Hiob
32 Ɛno nti, mmarima mmiɛnsa yi anha wɔn ho sɛ wɔne Hiob bɛka biribiara bio, ɛfiri sɛ na Hiob gye ne ho di sɛ ɔyɛ ɔteneneeni.*+ 2 Ɛnna Busni+ Barakel a ɔfiri Ram abusua mu no ba Elihu bo fuu paa. Ne bo fuu Hiob sɛ wabu ne ho* ɔteneneeni asene Onyankopɔn.+ 3 Hiob nnamfo mmiɛnsa no nso, Elihu bo fuu wɔn paa, ɛfiri sɛ wɔannya asɛm papa biara anka, na mmom wɔkaa sɛ Onyankopɔn yɛ ɔbɔnefoɔ.+ 4 Ná wɔn nyinaa anyini kyɛn Elihu, enti na ɔretwɛn ama wɔn ano asi ansa na ɔne Hiob akasa.+ 5 Berɛ a Elihu huu sɛ mmarima mmiɛnsa no nni asɛm biara ka bio no, ne bo fuiɛ. 6 Enti Busni Barakel ba Elihu firii aseɛ kasae, na ɔkaa sɛ:
Obuo a mewɔ ma mo nti, mankasa,+
Na na mesuro sɛ mɛka deɛ menim akyerɛ mo.
10 Ɛno nti deɛ mereka ne sɛ, ‘Tie me.
Na me nso mɛka deɛ menim akyerɛ wo.’
12 Meyɛɛ komm tiee mo,
Nanso mo mu biara antumi ammɔ Hiob asɛm no angu,*
Na obiara antumi amma no mmuaeɛ wɔ n’asɛm no ho.
13 Enti monhwɛ na moanka sɛ, ‘Yɛahunu nyansa;
Ɛyɛ Onyankopɔn na watene n’adwene, na ɛnyɛ onipa.’
14 Hiob nkasa ntiaa me,
Enti nsɛm a mokeka kyerɛɛ no no, merenka bi nkyerɛ no.
16 Matwɛn ara, nanso monkasa bio;
Mogyinagyina hɔ saa, na monka hwee bio.
17 Enti me nso mɛka bi;
Me nso mɛka deɛ menim.
18 Ɛfiri sɛ nsɛm ahyɛ me ma;
Honhom a ɛwɔ me mu no rehyɛ me.
19 Mete nka wɔ me mu te sɛ bobesa a wɔakata ano dendeenden;
Mayɛ sɛ nsã kotokuo foforɔ a ɛreyɛ apae.+
20 Momma menkasa na me ho ntɔ me!
Mɛbue m’ano na makasa.