2 Wɔayi anisoade bi a ɛyɛ hu+ akyerɛ me: Okontomponi di nkontomposɛm, na ɔsɛefo sɛe ade.+ Afei Elam, foro kɔ! Media,+ kotwa ho hyia! Mama apinisi a ɔde aba nyinaa to atwa.+
9 Na merehwanyan aman akɛse asafo afi atifi fam aba Babilon so,+ na wɔbɛhyehyɛ wɔn ho aba ne so.+ Wobefi hɔ adi no so nkonim.+ Wɔn agyan te sɛ dɔmmarima de; wɔn na wɔma nkurɔfo hwere wɔn mma na wɔnkɔ mfa nsapan mma.+