Ahemfo Nwoma a Ɛdi Kan
19 Ahab+ kɔkaa deɛ Elia ayɛ nyinaa ne sɛdeɛ ɔde sekan akunkum adiyifoɔ no nyinaa+ kyerɛɛ Yesebel.+ 2 Ɛnna Yesebel tuu bɔfoɔ kɔka kyerɛɛ Elia sɛ: “Sɛ ɛbɛduru ɔkyena sɛsɛɛ na memmaa wonyɛɛ sɛ wɔn* a, anyame no ntua me ka na wɔmfa bi nka ho!” 3 Ɛmaa ehu kaa no, enti ɔdwane peree ne nkwa.*+ Ɔkɔpuee Beer-Seba+ a ɛwɔ Yuda asaase so,+ na ɔgyaa ne somfoɔ no wɔ hɔ. 4 Ɔde n’ani kyerɛɛ serɛ so twaa da koro kwan, na ɔkɔtenaa sisia dua bi ase. Afei ɔsrɛɛ sɛ ɔnwu.* Asɛm a ɔkaeɛ ne sɛ: “Afei deɛ, mabrɛ! O Yehowa, gye me nkwa* firi me nsam,+ na mensene m’agyanom.”
5 Afei ɔdanee ne ho too hɔ, na ɔfaa mu dae wɔ sisia dua no ase. Ɛnna ɔbɔfoɔ bi de ne nsa bɛkaa no+ frɛɛ no sɛ: “Sɔre didi.”+ 6 Ɔtoo n’ani hwɛɛ n’atifi no, ɔhuu sɛ paanoo kurukuruwa bi da aboɔ hyehyeehye so na nsuo toa nso si ho. Ɔdidi nomee, na ɔsan danee ne ho too hɔ. 7 Akyire yi, Yehowa bɔfoɔ no san baa ne mprenu so, na ɔde ne nsa kaa no kaa sɛ: “Sɔre didi, na wowɔ kwan twa.” 8 Enti ɔsɔre didi nomee, na ɔde ahoɔden a ɔnya firii aduane no mu no twaa kwan nnafua 40, awia ne anadwo; ɔkɔe ara kɔduruu nokorɛ Nyankopɔn no bepɔ Horeb so.+
9 Ɛhɔ na ɔkɔɔ ɔbodan bi mu+ kɔdaa hɔ anadwo no; na hwɛ! Yehowa bisaa no wɔ hɔ sɛ: “Elia, ɛdeɛn na woreyɛ wɔ ha?” 10 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Mako ama asafo Nyankopɔn Yehowa,+ ɛfiri sɛ Israelfoɔ agya w’apam,+ na w’afɔrebukyia nso, wɔadwiri agu. Wɔde sekan akunkum w’adiyifoɔ,+ na me nko ara na maka. Me nso, wɔrepɛ agye me nkwa* afiri me nsam.”+ 11 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Pue kɔgyina Yehowa anim wɔ bepɔ no so.” Na hwɛ, ná Yehowa retwam,+ na mframa kɛseɛ a ano yɛ den di Yehowa anim repaapae mmepɔ bubu abotan,+ nanso na Yehowa nni mframa no mu. Mframa no akyi no, asaase wosoe,+ nanso na Yehowa nni asaasewosoɔ no mu. 12 Asaasewosoɔ no akyi no, egya baeɛ,+ nanso na Yehowa nni gya no mu. Egya no akyi no, ɛnne bi kasaa brɛoo.+ 13 Berɛ a Elia teeɛ no, ɛhɔ ara na ɔde n’ataadeɛ* kataa n’anim,+ na ɔpue kɔgyinaa ɔbodan no ano. Afei ɛnne bi bisaa no sɛ: “Elia, ɛdeɛn na woreyɛ wɔ ha?” 14 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Mako ama asafo Nyankopɔn Yehowa, ɛfiri sɛ Israelfoɔ agya w’apam,+ na w’afɔrebukyia nso, wɔadwiri agu. Wɔde sekan akunkum w’adiyifoɔ, na me nko ara na maka. Me nso, wɔrepɛ agye me nkwa* afiri me nsam.”+
15 Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “San w’akyi, na sim kɔ Damasko serɛ so. Woduru hɔ a, sra Hasael+ na si no hene wɔ Siria so. 16 Afei nso, sra Nimsi banana Yehu+ na si no hene wɔ Israel so, na Safat ba Elisa* a ɔfiri Abel-Mehola nso, sra no yɛ no odiyifoɔ a ɔbɛsi w’ananmu.+ 17 Obiara a ɔbɛdwane Hasael sekan no,+ Yehu bɛku no,+ na obiara a ɔbɛdwane Yehu sekan nso, Elisa bɛku no.+ 18 Afei nso, meda so ara wɔ nnipa 7,000 wɔ Israel+ a wɔmmuu nkotodwe nsom Baal,+ na wɔmfee n’ano.”+
19 Enti ɔfirii hɔ kɔe, na ɔkɔhuu Safat ba Elisa sɛ ɔrefuntum asaase. Ná anantwie mpamho* 12 di n’anim, na ɔne deɛ ɛtɔ so 12 no na ɛnam. Ɛnna Elia kɔɔ ne nkyɛn kɔtoo n’ataadeɛ*+ guu ne so. 20 Ɛhɔ ara na ɔgyaa anantwie no hɔ tuu mmirika dii Elia akyi kaa sɛ: “Mesrɛ wo, ma menkɔfe me papa ne me maame ano mfa nkra wɔn ansa na mabɛdi w’akyi.” Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ bra; mensi wo kwan.” 21 Enti ɔkɔeɛ, na ɔfaa anantwie no mmienu kum wɔn,* na ɔde nnua a na ɛsosɔ anantwie no mu yɛɛ anyina noaa wɔn nam, na ɔde maa nkurɔfoɔ no maa wɔdiiɛ. Ɛno akyi no, ɔsɔre kɔdii Elia akyi, na ɔsom no.+