1Persia hene Kores+ afe a edi kan mu no, sɛnea ɛbɛyɛ a Yehowa asɛm a ɔnam Yeremia+ so kae no bɛba mu nti, Yehowa kanyan+ Persia hene Kores honhom, na ɔma wɔbɔɔ dawuru+ n’ahenni nyinaa mu, na wɔkyerɛwee+ nso sɛ:
2 Wɔayi anisoade bi a ɛyɛ hu+ akyerɛ me: Okontomponi di nkontomposɛm, na ɔsɛefo sɛe ade.+ Afei Elam, foro kɔ! Media,+ kotwa ho hyia! Mama apinisi a ɔde aba nyinaa to atwa.+
45Asɛm a Yehowa aka akyerɛ Kores, nea wasra no,+ nea maso ne nsa nifa mu+ sɛ mɛbrɛ aman ase+ na masan ahene abɔso n’anim, na mabue apon a ɛbɔ ho abien ama no, na wɔanto kurow apon mu no ni:
9 Na merehwanyan aman akɛse asafo afi atifi fam aba Babilon so,+ na wɔbɛhyehyɛ wɔn ho aba ne so.+ Wobefi hɔ adi no so nkonim.+ Wɔn agyan te sɛ dɔmmarima de; wɔn na wɔma nkurɔfo hwere wɔn mma na wɔnkɔ mfa nsapan mma.+