Genesis 26:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Akyiri yi Isak yɛɛ afuw wɔ asase no so,+ na saa afe no onyaa nnɔbae mmɔho ɔha,+ efisɛ na Yehowa ahyira no.+ Deuteronomium 28:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Woyɛ aso ma Yehowa wo Nyankopɔn asɛm a, nhyira yi nyinaa bɛba wo so na abunkam wo so:+ Dwom 5:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 O Yehowa, wo na wubehyira obiara a ɔyɛ adetrenee;+Wode anisɔ begye ne ho ban ahyia+ sɛ ɔkyɛm+ kɛse. Dwom 84:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Yehowa Nyankopɔn yɛ owia+ ne ɔkyɛm;+Adom ne anuonyam na ɔde ma.+Yehowa de, ɔremfa adepa biara nkame wɔn a wɔnantew teeyɛ mu no.+ Dwom 128:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Efisɛ wubedi wo nsa ano adwuma.+W’ani begye, na ebesi wo yiye.+ Mmebusɛm 10:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Yehowa nhyira—ɛno na ɛma onipa yɛ ɔdefo,+ na ɔmfa ɛyaw biara nka ho.+
12 Akyiri yi Isak yɛɛ afuw wɔ asase no so,+ na saa afe no onyaa nnɔbae mmɔho ɔha,+ efisɛ na Yehowa ahyira no.+
12 O Yehowa, wo na wubehyira obiara a ɔyɛ adetrenee;+Wode anisɔ begye ne ho ban ahyia+ sɛ ɔkyɛm+ kɛse.
11 Yehowa Nyankopɔn yɛ owia+ ne ɔkyɛm;+Adom ne anuonyam na ɔde ma.+Yehowa de, ɔremfa adepa biara nkame wɔn a wɔnantew teeyɛ mu no.+