Yesaia
63 Hwan na ɔfiri Edom+ reba yi,
Deɛ ɔhyɛ ataadeɛ a ɛhyerɛn* firi Bosra+ reba,
Deɛ n’ataadeɛ yɛ fɛ,
Na ɔde tumi mmorosoɔ reyi akyẽa yi?
“Ɛyɛ me, Deɛ ɔkasa tenenee mu,
Deɛ ɔwɔ tumi kɛseɛ a ɔde gye nkwa no.”
2 Adɛn nti na w’ataadeɛ ayɛ kɔɔ,
Na adɛn nti na w’ataadeɛ te sɛ obi a ɔtiatia amena a wɔkyĩ nsã wom mu yi?+
3 “Me nko ara na metiatiaa amena a wɔkyĩ nsã wom no mu.
Ná ɔmanfoɔ no mu biara nka me ho.
Wɔn mogya bɔ petee me ntaadeɛ mu
Maa me ntaadeɛ nyinaa mu sɛee.
4 Ɛda a mede bɛtua bɔne so ka no,+ masi ho gyinaeɛ wɔ m’akomam,
Na afe a mede bɛgye me nkurɔfoɔ no aduru.
5 Mehwɛe, nanso na ɔboafoɔ biara nni hɔ;
Ɛyɛɛ me nwanwa sɛ obiara ammɛboa.
7 Mɛka Yehowa dɔ a ɛnni hwammɔ akyerɛ,
Nneɛma a Yehowa ayɛ a ɛfata ayeyie no.
Mɛka akyerɛ, ɛsiane deɛ Yehowa ayɛ ama yɛn no nyinaa nti,+
Nneɛma pa bebree a wayɛ ama Israel fie,
Sɛdeɛ ne mmɔborɔhunu ne ne dɔ bebrebe a ɛnni hwammɔ teɛ no.
8 Na ɔkaa sɛ: “Wɔyɛ me man ampa, mma a wɔrenni hwammɔ.”*+
Enti ɔbɛyɛɛ wɔn Agyenkwa.+
9 Berɛ a wɔn ho hiahiaa wɔn no, ne ho hiahiaa no.+
Na ɔno ara ne bɔfoɔ* gyee wɔn.+
10 Nanso wɔtee atua+ na wɔmaa ne honhom kronkron no werɛ hoe.+
11 Na wɔkaee tete mmerɛ no,
N’akoa Mose berɛ so:
“Deɛ ɔyii wɔn ne ne nnwan so ahwɛfoɔ+ firii po mu no wɔ he?+
Na deɛ ɔde Ne honhom kronkron hyɛɛ ne mu no wɔ he?+
12 Deɛ ɔmaa Ne basa a ɛwɔ animuonyam no dii Mose nsa nifa so kɔeɛ,+
Na ɔpaee nsuo no mu wɔ wɔn anim+
De gyee din+ a ɛwɔ hɔ daa no wɔ he?
13 Deɛ ɔmaa wɔnantee nsuo a ɛrebu fa so* mu
Sɛdeɛ pɔnkɔ nante serɛ so,
Na wɔansunti no, ɔwɔ he?
Saa na wodii wo man anim
De gyee din a animuonyam wom maa wo ho.+
Woatwe afiri me ho.
Wo din ne yɛn Gyefoɔ+ firi tete.
17 O Yehowa, adɛn nti na woma yɛmane firi w’akwan so?
Adɛn nti na woma yɛn akoma pirim na yɛnsuro wo yi?+
Wo nkoa nti san bra,
Mmusua a wɔyɛ w’agyapadeɛ nti.+
18 Ɛbɛdii wo man kronkron no nsam berɛ tiaa bi.
Yɛn atamfo atiatia wo tenabea kronkron so.+
19 Berɛ tenten nie, yɛayɛ sɛ nnipa a wonnii yɛn so da,
Te sɛ wɔn a wɔmfaa wo din mfrɛɛ wɔn da.