1 Samuel 18:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Na Saul tow peaw+ no, na ɔkae sɛ: “Mɛwɔ Dawid afam dan ho!”+ nanso Dawid dan ne ho fii n’anim mprenu.+ 1 Samuel 19:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Na Saul tiee Yonatan nne, na Saul kaa ntam sɛ: “Sɛ́ Yehowa te ase yi,+ wɔrenkum no.” Dwom 5:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Wobɛsɛe wɔn a wɔka atosɛm.+Yehowa kyi mogyahwiegufo+ ne ɔdaadaafo.+ Ɔsɛnkafo 4:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Abofra hiani nyansafo ye+ sen ɔhene akwakoraa gyimfo+ a ontie kɔkɔbɔ bio.+
11 Na Saul tow peaw+ no, na ɔkae sɛ: “Mɛwɔ Dawid afam dan ho!”+ nanso Dawid dan ne ho fii n’anim mprenu.+