Leviticus 19:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Munnni anyamehunu akyi,+ na monnyɛ dade anyame biara.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn. Yesaia 40:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Odwumfo gu ohoni,+ ɔtomfo de sika dura ho,+ na ɔde dwetɛ ntweaban gugu ho.+ Habakuk 2:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Sɛ odwumfo sen ohoni a, mfaso bɛn na ɛwɔ so? Mfaso bɛn na ɛwɔ dade honi ne atoro kyerɛkyerɛfo+ so?+ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ odwumfo de ne ho to nea wayɛ so+ na ɔyɛ anyamehunu a entumi nkasa?+
18 Sɛ odwumfo sen ohoni a, mfaso bɛn na ɛwɔ so? Mfaso bɛn na ɛwɔ dade honi ne atoro kyerɛkyerɛfo+ so?+ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ odwumfo de ne ho to nea wayɛ so+ na ɔyɛ anyamehunu a entumi nkasa?+