Asaf dwom.+
50 Yehowa, Onyankopɔn a onyame biara ne no nsɛ no+ akasa;
Ɔfrɛ asaase
Firi apueeɛ kɔsi atɔeɛ.
2 Sion yɛ kuro a n’ahoɔfɛ di mu;+ ɛhɔ na Onyankopɔn ma hann hyerɛn fire.
3 Yɛn Nyankopɔn bɛba, na ɔrentumi nyɛ komm.+
Egya a ɛhye adeɛ di n’anim,+
Na ahum kɛseɛ atwa ne ho ahyia.+
4 Ɔfrɛ ɔsoro ne asaase,+
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛbu ne nkurɔfoɔ atɛn:+
5 “Mommoaboa m’anokwafoɔ ano mma me,
Wɔn a wɔnam afɔrebɔ so ne me ayɛ apam no.”+
6 Ɔsoro ka ne tenenee kyerɛ,
Ɛfiri sɛ Onyankopɔn ankasa ne Ɔtemmufoɔ.+ (Sela)
7 “O me man, montie, na merebɛkasa;
Israel, merebɛdi adanseɛ atia wo.+
Mene Onyankopɔn, wo Nyankopɔn.+
8 Ɛnyɛ mo afɔrebɔ nti na mereka mo anim,
Na ɛnyɛ mo hyeɛ afɔreɛ a ɛwɔ m’anim daa ntira.+
9 Ɛnhia sɛ mefa nantwinini firi mo fie,
Na ɛnhia nso sɛ mefa mpɔnkyenini firi mo mpɔnkyebuo mu.+
10 Ɛfiri sɛ kwaeɛ mu mmoadoma nyinaa yɛ me dea,+
Mmepɔ apem so mmoa nyinaa mpo yɛ me dea.
11 Menim mmepɔ so nnomaa nyinaa;+
Na wuram mmoadoma a wɔn dodoɔ nni ano nyinaa yɛ me dea.
12 Sɛ ɛkɔm de me a, ɛnyɛ wo na mɛka akyerɛ wo,
Ɛfiri sɛ asaase ne emu nneɛma nyinaa yɛ me dea.+
13 Anantwinini nam na mewe anaa?
Na mpɔnkye mogya na menom anaa?+
14 Fa aseda yɛ afɔrebɔdeɛ ma Onyankopɔn,+
Na tua wo bɔhyɛ adeɛ ma Ɔsorosoroni no;+
15 Frɛ me ahohia da mu,+
Na mɛgye wo ama woahyɛ me animuonyam.”+
16 Ɔdebɔneyɛfoɔ deɛ, Onyankopɔn bɛka akyerɛ no sɛ:
“Hwan na ɔmaa wo kwan sɛ ka m’ahyɛdeɛ ho asɛm+
Anaa ka m’apam ho asɛm?+
17 Ɛfiri sɛ wokyiri ntenesoɔ,
Na womfa me nsɛm nyɛ hwee.+
18 Sɛ wohu korɔmfoɔ a, w’ani gye ne ho,+
Na wo ne awaresɛefoɔ na ɛbɔ.
19 Wode w’ano keka nsɛmmɔne,
Na nnaadaasɛm wɔ wo kɛtrɛma so.+
20 Wotena ase kasa tia wo ara wo nua;+
Wo maame ba mpo, wodi ne ho nsekuro.
21 Berɛ a woyɛɛ weinom nyinaa no, meyɛɛ dinn,
Enti ɛyɛɛ wo sɛ mɛyɛ sɛ wo ara.
Afei, merebɛkasa akyerɛ wo,
Na mɛka deɛ woayɛ asi w’anim.+
22 Mo a mo werɛ afi Onyankopɔn, mesrɛ mo, monsusu wei ho,+
Na mantete mo mu pasaa a morennya ɔgyefoɔ biara.
23 Deɛ ɔde aseda yɛ afɔrebɔdeɛ no hyɛ me animuonyam,+
Na deɛ ɔde si n’ani so sɛ ɔbɛfa kwampa so no,
Mɛma no ahu Onyankopɔn nkwagyeɛ.”+