Yesaia
30 Yehowa asɛm nie: “Monnue, mma atuatefoɔ,+
Wɔn a nhyehyɛeɛ* a wɔdi akyire no mfiri me,+
Wɔn a wɔyɛ apam,* nanso me honhom mpene so,
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔde bɔne bɛka bɔne ho.
2 Wɔsiane kɔ Egypt+ berɛ a wɔmmisaa me,*+
Sɛ wɔrekɔpɛ ahobammɔ wɔ Farao nkyɛn*
Na wɔakɔhinta Egypt nwunu ase!
3 Nanso Farao ahobammɔ bɛma mo ani awu,
Na Egypt nwunu ase a mobɛkɔ akɔhinta no bɛdane mo animguaseɛ.+
5 Obiara ani bɛwu,
Ɛfiri sɛ ɔman no ho remma wɔn mfasoɔ.
Wɔrentumi mmoa wɔn na wɔrennya wɔn so mfasoɔ biara;
Aniwuo ne animguaseɛ nko ara na wɔde bɛgya wɔn.”+
6 Atemmusɛm a ɛtia anaafoɔ fam mmoa nie:
Wɔfa ahoyera ne ahokyerɛ asaase so,
Baabi a gyata wɔ, gyata a ɔrebobom,
Baabi a ahuritia* ne ɔwɔ a ɔto ne ho a n’ano yɛ gya* wɔ no.
Wɔde wɔn ahodeɛ gu afunumu akyi,
Na wɔde wɔn nneɛma gu yoma akyi apɔapɔ so.
Nanso saa nneɛma yi remma nnipa no nnya mfasoɔ biara.
7 Ɛfiri sɛ deɛ Egyptfoɔ yɛ de boa no, mfasoɔ biara nni so.+
Enti mafrɛ no: “Rahab,+ deɛ ɔte hɔ dinn.”
8 “Afei kɔ na kɔtwerɛ gu pono so wɔ wɔn anim,
Na twerɛ wɔ nwoma mu sɛdeɛ ɛrempepa,+
Na atena hɔ akɔsi daakye,
Na ayɛ adanseɛ afebɔɔ.+
10 Wɔka kyerɛ adehunufoɔ sɛ, ‘Monnhunu adeɛ,’
Na wɔka kyerɛ adiyifoɔ sɛ, ‘Monnka anisoadehunu a ɛyɛ nokorɛ nnkyerɛ yɛn.+
Monka adɔkɔdɔkɔsɛm nkyerɛ yɛn; monnya anisoadehunu a ɛyɛ nnaadaa.+
11 Momfiri kwan no so; mommane mfiri kwan no so.
Monyi Israel Kronkronni no mfiri yɛn ani so.’”+
12 Enti deɛ Israel Kronkronni no aka nie:
“Ɛsiane sɛ moapo asɛm yi,+
Na mode mo ho ato asisisɛm ne nkontomposɛm so
Na mode mo ani ato weinom so+ nti,
13 Mo bɔne nti, mote sɛ fasuo a apae,
Te sɛ fasuo tenten a akyea.
Ɛbɛbu agu mpofirim, prɛko pɛ.
14 Wɔbɛbubu no te sɛ ɔnwemfoɔ ahina kɛseɛ;
Ɛbɛbubu pasaa ama deɛ abubuo no mu sini bi mpo renka
Na wɔde ayi gya afiri bukyia mu,
Anaa wɔde asa nsuo afiri nsuo a ɛtaa hɔ* mu.”
15 Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa, Israel Kronkronni no aka nie:
“Sɛ mosan ba me nkyɛn na moyɛ komm a, mobɛnya nkwa.
Na sɛ mode mo ho to me so na mo akoma antu a, mobɛnya ahoɔden.”+
Nanso moampene.+
16 Mmom mokaa sɛ: “Daabi, yɛbɛtena apɔnkɔ so adwane!”
Ɛno nti mobɛdwane nso.
“Apɔnkɔ a wɔn ho yɛ hare so na yɛbɛtena!”+
Enti wɔn a wɔti mo no ho bɛyɛ hare.+
17 Onipa baako bɛhunahuna nnipa apem ama wɔn ho apopo;+
Na nnum bɛhunahuna mo ama moadwane
Kɔsi sɛ mo a mobɛka no bɛyɛ sɛ frankaa bi a ɛsi bepɔ so,
Te sɛ ahyɛnsodeɛ bi a ɛsi kokoɔ so.+
Ɛfiri sɛ Yehowa yɛ atɛntenenee Nyankopɔn.+
Anigyeɛ ne wɔn a wɔtwɛn no nyinaa.*+
19 Sɛ ɔman no bɛtena Sion, kyerɛ sɛ, Yerusalem+ a, worensu bio.+ Wonya ma wo nne so su frɛ no a, sɛdeɛ ɛteɛ biara ɔbɛdom wo; ɔte ara pɛ, ɔbɛgye wo so.+ 20 Ɛwom, Yehowa de ahoyera bɛyɛ aduane ama wo na ɔde nhyɛsoɔ ayɛ nsuo ama wo.+ Nanso wo Kyerɛkyerɛfoɔ Kunini no renhinta bio, na wode w’ani bɛhu wo Kyerɛkyerɛfoɔ Kunini+ no. 21 Sɛ womane fa nifa oo, womane fa benkum oo,+ w’aso bɛte asɛm bi wɔ w’akyi sɛ: “Ɛkwan no nie.+ Fa so.”
22 Na dwetɛ a wode akata w’ahoni ho ne sika kɔkɔɔ a wode adura wo dadeɛ ahoni* ho no, wobɛgu ho fĩ.+ Wobɛto agu te sɛ ntoma a ɔbaa yɛ bra a ɔde siesie ne ho,* na wobɛka akyerɛ no sɛ, “Firi ha kɔ!”*+ 23 Na ɔbɛma nsuo atɔ agu w’aba a woadua wɔ asaase mu no so,+ na aduane a w’asaase bɛbɔ no bɛdɔɔso na ɛbɛmee wo.*+ Saa da no, wo mmoa bɛnya asaase tɛtrɛɛ adidi so.+ 24 Na anantwie ne mfunumu a wɔdɔ asaase no bɛdi nnuane pa a wɔakeka afra a wɔde sofi ne nkorabata ahu so. 25 Na nsubɔnten ne nsuka bɛba bepɔ tenten ne kokoɔ a ɛkorɔn biara so,+ ɛda a wɔbɛkunkum nnipa asam hɔ a abantenten bɛdwiri agu no. 26 Na bosome hann bɛyɛ sɛ awia hann; na awia hann bɛyɛ mmɔho nson+ te sɛ nnanson hann, ɛda a Yehowa bɛkyekyere ne man a abubuo,+ na wasa kuro kɛseɛ a ɔnyaeɛ berɛ a ɔbɔɔ no no.+
27 Hwɛ! Yehowa din firi akyirikyiri reba;
Ɛde n’abufuhyeɛ ne mununkum a emu yɛ duru reba.
Abufuo ayɛ n’anom ma,
Na ne kɛtrɛma te sɛ egya a ɛhye adeɛ.+
28 Ne honhom* te sɛ asubɔnten a ɛyiri duru kɔn mu pɛɛ,
Na ɔbɛwoso amanaman no wɔ ɔsɛeɛ sɔneeɛ* mu,
Na ɔde nnareka bɛhyɛ nkurɔfoɔ no afonom+ ama wɔafom kwan.
29 Na mo dwom bɛyɛ sɛ dwom a wɔto no anadwo
Berɛ a moresiesie* mo ho adi afahyɛ no.+
Na mo ani bɛgye mo akoma mu
Te sɛ obi a ɔde atɛntɛbɛn
Rekɔ Yehowa bepɔ so, Israel Botan no+ nkyɛn.
30 Yehowa bɛma nnipa ate n’animuonyam nne+ no,
Na wama wɔahunu n’abasa+ a ɛresiane wɔ n’abufuhyeɛ mu,+
Wɔ egya a ɛhye adeɛ+
32 Na berɛ biara a
Yehowa de asotwe abaa bɛtwa Asiria no,
Wɔbɛbɔ mpintin ne nsankuo,+
Berɛ a ɔrehim ne nsa atia wɔn ɛko mu no.+
Wama baabi a ɔde anyina guo no mu ayɛ tenten, na atrɛ,
Egya ne anyina bebree wɔ hɔ.
Yehowa home a ɛte sɛ sɔfe* asubɔnten no
De gya bɛto mu.