Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ. Dawid dwom. Berɛ a Dawid ne Bat-Seba daeɛ na odiyifoɔ Natan baa ne nkyɛn no akyi na Dawid twerɛɛ dwom yi.+
51 O Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, sɛdeɛ wo dɔ a ɛnni hwammɔ no teɛ.+
Wo mmɔborɔhunu bebrebe nti, pepa me mmarato.+
2 Hohoro me mfomsoɔ firi me ho koraa,+
Na hohoro me ho firi me bɔne ho.+
3 Me mmarato no, menim paa,
Na me bɔne wɔ m’anim daa nyinaa.+
4 Wo paa na mayɛ wo bɔne;+
Mayɛ deɛ ɛnyɛ wɔ w’ani so.+
Enti sɛ wokasa a, wodi bem,
Na wotene wɔ w’atemmuo mu.+
5 Hwɛ! Wɔwoo me no, na bɔne wɔ me ho,
Na bɔne mu na me maame nyinsɛnee me.+
6 Hwɛ! Akoma mu nokorɛdie na w’ani gye ho;+
Kyerɛkyerɛ me na menhu nyansa ankasa wɔ m’akoma mu.
7 Fa sommɛ dwira me ho firi me bɔne ho na ama me ho ate;+
Hohoro me ho na me ho nyɛ fitaa nsene sukyerɛmma.+
8 Ma mente ahosɛpɛ ne ahurisie nne,
Na ama m’ani agye ɛmfa ho sɛ woabubu me nnompe no.+
9 Yi w’ani firi me bɔne so,+
Na pepa me mfomsoɔ nyinaa.+
10 O Onyankopɔn, bɔ akoma a emu teɛ ma me,+
Na fa honhom foforɔ hyɛ me mu,+ honhom a aseɛ atim.
11 Nto me mfiri w’anim ntwene,
Na nyi wo honhom kronkron mfiri me so.
12 Ma menni wo nkwagyeɛ ho ahurisie bio,+
Na ma mennya ɔpɛ sɛ mɛtie wo.
13 Mɛkyerɛkyerɛ mmaratofoɔ w’akwan,+
Na ama abɔnefoɔ asan aba wo nkyɛn.
14 O Onyankopɔn, me nkwagyeɛ Nyankopɔn,+ gye me firi mogya ho afɔdie mu,+
Na ama me kɛtrɛma de anigyeɛ aka wo tenenee ho asɛm.+
15 O Yehowa, bue m’ano,
Na m’ano atumi aka w’ayeyie ho asɛm.+
16 W’ani nnye afɔrebɔ ho, anka mede bɛma wo;+
Ɔhyeɛ afɔreɛ nsɔ w’ani.+
17 Afɔreɛ a ɛsɔ Onyankopɔn ani ne honhom a abubu;
O Onyankopɔn, worempo akoma a abubu na apɛkyɛ.+
18 W’adom nti, wo ne Sion nni no yie;
San to Yerusalem afasuo no.
19 Ɛno na w’ani bɛgye tenenee afɔreɛ ho,
Ɔhyeɛ afɔreɛ ne afɔrebɔ nyinaa ho;
Afei, wɔde anantwinini bɛbɔ afɔreɛ wɔ w’afɔrebukyia so.+