26 Onipa a nokorɛ Nyankopɔn no gye no tom no, ɔma no nyansa ne nimdeɛ ne anigyeɛ.+ Na ɔbɔnefoɔ deɛ, adwuma a ɔde ama no ara ne sɛ ɔmmoaboa nneɛma ano mfa mma onipa a nokorɛ Nyankopɔn no gye no tom no.+ Wei nso yɛ ahuhudeɛ, na ɛyɛ ɔbrɛguo.*
17 Na nokorɛ Nyankopɔn no maa mmabunu* nnan yi nyaa ntwerɛeɛ* ne nyansa nyinaa mu nimdeɛ ne nhunumu; na ɔmaa Daniel nyaa anisoadehunu ne adaeɛ nyinaa mu nteaseɛ.+
25 Saa berɛ no, Yesu kaa sɛ: “Agya, ɔsoro ne asaase Wura, meyi wo ayɛ wɔ badwam, ɛfiri sɛ wode weinom asie anyansafoɔ ne animdefoɔ, na woayi no adi akyerɛ mmɔfra nkumaa.+