-
2 Beresosɛm 4:18-22Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
18 Solomon yɛɛ saa nneɛma yi pii, na wɔammu kɔbere no dodow ano.+
19 Solomon yeyɛɛ nokware Nyankopɔn no fi hɔ nneɛma nyinaa:+ sika kɔkɔɔ afɔremuka,+ apon+ a wɔbɛhyehyɛ paanoo a wɔde kyerɛ no+ wɔ so, 20 nkaneadua no ne ɛho sika kɔkɔɔ amapa+ nkanea a wɔbɛsɔ wɔ pia mu pia no anim sɛnea mmara no kyerɛ no; 21 ɛne nhwiren, nkanea, ne nneɛma a wɔde fa ogya a wɔde sika kɔkɔɔ yeyɛe, kyerɛ sɛ, sika kɔkɔɔ amapa; 22 ɛne adumgya, nkankyee, nkuruwa, ne nkankyee a wɔde ogya gu mu a wɔde sika kɔkɔɔ amapa yɛe; ɛne ofi no ano kwan, Kronkron Mu Kronkronbea apon+ ne asɔredan no apon a wɔde sika kɔkɔɔ yeyɛe no nyinaa.+
-