na ɛfiri soro bɛsi fam yɛ basafa 5. Ahoma a ne tenten yɛ basafa 30 na ɛtumi twa ho hyia.+ 24 Ɛfiri ano reba aseɛ no, ɔyɛɛ biribi te sɛ aduaba agudeɛ nkuruwankuruwa+ bi wɔ Ɛpo no ho nyinaa hyiaeɛ; basafa baako biara, edu na ɛwom. Ebi wɔ soro na ebi wɔ fam. Wɔyɛɛ ɛno ne ɛsɛn no nyinaa boom. 25 Wɔde sii kɔbere anantwie 12 so;+ anantwie no 3 ani kyerɛ atifi fam, 3 ani kyerɛ atɔeɛ fam, 3 ani kyerɛ anaafoɔ fam, na 3 ani kyerɛ apueeɛ fam. Ná Ɛpo no si wɔn so, na wɔn nyinaa akyi kyerɛ Ɛpo no ase. 26 Ɛsɛn no pipiripie te sɛ nsayam;* ná ano te sɛ kuruwa ano, te sɛ sukooko nhwiren a apae. Nsuo bat susuhina* 2,000 na na wɔde gu mu.
27 Afei ɔyeyɛɛ kɔbere trɔk du a wɔde bɛtwe nsuo;+ trɔk biara tenten yɛ basafa nnan, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa nnan na ɛfiri soro bɛsi fam yɛ basafa mmiɛnsa. 28 Sei na ɔyɛɛ trɔk a wɔde twe nsuo no: ɔyɛɛ nhyehyɛmu ntraantraa wɔ ne nkyɛnmu, na na nhyehyɛmu no hyehyɛ mmeamu ntam. 29 Ɔyeyɛɛ agyata+ ne anantwie ne kerubim+ wɔ nhyehyɛmu a ɛhyehyɛ mmeamu no ntam so, na saa na ɔyɛɛ wɔ mmeamu no ankasa ho. Ɔyeyɛɛ biribi te sɛ nhwiren kɔnmuadeɛ wɔ agyata ne anantwie no atifi ne wɔn ase. 30 Trɔk no biara wɔ kɔbere ntwahonan nnan ne kɔbere nhyɛmudua; ɛwɔ nsisoɔ nnan, na ɔguu nsisoɔ no wɔ ɛsɛn no ase, na ebiara, nhwiren a wɔanwene no sɛ kɔnmuadeɛ wɔ ho. 31 Ná ɛsɛn no hyɛ trɔk no nsisoɔ mu, na ɛfiri aseɛ kɔsi ne kɔn yɛ basafa baako; ná ano yɛ kurukuruwa, na ɛfiri aseɛ kɔsi ano yɛ basafa baako ne fã; ɔdii adwini nso wɔ ano. Nhyehyɛmu a ɛwɔ ano no, na ɛnyɛ kurukuruwa; mmom na ɛwɔ afa nnan a ebiara tenten yɛ pɛ. 32 Ntwahonan nnan no, na ɛwɔ nkyɛnmu nhyehyem no ase, na deɛ ɛkurakura ntwahonan no mu no, wɔayɛ abɔ trɔk no mu; ɛfiri ntwahonan biara soro bɛsi fam yɛ basafa baako ne fã. 33 Ɔyɛɛ ntwahonan no te sɛ teaseɛnam ntwahonan. Deɛ ɛkurakura mu, ne hankra, deɛ ɛhyehyɛ mu, ne deɛ ɛsosɔ mu nyinaa, wɔde dadeɛ na ɛyɛeɛ.* 34 Nsisoɔ nnan wowɔ trɔk biara afã nnan no ho; nsisoɔ no, wɔguu ɛne trɔk mũ no nyinaa boom* baako. 35 Trɔk no, ɔyɛɛ ano no kurukuruwa hyiaeɛ; ɛfiri ne kɔn kɔsi ano yɛ basafa fã, na trɔk no soro ne ne nhyehyɛmu a ɛwɔ ano ne nhyehyɛmu a ɛwɔ nkyɛnmu no, wɔguu ne nyinaa boom* baako. 36 Afei baabiara a ɔnyaa kwan wɔ nhyehyɛmu a ɛwɔ ano ne nhyehyɛmu a ɛwɔ nkyɛnmu no, ɔdii kerubim ne agyata ne mmɛdua adwini wɔ hɔ, na ɔyɛɛ biribi te sɛ nhwiren kɔnmuadeɛ wɔ ho hyiaeɛ.+ 37 Saa na ɔyeyɛɛ trɔk du no;+ ná ne nyinaa yɛ ade korɔ,+ na ne tenten ne ne kɛseɛ yɛ pɛ.
38 Ɔyɛɛ kɔbere asɛn du.+ Emu biara fa nsuo bat susuhina 40. Ɛsɛn biara, ɛfiri ano kɔsi ano yɛ basafa nnan. Trɔk du no mu biara, ɛsɛn baako si so. 39 Afei ɔde trɔk no nnum sisii ɛdan no nifa so, na ɔde nnum sisii ɛdan no benkum so; Ɛpo no nso, ɔde sii ɛdan no nifa so, ɛrekɔ apueeɛ fam.+
40 Hiram+ san yɛɛ asɛn ne sofi+ ne nkyɛnsee+ no.
Enti Hiram wiee adwuma a ɔyɛ maa Ɔhene Solomon wɔ Yehowa fie ho no:+ 41 Ɔyɛɛ adum mmienu+ ne ntaasoɔ nkuruwankuruwa a ɛsi adum mmienu no so, ne atena mmienu+ a ɛkata adum no ntaasoɔ nkuruwankuruwa mmienu no ho; 42 ɛne atena mmienu no ho granate akutuo 400+ no, atena no biara ho granate akutuo no sa so mmienu, ebi wɔ soro na ebi wɔ fam, na ɛkataa adum mmienu no ntaasoɔ nkuruwankuruwa no ho; 43 ɛne trɔk du a wɔde twe nsuo+ ne asɛn du+ a ɛsisi trɔk no so; 44 ɛne Ɛpo no+ ne anantwie 12 a Ɛpo no si wɔn so no; 45 ɛne deɛ wɔde sesa nsõ, sofi, nkyɛnsee, ne ɛho nneɛma nyinaa. Weinom nyinaa Hiram yɛ maa Ɔhene Solomon wɔ Yehowa fie no ho; ɔde kɔbere a wɔatwi ho na ɛyɛeɛ. 46 Yordan mantam mu na ɔhene guu nneɛma yi; ɔguu wɔ dɔteɛ mu wɔ Sukot ne Saretan ntam.
47 Solomon ankari saa nneɛma yi nyinaa, ɛfiri sɛ na ɛdɔɔso dodo, na wɔammu kɔbere no dodoɔ ano.+ 48 Solomon yeyɛɛ Yehowa fie hɔ nneɛma nyinaa: sika kɔkɔɔ afɔrebukyia,+ sika kɔkɔɔ pono+ a wɔbɛhyehyɛ paanoo a wɔde kyerɛ no wɔ so, 49 sika kɔkɔɔ amapa nkaneadua+ a nnum sisi nifa so na nnum nso sisi benkum so wɔ pia mu pia no anim, ne nhwiren,+ nkanea, ne nneɛma a wɔde fa gya a wɔde sika kɔkɔɔ yeyɛeɛ,+ 50 ne asɛn, adumgya,+ nkyɛnsee, nkuruwa,+ ne nkyɛnsee a wɔde gya gu mu+ a wɔde sika kɔkɔɔ amapa yɛeɛ no; ɛne pia mu pia,+ kyerɛ sɛ, Kronkron Mu Kronkronbea hɔ apono no nsisoɔ, ne asɔredan no apono+ a wɔde sika kɔkɔɔ yeyɛeɛ no nyinaa.
51 Ɔhene Solomon wiee Yehowa fie no ho adwuma a ɔyɛeɛ no nyinaa. Ɛnna Solomon de nneɛma a ne papa Dawid yɛɛ no kronkron no baa mu;+ ɔde dwetɛ, sika kɔkɔɔ, ne nneɛma a aka no bɛguu Yehowa fie adekora adan no mu.+