Deuteronomium 28:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Yehowa de ɔyaredɔm bɛfam wo ho akosi sɛ obetwa wo afi asase a worekɔ so no so.+ 2 Samuel 24:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Enti Yehowa de ɔyaredɔm+ baa Israel so fi anɔpa no kosii bere a ɔhyɛe no, maa nnipa mpem aduɔson wuwui+ fi Dan kosi Beer-Seba.+ Yeremia 24:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Na mede nkrante+ ne ɔkɔm+ ne owuyare+ bɛba wɔn so akosi sɛ wɔbɛsa afi asase a mede maa wɔn ne wɔn agyanom no so.”’”+ Amos 4:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 “‘Na memaa owuyare a ɛte sɛ Egypt de no bi baa mo so.+ Mede nkrante kunkum mo mmerante+ na mefaa mo apɔnkɔ nnommum.+ Na memaa mo asoɛe bɔn kankaankan kɔɔ mo hwenem;+ nanso eyi nyinaa mu moansan amma me nkyɛn,’+ Yehowa asɛm ni.
15 Enti Yehowa de ɔyaredɔm+ baa Israel so fi anɔpa no kosii bere a ɔhyɛe no, maa nnipa mpem aduɔson wuwui+ fi Dan kosi Beer-Seba.+
10 Na mede nkrante+ ne ɔkɔm+ ne owuyare+ bɛba wɔn so akosi sɛ wɔbɛsa afi asase a mede maa wɔn ne wɔn agyanom no so.”’”+
10 “‘Na memaa owuyare a ɛte sɛ Egypt de no bi baa mo so.+ Mede nkrante kunkum mo mmerante+ na mefaa mo apɔnkɔ nnommum.+ Na memaa mo asoɛe bɔn kankaankan kɔɔ mo hwenem;+ nanso eyi nyinaa mu moansan amma me nkyɛn,’+ Yehowa asɛm ni.