Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Deuteronomium 2:30
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 30 Nanso Hesbon hene Sihon amma yɛamfa n’asase so, efisɛ Yehowa mo Nyankopɔn maa osen ne kɔn na opirim ne koma,+ na ama ɔde no ahyɛ mo nsa sɛnea ɛte nnɛ yi.+

  • 2 Beresosɛm 10:15
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 15 Enti ɔhene antie nkurɔfo no; nokware Nyankopɔn na ɔma ɛbaa saa+ na ama asɛm+ a Yehowa nam Siloni+ Ahiya+ so ka kyerɛɛ Nebat ba Yeroboam no aba mu.+

  • 2 Beresosɛm 22:7
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 7 Nanso Onyankopɔn+ na ɔmaa Ahasia asehwe+ bae bere a ɔkɔɔ Yehoram nkyɛn no. Oduu hɔ no, ɔne Yehoram kɔɔ+ Nimsi+ banana Yehu+ a Yehowa asra+ no sɛ ɔntɔre Ahab fie ase+ no nkyɛn.

  • Dwom 5:10
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 10 Onyankopɔn bebu wɔn fɔ;+

      Wɔn ankasa pɔw bɔne mu na wɔbɛhwe.+

      Wɔn mmarato bebrebe mu na ma wɔnhwete,+

      Efisɛ wɔatew wo so atua.+

  • Mmebusɛm 21:1
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 21 Ɔhene koma te sɛ asubɔnten wɔ Yehowa nsam.+ Baabi a ɔpɛ biara na ɔdan kɔ.+

  • Amos 3:6
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 6 Wɔbɛhyɛn abɛn wɔ kurow mu a nnipa ho rempopo anaa?+ Na mmusu ba kurow mu a ɛnyɛ Yehowa na wama aba?

  • Romafo 9:18
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 18 Enti nea ɔpɛ na ohu no mmɔbɔ,+ na nea ɔpɛ nso na ɔma ɔsen ne kɔn.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena